Hayford Francis Amoako

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Hayford Francis Amoako
Member of Parliament for Nkoranza Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere7th July 1957
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician

Hayford Francis Amoako yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Nkoranza abatoɔ mpɛsoaso wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region of Ghana) Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Sukuu[sesa]

AmoakoGhana Mmarahyɛbadwani a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu. Na ɔgyina hɔ ma Nkoranza abatoɔ mpɛsoa no so sɛ Mmarahyɛbadwani. Wɔn woo no wɔ ɛyɛ Bosome Kitawonsa no ne da a ɛtoso nson wɔ afe apem ahankron ne aduo-num nson no mu. Ɔnyaa sukuu abɔdin krataa B.SC/LLB (Hons).[1] Ɔfiri Nkoranza kuro no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Amoako yɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no ba. Wɔn too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Nkoranza abatoɔ mpɛsoaso (Nkoranza constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo region) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu. (3rd parliament of the 4th republic of Ghana) . Kwame Ampofo Twumasi na ɛdii n'adeɛ wɔ mmerɛ a wɔn sesaa abatoɔ mpɛsoa no so bɛyɛɛ no Nkoranza Anaafoɔ afam abatoɔ mpɛsoaso (Nkoranza South constituency) wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General elections).[2] Wɔn yii no sɛ ɔmmɛyɛ atwerɛtwerɛfoɔ sahene (Interim General Secretary) mfa ma National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no.[3] Wɔn yii no sɛ saa mmerɛ no ɔmmɛyɛ atwerɛtwerɛfoɔ sahene anaa panin mfa ma ɛyɛ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no wɔ mfie mpem mmienu ne aduonu-mmienu (2012) wɔ mmerɛ a na Joseph Mamboah-Rockson de ne diberɛ ato hɔ sɛ ɛkuo no twerɛtwerɛfoɔ panin anaa sahene ,na ɛfiri hɔ deekorɔ no na ɔbɛyɛɛ amanyɔkuo no atwerɛtwerɛfoɔ sahene anaa panin a na ɔda amanyɔkuo no ano.[4][5]

2000 Mfie Mpem Mmienu Abatoɔ[sesa]

Amoako wɔ too aba maa no sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Nkoranza abatoɔ mpɛsoaso (Nkoranza Constituency) wɔ mfie mpem mmienu Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a yɛ tooeɛ no mu. (2000 Ghanaian general elections).[6] Wɔn too aba maa no sɛ MmarahyɛbadwaniNational Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so.[6] Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa nson (7) a National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu ( Brong Ahafo Region).[7][8][9] Ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu ketewa a dodoɔ a wɔn nyaaeɛ no ne aduokron-mmienu (92) de firii mmarahyɛbadwafie nkonwa aha-mmienu (200) no mu wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[7]Wɔn de mma a wɔn tooeɛ no mu mpem aduonu, aha-nwɔtwe ne aduonu-nwɔtwe (20,828) na ɛyii no ,na ɔnyaa saa mma dodoɔ yi de firii mma mpem aduanan-mmiensa, ɛne aduokron-nwɔtwe (43,098) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu. Waei ne ɔha mu susupɛn bɛyɛ ɔha nkyekyemu adunan-nsia ne akyiripɔ mmienu (46.2%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no mu.[10] Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Kwame Amporfo Twumasi a na ɔfiri New Patriotic Party(NPP) amanyɔkuo no mu, Justice Owoahene Acheampong a na ɔno nso firi ɛyɛ People's National Convention(PNC) amanyɔkuo no mu, Kwaku Poku-Boah a na ɔfiri Convention People's Party(CPP) amanyɔkuo no mu, James Opoku-Worae a na ɔbɔ nso firi National Reform Party (NRP) amanyɔkuo no mu, Owusu Benjamin a na ɔno nso firi United Ghana Movement(UGM) amanyɔkuo no mu ɛne Thomas Owusu-Ansah a na ɔno nso firi ɛyɛ Every Ghanaian Everywhere(EGE) amanyɔkuo no mu.[10][11] Neɛ ɛdidisoɔ yi ne mma a wɔn nyinaa nyaaeɛ wɔ ne nnidisoɔ mu, mpem adu-nkron, aha-mmiensa ne aduo-wɔtwe nan (19,384), aha-nson ne aduasa-num (735), aha-num ne aduasa-mmiensa (533), aha-mmiensa ne aduo-wɔtwe mmiensa (383) ɛne ɔha ne du-baako (111). Waei ne mma a ɔnyaeɛ de firii mma a wɔn tooeɛ no mu a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Waei nso ne ɔha mu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ, ɔha nkyekyemu aduanan-nsia ne akyiripɔ mmienu (46.2%), ɔha nkyekyemu baako ne nwɔtwe (1.8%), ɔha nkyekyemu baako ne akyiripɔ mmiensa (1.3%), ɔha nkyekyemu hwee ne akyiripɔ nkron (0.9%), ɔha nkyekyemu hwee ne akyiripɔ mmiensa (0.3%) ɛne ɔha nkyekyemu hwee (0%) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.[10][11]

Ankorankoreɛ Abrabɔ[sesa]

Amoako yɛ okristoni.[1]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Amoako, Francis Hayford (in American English), retrieved 2022-09-23
  2. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Atebubu / Amanting Constituency, retrieved 2022-09-23
  3. NDP appoints Interim General Secretary to replace Mamboah-Rockson - MyJoyOnline.com (in American English), 2012-10-12, retrieved 2022-09-23
  4. NDP appoints Interim General Secretary to replace Mamboah-Rockson - MyJoyOnline.com (in American English), 2012-10-12, retrieved 2022-09-23
  5. We will advance Ghana’s course -NDP (in British English), retrieved 2022-09-23
  6. 6.0 6.1 Mahler, Gustav, 1860-1911, composer., Symphony no. 5, OCLC 1298899729, retrieved 2022-09-23{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. 7.0 7.1 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-23
  8. GHANA: parliamentary elections Parliament, 1992, 2020-02-19, archived from the original on 2020-02-19, retrieved 2022-09-23{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  9. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-09-23
  10. 10.0 10.1 10.2 Beethoven, Ludwig van, 1770-1827, composer., Symphony no. 9, OCLC 1249445068, retrieved 2022-09-23{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  11. 11.0 11.1 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Atebubu North Constituency, retrieved 2022-09-23