Grace Coleman

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Grace Coleman
Member of the Ghana Parliament for Effiduase Asokore
Bere
7 January 1997 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
OdikanfoSamuel Adjei Asirifi
AnanmusiniFrank Boakye Agyen
Ne ho asɛm
Awo bereOforisuo 29, 1943
Effiduase , Ashanti Region Gold Coast, Ghana
Owu bere27 Ɔsanaa, 2009
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MmaFour
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaBanker

Grace Coleman Oforisuo bosom da a ɛtɔ so aduonu nkron, afe apem ahankron ne aduanan mmiɛnsa kɔsi Ɔsanaa bosom da ɛtɔ so mpen mmienu ne nkron (29 April 1943- 27 August 2009) no na ɔyɛ Ghanani amanyɔnni ne mmarahyɛbadwanni wɔ Effiduase Asokore mpasua a na ogyina hɔ ma mmarahyɛbadwam a na ɛtɔ so nan wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.[1]

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Coleman wɔ Effiduase a ɛwɔ Asante MantamGhana. Ɔkɔɔ "Wesley Girls High School" firii afe apem ahankron ne aduosia mmienu (1962), ɔnyaa ne abodin krataa a ɛwɔ anim na ɔsan toa n'adesua so kɔɔ Cape Coast asuapɔn (Legon) a ɔkɔsua sikasem ma no nyaa ho abodin.[1] Coleman nyaa ne abodin krataa a ɛso wɔ "Vanderbilt University" a ɛwɔ amanone wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979), na ɔsan so nyaa adinkanfo ne mpotuo abodin wɔ "Harvard asuapɔn wɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe (1998).[1]

N'adwuma[sesa]

Afiri afe apem ahankron ne aduosia nnwɔtwe de kɔsi afe apem ahankron ne aduoson nan (1968 - 1974), Coleman kɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana sikakorabea (GCB), Ejisu nkorabata bi a ɛwɔ Kumasi, babia onyiniiɛ a ɔbɛyɛ nkorabata no so panin, na afiri afe apem ahankron ne aduoson num ne afe ahankron ne aduowɔtwe (1975 &1980) no, na ɔyɛ panin wɔ asoeɛ a wɔhwe sikasem so sikasɛm ntotoeɛ ho.

Na ɔyɛ Ghana ɔsoafo de ma Netherlands firi afe apem ahankron ne aduowɔtwe kɔsi afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu (1980 - 1982), ɛwɔ Limann aberɛ so. Ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛnii, firii afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa kɔsi afe apem ahankron ne aduokron baako (1983 - 1991) na ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛnii panin wɔ sukuu a wɔsua nsonsoneɛ a ɛwɔ amammerɛ mu wɔ Holland.

Na Coleman yɛ sikasɛm soafoɔ abadiekyiri ne ne sikasɛm ntotoeɛ wɔ Kufuor aban a na adikan no.

Amanyɔsem[sesa]

Abatoɔ a adikan a Coleman de kɔɔ mmarahyɛbadwam yɛ Ɔpɛnimma bosom wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ a na ogyina mu ma ɔsono amanyɔkuo (NPP) no ɛwɔ Effiduase Asokore mpasua so a ɛwɔ Asante mantamGhana.[2] Ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa, ɔha ne aduonum nan (13,154) firii mma mpem dunkron ne aduoson nson (19,077) no mu a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nan akyiri pɔ aduokron (54.90%).[3] Ɔsan nso nyaa n'akonwa no bio wɔ mfe mpem mmienu (2000) abatoɔ no.[4] Wɔ mfe mpem mmienu (2000) mu no, Coleman san dii nkonim abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Effiduase Asokore mpɛsua a ɛwɔ Asante mantam mu.[5][6] Odii nkonim de ma ɔsono amanyɔkuo (NPP) no. Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no mmarahyɛbadwafoɔ aduasa mmiɛnsa (33) a wɔdii nkonim wɔ Asante mantam abatoɔ no a na wɔ wɔ mmarahyɛbadwam no, na ne mpasua no ka emu aduasa baako (31) no ho bi.[7] Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no dii nkonim sɛ dɔmkeseɛ a na wɔwɔ Mmarahyɛbadwafoɔ aduokron nkron (99) a na Mmarahyɛbadwafoɔ dodoɔ nyinaa nso yɛ ahanu (200).[8] Ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa, ahankron ne aduonum nan(13,954) firii mma dodoɔ mpem dunkron, ahanson ne aduokron nkron (19,799). Na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson baako akyiri pɔ mmienu (71.2%).Wɔtoo me so aba de tia Kwasi Amakye-Boateng a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDc) no, Osei Kwabena a na ɔno nso yɛ Covention People's Party anamsini, Osei Addiya a na ɔyɛ anamsini de ma National Reformed Party, Lovia Yeboah nso yɛ anamsini ma People's National Convention ɛna Alfred O. Baah nso yɛ anamsini de ma United Ghana Movement. Mma dodoɔ a wɔnyaa no wɔ abatoɔ no mu yɛ 4,408, 729, 246, 235, ɛne 35. Na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu mmienu akyiri pɔ num (22.5%)ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa akyiri pɔ nson (3.7%), ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ mmiɛnsa (1.3%), ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ mmienu (1.2%), ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ mmienu (0.2%).

Ɔsan so dii nkonim wɔ mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ no mu a ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa ne aduonum baako (13,051) firii mma a na dodoɔ na ɛyɛ mpem aduonu mmiɛnsa, ahanum ne aduonu nan (23,524) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum num akyiri pɔ aduonum (55.50%).[9]

N'abrabɔ[sesa]

Na Coleman ware David Coleman a ɔwɔ mmofra nan. Owuii wɔ Ɔsanaa bosom da ɛtɔ so aduonu nson mfe mpem mmienu ne nkron (27 August 2009) ɛnam ahomgyeɛ a na ɔngye na asikyire yareɛ nso a na ɔwɔ na ɛmaa no wuiiɛ.[1]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "NPP Mourns Grace Coleman". Modern Ghana. Retrieved 2 August 2020.
  2. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results – Effiduase / Asokore Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2 August 2020.
  3. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Effiduase / Asokore Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 3 October 2020.
  4. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results – Effiduase / Asokore Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2 August 2020.
  5. FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results - Effiduase / Asokore Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2 September2020.
  6. Electoral Commission. Parliamentary Result - Election 2000. Accra: Electoral Commission. 2007. p. 5.
  7. FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results - Ashanti Region". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2 September 2020.
  8. FM, Peace. "Ghana Election 2000". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2 September2020.
  9. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results – Effiduase / Asokore Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2 August 2020.