Shirley Ayorkor Botchway

Ɛfi Wikipedia
Shirley Ayorkor Botchwey
Minister for Foreign Affairs and Regional Integration
Mprenpren
Bere
28 January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoHanna Tetteh
Member of the Ghana Parliament
for Anyaa Sowotuom
Bere
7 January 2013 – 7 January 2021
ƆmanpanyinJohn Mahama
Nana Akufo-Addo
OdikanfoNew constituency
Ɛdɔm keseɛ4,545
Deputy Minister for Foreign Affairs
ƆmanpanyinJohn Kufour
Ne ho asɛm
Awo bere
Shirley Ayorkor Botchwey

8 February 1963 (1963-02-08) (age 61)
Accra, Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MmaTwo
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, Grays Inn, London
N'adwumaJournalist
CabinetMinister
CommitteesGender and Children Committee Communications Committee

Shirley Ayorkor Botchwey (wɔwoo no Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 8 wɔ afe 1963), yɛ Ghana ɔmanyɛfo a ɔsom sɛ Ghana ɔmanpanyin a ɔhwɛ amannɔne nsɛm ne ɔmantam nkabom so. Ghana ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo na ɔpaw no sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ amannɔne nsɛm so wɔ 10 Ɔbɛnem 2017[1][2]. Ɔyɛ Anyaa-Sowutuom Mmarahyɛ Bagua no muni firi afe 2013 kɔsi afe 2021.[3] na na wayɛ Amannɔne Nsɛm Ho Ɔsoafoɔ Abadiakyiri ne Ɔman Ɔsoafoɔ wɔ Nsuo, Adwumayɛ ne Adan[4] Dwumadibea wɔ John Kufuor ase.[5] [6]Ɔyɛ  New Patriotic Party no muni.

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔwoo Shirley Ayorkor Botchwey wɔ Accra wɔ 8 Ɔpɛpɔn 1963.[7] Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ St. Mary’s Girls’ Senior High School wɔ Korle-Gonno. Ɔyɛ adeɛ a ɛfiri Ghana Suapɔn Adwumayɛ Sukuu (UGBS), Ghana Asoɛeɛ a ɛhwɛ nsɛm ho amanneɛbɔ so (GIJ), Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA), Pitman’s Central College, London Suapɔn ne Westminster Suapɔn nyinaa wɔ United Kingdom (UK).[8]

Ɔyɛ Minister holds an Executive MBA, (Project Management option), MA in Public Communication, Bachelor of Laws Degree (LLB), a Diploma in Public Relations and Advertising as well as a certificate in Marketing Management.

Amammui asetra[sesa]

NPP nnisoɔ a ɛtwa toɔ a ɛhyɛɛ Ɔmampanyin John Agyekum Kufuor ase no, Hon Ayorkor Botchwey yɛɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm, Amanneɛbɔ, ne Aguadi ne Nnwumayɛbea nso so.[9] Ɔrensi akan sɛ ɔbɛsan apaw no bio wɔ afe 2020 amansan ne mmarahyɛ bagua abatow no mu.[10]

Wɔ party level no, Hon. Minister dii dwuma sɛ Amannɔne Nsɛm ho ɔkasafo wɔ afe 2009 ne 2013 ntam.

WɔWɔ saa bere koro no ara mu no, na ɔyɛ Ranking Member ma Mmarahyɛ Bagua Boayikuw a Wɔapaw a Ɛhwɛ Amannɔne Nsɛm So ne akyiri yi, Mmarahyɛ Bagua no Boayikuw a Wɔpaw Wɔn, Bammɔ ne Mfinimfini Fam.

ECOWAS Mmarahyɛ Bagua no muni firi afe 2013 – 2017, Hon. Shirley Ayorkor Botchwey ne ne mfɛfoɔ yɛɛ adwuma de boaa Community Parliament no wɔ n’afotuo dwumadie mu wɔ nsɛm a ɛfa ɔmantam no ho titire wɔ nsɛm a ɛfa nnipa hokwan titire ne ahofadie ho a wɔbɛsusu ho, berɛ a ɔde nyansahyɛ rema ECOWAS ahyehyɛdeɛ ne akwaa ahodoɔ. Hon Minister no nso yɛɛ Vice Chair wɔ NEPAD no so

Mprempren ɔte Nkitahodi ne saa ara nso na Mmarahyɛ Bagua no Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuw ahorow mu a ɔne ne mfɛfo adwumayɛfo yɛ adwuma de hwɛ nsɛm a ɛfa nkitahodi ho wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so ne afei nso ɔhwehwɛ nsɛm a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ne mmofra ho nyinaa mu de hwɛ hu sɛ wɔde bɛka mmara a ɛfata nyinaa ho. wɔ din a wɔde kɔmaa mmarahyɛ bagua no sɛ wɔmfa nnye ntom wɔ 21 Ɔbɛnem 2021 mu no, Ghana ɔmanpanyin Nana Akuffo-Addo na ɔyii no sɛ Madam Shirley Ayorkor Botchwey sɛ ɔmanpanyin a ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm ne Ɔmantam Nkabom so.[11]

Adwuma[sesa]

Ansa na Shirley bɛhyɛn anim amammuisɛm mu no, na ɔwɔ Marketing and Communications Company a na ɔyɛ ɔfotufo ma Ministry of Tourism.[12]

Sɛ́ obi a ɔyɛ ɔman adwumayɛ ho adwuma no, ɔne ahyehyɛde ahorow te sɛ Worldspace Ghana, Divestiture Implementation Committee, Glaxo Group Research ne Hodge Recruitment yɛɛ adwuma.[13]

Mprempren Shirley yɛ ECOWAS Asomfo Bagua no Titenani ne Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm ne Mpɔtam Nkabom so wɔ Ghana.[14]

Ankorankoro asetra[sesa]

Shirley Ayorkor Botchwey yɛ sigyani a ɔwɔ mma baanu.[15] [16]Ɔyɛ Kristoni a ɔyɛ Anglikanni wɔ asɔre mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ayorkor Botchway is Foreign Affairs Minister-Designate (in English), 2017-01-09, retrieved 2023-10-03
  2. Chinese Ambassador Pays Farewell Visit To Foreign Minister (in American English), 2020-06-05, retrieved 2023-10-03
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  4. Ministry of Water Resources, Works & Housing, retrieved 2023-10-03
  5. MPs, archived from the original on 2016-11-08, retrieved 2023-10-03
  6. MPs, archived from the original on 2016-09-16, retrieved 2023-10-03
  7. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  8. Minister – Ministry Of Foreign Affairs and Regional Integration (in American English), retrieved 2023-10-03
  9. Minister – Ministry Of Foreign Affairs and Regional Integration (in American English), retrieved 2023-10-03
  10. MPs
  11. Akufo-Addo presents first list of ministers for his second term to parliament - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-01-21, retrieved 2023-10-03
  12. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  13. Shirley Ayorkor Botchwey, Biography, retrieved 2023-10-03
  14. Guinea coup: Alpha Condé still in shock – Ayorkor Botchwey (in American English), 2021-09-15, retrieved 2023-10-03
  15. I am a grandmother and single - Shirley Ayorkor-Botchwey (in English), 2021-02-11, retrieved 2023-10-03
  16. MPs, archived from the original on 2019-05-13, retrieved 2023-10-03