Ernest Attuquaye Armah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ernest Attuquaye Armah (wɔwoo no 27 Ɔbɛnem 1957) yɛ Nkɔso Nhyehyɛeɛ, Ɔdansini ne Dodow Nhwehwɛmufo. Na ɔsan yɛ amanyɔni ne kan mmrahyɛbaguani ma Trobu-Amasaman mantam a ɛwɔ Greater Accra mantam muGhana .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Armah afe 1957 na ɔfiri Afuaman (Manhean Electoral Area) a ɛwɔ Greater Accra Region wɔ Ghana. Ɔnyaa Master of Science abodin krataa wɔ Architecture mu wɔ Kiev Civil Engineering Institute a ɛwɔ Ukraine wɔ afe 1988.

Ankorankoro asetra ne adwuma[sesa]

Armah yɛ Kristoni a ɔne Pentekoste Asɔre no som . Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan. Ɔyɛ adwuma sɛ Engineer Panyin wɔ Ga District Assembly.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Armah sɛ mmrahyɛbaguani ma Ga South mantam no wɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 3 wɔ ɔman a ɛto so 4 no mu wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow no mu .[1] Wɔpaw no wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 6 no fa wɔ nkongua 22 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Greater Accra Mantam no mu.

National Democratic Congress dii nkonim kakraa bi a ne nyinaa yɛ mmrahyɛbagua nkongua 92 wɔ nkongua 200 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔde abatow 41,745 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 78,849 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 53.8% yɛ pɛ.

Wɔpaw no sen Samuel Nii-Aryeetey Attoh a ofi New Patriotic Party, Thelma Lantwei Lamptey a ofi Convention People’s Party, Abraham Lartey Joe a ofi National Reform Party, Daniel Addoquaye Pappoe a ofi People’s National Convention ne Edward Osei Bonsu a ofi United Ghana Movement .[2] Eyinom nyaa abatow 30,425, 2,510, 1,556, 1,035 ne 335 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 39.2%, 3.2%, 2.0%, 1.3 ne 0.4% yɛ pɛ.[2]

Nanso, wɔ afe 2004 abatoɔ no mu, berɛ a wɔguu Ga South mantam no akyi no, Armah gyinaa National Democratic Congress ananmu wɔ Amasaman mantam mu nanso ɔdii nkoguo wɔ Samuel Nii-Aryeetey Attoh anim .

Afe 2008 mu no, ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum a ɛwɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan no muni . Ɔdii nkonim wɔ Trobu-Amasaman mantam mu wɔ afe 2008 mu wɔ National Democratic Congress tekiti so. Ɔdii nkonim wɔ atenaeɛ no mu a ne nyinaa yɛ 34,797 wɔ abatoɔ 71,093 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu, na ɔnyaa 48.9% wɔ 100% mu.[3] Wɔ afe 2012 abatoɔ mu no, wɔkyekyɛɛ ne mansin mu mmienu, seesei ɛyɛ Trobu mantam ne Amasaman mantam. Nanso, wannya nkongua biara wɔ amansin abien yi mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 16.
  2. 2.0 2.1 Electoral Commission of Ghana - Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 33.
  3. Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 16.