Francis Y. Osei Sarfo

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Francis Yaw Osei Sarfo
Member of Parliament for Krachi West Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
Member of Parliament for Krachi West Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoNew Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere1 October 1955 (1955-10-01) (age 68)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAdministrator, Politician

Francis Yaw Osei Sarfo yɛ Ghana anmyɔni . Ɔyɛ mmarahyɛbadwani wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu. Ɔyɛ kane mmarahyɛbadwani ma Krachi Atɔeɛ abatoɔ mpɛsoa no [1][2][3][4]

Mfitiase Asetena ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Francis wɔ Ahinime da a ɛtɔ ɛdi kan , afe Apem , Ahankron ne Aduonum-num (1955). Ɔfiri Bejamse, kuro bi a ɛwɔ Frao Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne BA wɔ Amanyɔsɛm ne Asase Ho Adesua wɔ Ghana Suapɔn , Legon mu, afe Apem, Ahankron ne Aduɔwɔtwe -baako (1981 )mu. Ɔsan nso nyaa ne PLC firi Ghana Mmara Sukuu a ɛwɔ Makɔka no mu.[5]

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ adwuma sohwɛfo. Ná ɔyɛ Akpabe Impex Limited adwumakuo no kwankyerɛfoɔ panin. Ɔsan nso bɛyɛɛ mansini krakye firi Ɛbɔ, afe Apem Ahankron ne Aduɔkron-nsia(1996) kɔsi Ɔpɛpɔn, mfeɛ Mpem Mmienu ne Baako (2001).[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC no mu ni.Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma dehyeɛ a wɔwɔ Krachi Abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Frao mantam mu wɔ Ghana.[7]

2004 Abatoɔ[sesa]

Wɔpaw Sarfo sɛ mmarahyɛbadwani ma Krachi Atɔeɛ Abatoɔ Mpɛsoa no wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Ɛnan (2004) wɔ Ghana amansan abatoɔ no mu. [8]Enti na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Krachi atɔeɛ abatoɔ mpɛsoa no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu.

Wɔde mma mpemdu-num, ahansia ne Aduɔwɔtwe-nson(15,687) na ɛpaw no wɔ mma mpem Aduasa-nan, ahankron ne aduonum-mmienu ( 34,952) a wɔtooeɛ no. Na ne mma no gyina hɔ ma mma dodoɔ a ɛbaeɛ no mu ɔha nkyekyem aduanan-nan, ne akyiri pɔ nkron (44.9% ) yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Kofi Tarkum a ɔfiri Convention People's Party-CPP no mu no, Kofi Mensah Demitia a ofiri ɔsono kokroko ammanyɔkuo New Patriotic Party-NPP no mu no, ne Alhaji Abu Safiano Baba, Owusu Michael Kwasi ne Apraku Kwadwo Sampson. Wɔn nyinaa yɛ wɔn a wɔde wɔn ho. Yeinom nyinaa nyaa a wɔtoeɛ no no mu ɔha nkyekyem Aduonu-mmeɛnsa, ( 23%), ɔha nkyekyem aduonum-nan (25.4%), ɔha nkyekyem num ne akyiri pɔ baako (5.1%,), ɔha nkyekyem hwee ne akyiri pɔ mmeɛnsa (0.3% ) ne ɔha nkyekyem baako ne akyiri pɔ mmeɛnsa (1.3%) pɛpɛɛpɛ.

Wɔpaw Sarfo wɔ National Democratic Congress tekiti so. Na ne mansin no yɛ amansin 21 a National Democratic Congress dii nkonim wɔ Nkran Punpuni mantam no mu wɔ saa abatoɔ no mu no fa. [9]

Sɛ yɛreka ne nyinaa abom a, National Democratic Congress no nyaa mmarahyɛbadwa nkondwa aduɔkron-nan (94) wɔ Ghana Adehyeman a ɛɔ so nan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan no mu[10]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MP: Survivors blame human error for boat accident (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-11 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. BusinessGhana Homepage, retrieved 2023-10-11
  3. Sarfo, Osei Yaw Francis (in American English), retrieved 2023-10-11
  4. Emmanuel Dogbevi (2011-04-09), Board for re-activated VR Education Fund Board inaugurated (in American English), retrieved 2023-10-11
  5. Sarfo, Osei Yaw Francis (in American English), retrieved 2023-10-11
  6. Sarfo, Osei Yaw Francis (in American English), retrieved 2023-10-11
  7. Sarfo, Osei Yaw Francis (in American English), retrieved 2023-10-11
  8. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Krachi West Constituency, retrieved 2023-10-11
  9. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Volta Region, retrieved 2023-10-11
  10. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2023-10-11