Hanna Tetteh

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Hanna Serwaa Tetteh
Member of the Ghana Parliament
for Awutu Senya West
Bere
7 January 2013 – 7 January 2017
OdikanfoNew constituency
AnanmusiniGeorge Andah
Ɛdɔm keseɛ4,545
28th Minister for Foreign Affairs
Bere
30 January 2013 – 7 January 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoMuhammad Mumuni
AnanmusiniShirley Ayorkor Botchway
Minister for Trade and Industry
Bere
January 2009 – January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
OdikanfoPapa Owusu-Ankomah
AnanmusiniHaruna Iddrisu
Member of Ghana Parilament
for Awutu-Senya
Bere
7 January 2001 – 7 January 2005
OdikanfoBabalami Abu-Sadat
AnanmusiniOppey Abbey
Ne ho asɛm
Awo bere31 May 1967 (1967-05-31) (age 56)
Szeged, Hungary
Ne man{[flagicon|GHA}} Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
RelationsGizella Tetteh Agbotui (sister)
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaBarrister

Hannah Serwaa Tetteh a ɔwoo no wɔ Kotonimaa bosome da a ɛtɔ so aduasa-baako wɔ afe apem ahankron aduosia-nson (31 Kotonimaa, 1967)[1] yɛ Ghanani a ɔyɛ mmranimfoɔ ne ɔmanyɔni. Ɔsom Ghanaman sɛ Ɔmansoafoɔ a ɔhwɛ Dwadie ne Nnwuma so firi mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu de kɔ sii mfeɛ mpem mmienu ne du-mmiɛnsa mu (2009-2013).[1][2] Na ɔka amansoafoɔ mpanimfoɔ a Ghana manpanin apaa wɔn sɛ Kabinet saa mmrɛ no mu. Ɔsan dii dwuma sɛ Ɔmansoafoɔ a ɔhwɛ Amanɔne Nsɛm so firi mfeɛ mpem mmienu ne du-mmiɛnsa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu (2013-2017).[3] Na ɔsane yɛ mmarahyɛbadwamni ma Awutu-Senya Atɔeɛ mpɛsua so.[4]

N'abrabɔ ahyaseɛ ne adesua[sesa]

Ɔwoo Hannah Tetteh wɔ kuro a wɔfrɛ no Szeged wɔ ɔman Hungary mu. N'agya yɛ Ghananii na ne nna nso firi ɔman Hungary mu. Ɔnyaa ne ntoasoɔ sukuu nteteɛ wɔ Wesley Girls High School wɔ Oguaa (Cape Coast) a ɛwɔ Mfinfini Mantɛm, Ghanaman mu ɛfiri afe Apem aha-nkron aduoson nnwɔtwe (1978) de kɔsi afe Apem aha-nkron aduowɔtwe-num (1985).

Ɛwɔ afe Apem aha-nkron aduowɔtwe-nsia (1986) ne afe Apem aha-nkron aduowɔtwe-nkron (1989) ntɛm no, ɔkɔ suaa mmara wɔ Ghana Suopɔn mu (University of Ghana) maa no nyaa Abɔdin krataa wɔ Mmara mu (Bachelor of Law, LL.B). Afei nso ɔsan kɔɔ Ghana sukuu a ɔma mmara nteteɛ (Ghana School of Law) ɛna ɔbɛyɛɛ Mmaranimnii wɔ afe Apem aha-nkron aduokron mmienu.[5]

Adwumasɛm[sesa]

Ɛfiri afe Apem aha-nkron aduokron mmienu de kɔ si afe Apem aha-nkron aduokron mmiɛnsa mu no, Hannah Tetteh yɛɛ ne "National Service" sɛ mmra dwumayɛnii wɔ Mmaa Mmaranimfoɔ Kubaatan a wato ne din wɔ brɔfo kasa mu sɛ "International Federation of Women Lawyers (FIDA)".[6] Ɛno akyi no ɔkɔɔso kɔyɛɛ adwuma wɔ 'Ansa-Asare and Company, of Hencil Chambers' a ɛyɛ mmara dwumayɛkuo a ɛwɔ Nkran (Accra). Ɔdii mfeɛ mmienu wɔ hɔ no, ɔde ne ho kɔbɔɔ wɔn a wɔhwɛ nipa faahodie ne wɔn akwanya a ɔwɔ wɔ wiase yi mu a potɔ kasa mu no ɛde 'Commission on Human Rights and Administrative Justice' sɛ mmara dwumayɛnii. [7] Akyire no ɔsan de ne ho kɔ bɔɔ dwumakuo a wɔto no din sɛ 'Ghana Agro Food Company (GAFCO)' sɛ mmara fotufoɔ. GAFCO yɛ adwumakuo bi a wɔyɛ nnuane bi te sɛ esam, nkokɔ ne mmoa nnuane, mpataa ne tuna a ɛwɔ konko mu.[8]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Hanna Tetteh appointed UN Director-General in Nairobi (in American English), 2018-07-13, retrieved 2022-09-11
  2. Hanna Tetteh sworn in as D-G, UN, Nairobi, 2019-04-03, archived from the original on 2019-04-03, retrieved 2022-09-11{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. Hanna Tetteh gets top UN job in Kenya - MyJoyOnline.com, 2018-07-13, archived from the original on 2018-07-13, retrieved 2022-09-11{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. Secretary-General Appoints Hanna Serwaa Tetteh of Ghana Special Envoy for Horn of Africa | UN Press, retrieved 2022-09-11 {{citation}}: no-break space character in |title= at position 56 (help)
  5. https://www.un.org/sg/en/content/sg/personnel-appointments/2018-07-13/ms-hanna-s-tetteh-ghana-director-general-united-nations {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  6. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2022-09-11
  7. https://web.archive.org/web/20110710211446/http://business.everythinghana.com/index.php?option=com_mtree&task=viewlink&link_id=129&Itemid=26, archived from the original on 2011-07-10, retrieved 2022-09-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  8. Ghanaweb, 2009 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/people/person.php?ID=1169 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)