Felix Ankamah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Felix Ankamah yɛ bɔɔlɔlɔni a wowoo no Ɛbɔ bosome no da ɛtɔ aduasa, afe apem ahankron aduonwɔtwe-nan wɔ Kumase, Ghana.[1] Ɔsii akan maa bɔɔlɔbɔ kuo bi te sɛ FC Sopron a ɛwɔ Hungary ne Bechem United a ɛwɔ Ghana.[2]

Finland[sesa]

Ɔnyaa KooTeePee a ɛwɔ Finland[3] de ne ho kɔ dɔm wɔ berɛ na ne mfie nkɔɔ anim koraa. Ɔsii nakan a ɛdikan koraa maa wɔn wɔ Veikkausliga mu. Ansa a ɔrebɛkɔ Hangary no, ɔsii akan maa FC Hameenlina na hɔ na ɔhyiaa ne yɔnko a ɔfiri Hungary a ne din de Ernő Varga.

FC Sopron[sesa]

Ankamah ne Italini Stefano Di Fiordo, Romaniani Mark Christian Tanasescu ne Paraguayni Oscar Diaz na kɔsɔɔ wɔn ahoɔden wɔ FC Sopron. Dwumadie no baa nawieɛ no na saa mmrantie mmiɛnsa a wɔka ne ho no nyinaa mmɔdemmɔ ansɔ ani nti ɔno nko ara na bɔɔlɔbɔ kuo no gyee no tomm sɛ maa no mfie mmiɛnnsa sɛ ɔmmɔ bɔɔlɔ mma wɔn.[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Felix Ankamah Stats, Goals, Records, Assists, Cups and more (in English), retrieved 2023-11-27
  2. "Felix Ankamah", Wikipédia (in Hungarian), 2023-06-12, retrieved 2023-11-27
  3. Felix Ankamah Stats, Goals, Records, Assists, Cups and more (in English), retrieved 2023-11-27
  4. SamsungSport.hu, 2016-03-04, archived from the original on 2016-03-04, retrieved 2023-11-27