Geoffrey Kini

Ɛfi Wikipedia
Geoffrey Kini
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameGeoffrey Sesa
family nameKini Sesa
date of birth9 Ɔbɛnem 1971 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, businessperson Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atEvangelical Presbyterian University College Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa

Geoffrey Kini (wɔwoo no Yawɔda 1 Ɔpɛpɔn 1970) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe no mu ni a ogyina Nkwanta Anafoɔ Mansin ananmu wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Geoffrey Kini na ofiri Bakpa New Town a ɛwɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana. Geoffrey Kini nyaa ne Middle School Leaving Certificate (MSLC) wɔ afe 1985 mu, 2nd Division wɔ afe 1991 mu ne ne Bachelor’s degree wɔ Human resource management (2nd Class Upper) wɔ afe 2017. Ɔsan nso yɛ Graduate (Conflict Peace and Security) wɔ afe 2020 mu.

Adwuma[sesa]

Geoffrey Kini yɛ Kini Geoffrey adwumayɛfo panyin (CEO). Ɔyɛɛ adwuma sɛ managing director wɔ FairCom (A Database Technology Company) firi afe 1994 kɔsi afe 2016. Seesei ɔreyɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwa no muni (MP) ama Nkwanta South Abatoɔ Mpɛsua wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Amammuo asetena[sesa]

Geoffrey Kini sii akan na odii nkonim wɔ afe 2016 NDC mmarahyɛbadwa primaries mu maa Nkwanta South Abatoɔ Mpɛsua wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana.Geoffrey Kini toaa so nyaa mmarahyɛ bagua atenaeɛ wɔ ne mansin (Nkwanta South Constituency) mu wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no ho na ɔnyaa abatoɔ 21,691 (59.3%) tiaa Edusei Cephas Kujo a ɔfiri New Patriotic Party a ɔnyaa abatoɔ 8,903 (24.4%), Njonam Wisdom Wagya (An Independent Candidate) a ɔno nso nyaa abatoɔ 5,670 (15.5%) ne Nyame Maxwell a ɔfiri Convention People’s Party no mu (CPP) a ɔnyaa abatoɔ 297 (0.8%).

Geoffrey Kini san sii akan na ɔdii nkonim wɔ afe 2020 NDC mmarahyɛbadwa primaries mu maa Nkwanta South Abatoɔ Mpɛsua wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana de aba 891 tiaa Richard Manuribe a na ɔwɔ abatow 189. Geoffrey Kini san kɔɔ so dii nkonim wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Nwɔtwe (8) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no mu a ɔnyaa abatoɔ 29,189 (57.7%) tiaa Sherifa Sekyere-Tijani a ɔfiri New Patriotic no mu Party a onyaa abatow 20,272 (40.1%) ne Ograh Felix William a ofi Progressive People's Party(PPP) a onyaa abatow 1,127 (2.2%).

Boayikuw[sesa]

Geoffrey Kini yɛ ɔman no muni Daa Ahyɛde Boayikuw. Ɔsan nso yɛ Communications Committee a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Awotwe (8) no muni.

N'asetena[sesa]

Geoffrey Kini yɛ Kristoni.

Adɔyɛ[sesa]

Geoffrey Kini de ntoboa Cement Nkotoku Ɔha de maa Breweniase Akwahosan Asoɛe sɛ wɔmfa mmoa mma wɔnsi laboratory unit wɔ health center.

Geoffrey Kini de Cement Bags Ɔha(100) maa Bonakye mpɔtam hɔfo wɔ Nkwanta South Constituency sɛ wɔbɛboa ma wɔasisi beaeɛ foforɔ wɔ Akwahosan Asoɛeɛ hɔ ɛfiri sɛ Chief ne Bonakyefoɔ de adesrɛ too dwa sɛ wɔpɛ sɛ wɔde adan foforɔ si hɔ de trɛw wɔn akwahosan asoɛeɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛho renhia sɛ nkurɔfoɔ tu kwan nkɔ Nkwanta ansa na wɔanya akwahosan ho dwumadie titire.

Geoffrey Kini san de moto maa St. Joseph Katolek Ayaresabea ne Municipal Ayaresabea a ɛwɔ ne mantam(Nkwanta South Constituency) a ɛwɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana efisɛ na wonni kar biara a wɔde bɛhwɛ ntɛmpɛ so na wɔasan nso ayɛ mmerɛw akwahosan ho adwumayɛfoɔ a wɔbaa COVID-19 ɔyaredɔm no ase no tu. Sɛ yɛde moto no to nkyɛn a, Geoffrey Kini nso de sika a ɛyɛ GHc10,000 maa ayaresabea no sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔatɔ Personal Protective Equipment (PPEs) de abɔ wɔn ho ban. Geoffrey Kini san de nnuru a wɔde kum mmoawa, nnuru a wɔde tew nsa, samina a ɛyɛ nsu ne nneɛma afoforo galɔn pii mae.