Harriet Bruce-Annan

Ɛfi Wikipedia
Harriet Bruce-Annan
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameHarriet Sesa
family nameBruce, Annan Sesa
date of birth1965 Sesa
place of birthNkran Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationprogrammer, humanitarian Sesa
award receivedCross of the Order of Merit of the Federal Republic of Germany Sesa

Harriet Dansowaa Bruce-Annan[1] (N'awoo din ne: Grace Akosua Dansowaa Ani-Agyei; wɔ woo no afe apem ahankron aduosia num [1965] wo Accra, Ghana) yɛ Ghanani a n'adwuma ne sɛ ɔnam abɛforo kwan so hyehyɛ mfidie na afei nso, ɔnsan nso yɛ ohummɔborɔfoɔ a ɔte Dusseldorf, Germany. Wonnim no sɛ adwumakuo African Angel a ɛyɛ adɔyɛ kuo a ɛboa mmɔfra a wɔn wɔ ahiafo atenae a ewo Bukom mpɔtam no hyehyɛfo.

N'asetenam ne Nnwuma[sesa]

Wɔ woo Bruce-Annan wɔ Accra,afe apem ahankron aduosia num (1965) mu. Wɔtetee no wɔ Adabraka, na daa nyinaa na ɔkɔ ne nana a na ɔte ahiafoɔ tenabea bi a wɔfrɛ no Bukuom no hɔ nsrahwɛ. ɛmfa ho ɔbrɛ ne ɔhaw ɔfaa mu wɔ ne mmɔfrase no, w'ammu ne mmɔfrase abonfia[2]. Denam mmoa a onya firii ne wɔfa hɔ no, osuaa sɛnea wɔnam abɛɛforo so hyehyɛ dwumadie anaa mfidie wɔ Ghana. Adwumakuo a odikan nyaa mu akwanya no yɛ Germanyfoɔ kɔmputa adwumakuo. Wɔ afe apem ahankron aduokron nkron (1990) mu no, bre a ne kunu ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛboa no ama w'anya suapɔn mu akwanya wɔ amanɔne no, ɔne tu kɔtenaa Germany.Nanso, esiane ateetee a na ɔfa mu wɔ awareɛ mu nti, oguane kɔɔ mmaa guankɔbea a ɛwɔ Dusseldorf. Adwuma a odikan yɛe wɔ hɔ ne sɛ, na ɔyɛ apɔwmudensohwefo boafo, akyire ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ yaanee so wɔ Düsseldorf fair na afei, nsanombea a ɛde Golden Unicorn pub wɔ Ratinger Straße[3]. Bre ɔda so wɔ Dusseldorf no, ɔhyɛɛ ase gyegyee sika de kɔboaa nnyanka a wɔn wɔ ahiafo atenae a ɛwɔ Bukuom, wɔ Accra. Wɔ ɛbɔ bosome no mu no (September) da a ɛtɔ so du-num (15), afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu no, Bruce-Annan ne afoforo nsia hyehyɛɛ ekuo a ɛde African Angel Association. Ekuo no yɛ nea ɔboa mmɔfra a wɔn wɔ Bukum wɔ wɔn sukuu kɔ ne nnwumasua mu[4].

Wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu no, wɔ too nsa frɛɛ Bruce Annan kɔɔ Berlin Senate ma no de ne nimdeɛ kɔ boa nyiamu a ɛfa amanman mu atukɔtena ho nsɛm. Wɔ afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, ɔkɔyɛɛ TV so dwumadie a ɛde NDR na afei nso, dwumadie bi Mark Lanz nso yɛ so[5]. Bruce-Annan akɔ nsrahwɛ wɔ mmeae pii wɔ Germany ne Austria bre a na ɔda ne nnwuma ahorɔw adi no.

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɔbɛnim bosome no ( March ) da a ɛtɔ so aduasa baako (31), afe mpem mmienu ne du-baako (2011) mu no, nhomawa a w'ato din Bild der Frau at a gala a ɛwɔ Berlin no maa no abasobɔdeɛ a ɛde heroine of everyday life". Sika a ɛda so no yɛ euros no 30,000[6][7]

Bre a na wɔredi mmaa afofie da a ɛde World Women's Day wɔ ɔbɛnim (March) bosome mu, wɔ afe mpem mmienu ne du-mmiensa (2013) mu no, Germany aban no maa no abasobɔdeɛ a w'ato din Cross of Merit.

Nhoma a w'kyerɛw[sesa]

  • Beate Rygiert: African Angel: changing the world with 50 cents / Harriet Bruce-Annan. Lübbe publishing house, Bergisch Gladbach 2009[8],  .

Ntotoho[sesa]

  1. Alles zum Thema Bücher | RTL News
  2. Nachrichten aus Bremen und Niedersachsen | kreiszeitung.de
  3. Der Engel auf der Kneipen-Toilette - WELT
  4. Harriet Bruce-Annan - GOLDENE BILD der FRAU
  5. Harriet Bruce-Annan - IMDb
  6. GOLDENE BILD der FRAU: Harriet Bruce-Annan - bildderfrau.de (archive.org)
  7. GOLDENE BILD der FRAU 2011: Harriet Bruce-Annan gewinnt den Leserpreis im Wert von 30.000 Euro | BILD der FRAU | Presseportal.de (archive.org)
  8. Archive copy, archived from the original on 2022-05-22, retrieved 2022-03-28{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)