Gifty Twum-Ampofo

Ɛfi Wikipedia
Gifty Twum Ampofo
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageGifty Twum-Ampofo Sesa
given nameGifty Sesa
family nameAmpofo Sesa
date of birth11 Ayɛwohomumɔ 1967 Sesa
place of birthKukurantumi Sesa
native languageTwi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationAmanyɔni, teacher Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast, Kwame Nkrumah University of Science and Technology, University of Ghana, University of Cape Coast Sesa
work locationNkran Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Gifty Twum-Ampofo (wɔwoo no Ayɛwohomummɔ 11, 1967) yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ New Patriotic Party no Mmarahyɛbadwa no muni. Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no muni ma Abuakwa Atifi mantam a ɛwɔ Ghana Apuei Fam. Ampofo yɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ Bɔbeasu, Mmofra ne Asetra mu Ahobammɔ so wɔ Ghana.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Gifty Twum-Ampofo wɔ Ayɛwohomummɔ 11, 1967, wɔ Kukurantumi wɔ Ghana Apuei Mantam mu. Ná ɔwɔ ne BSc. wɔ Abɔde a Nkwa Wom Ho Adesua mu wɔ Ogua Sukuupɔn mu wɔ afe 1997 mu. Ɔsan nyaa ne MBA wɔ Strategic Management mu wɔ afe 2018 mu.Ɔsan nso nyaa ne BSc wɔ Ghana Suapɔn mu.

Adwuma[sesa]

Ampofo yɛɛ Nyansahu kyerɛkyerɛfoɔ wɔ Akosombo International School ansa na ɔrebɛyɛ Mmarahyɛbadwa no muni.Na ɔsan yɛ Nyansahu Dwumadibea Panyin ne Sɔhwɛ Panyin wɔ Volta Asubɔnten Aban no mu. Mprempren ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Nhomasua so a ɔhwɛ Mfiridwuma ne Adwumayɛ Nhomasua Ntetee so.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ Ɔbenem 2016 mu no, ɔsii akan na ɔdii nkonim wɔ NPP mmarahyɛbadwa primaries mu maa Abuakwa North Constituency wɔ Eastern Region of Ghana wɔ Joseph Boakye Danquah-Adu wuo akyi. Akyiri yi odii nkonim wɔ Abuakwa North Abatoɔ Mpɛsua by-elections no mu a na abatow 10,033 na ɛyɛɛ abatow a wɔtow no nyinaa mu 89.60% bere a Ghana Freedom Party mmarahyɛ baguani Samuel Frimpong nyaa abatow 263 a ɛyɛɛ abatow nyinaa mu 2.35% na United People’s Party mmarahyɛ bagua kandifo Isaac Kwarteng nyaa abatow no nyinaa Abatoɔ 901 na ɛyɛɛ 8.05% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ Abuakwa North Abatoɔ Mpɛsua mmarahyɛbadwa atenaeɛ no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,838 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 59.23% berɛ a na ɔyɛ NDC mmarahyɛbadwani kandifoɔ Victor Emmanuel Smith nyaa abatoɔ 11,754 a ɛyɛɛ 39.03% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na Independent candidate bi Adjei Danquah Patrick nyaa abatoɔ 524 a ɛyɛɛ 1.74% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.

2020 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Abuakwa North Constituency mmarahyɛ bagua no mu de abatow 17,653 na ɛyɛɛ abatow a wɔtow no nyinaa mu 53.2% bere a NDC mmarahyɛ bagua no muni Charles Yeboah Darko nyaa abatow 15,551 a ɛyɛɛ abatow a wɔtow no nyinaa mu 46.8%.[15][16]

Boayikuw[sesa]

Ɔyɛ ɔyɛ Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo no muni na ɔsan yɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuo no mu ni.

N'asetena[sesa]

Ɔyɛ okunafoɔ a ɔwɔ mma mmiɛnsa. Ɔyɛ Kristoni na ɔsom sɛ Methodist.

Adɔyɛ[sesa]

Wɔ Ɔpɛnimma 2022 mu no, ɔde nnuan maa nnipa bɛboro 35,000 wɔ ne mansin mu.