Erdmann Gottreich Christaller

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Erdmann Gottreich Christaller a wɔwoo no Ɔpɛnimma da ɛtɔ so du, afe apem ahanwɔtwe ne aduonum-nson (10/12/1857) mu wɔ Akropong a ɛwɔ Asanti Mantam, Ghana, kɔɔ ne kra akyi wɔ afe apem ahankron aduonu mmienu (1992) wɔ Stuttgart a ɛwɔ Germany. Ɔbɔɔ ne bra sɛ ɔbi a ɔtwerɛ nnwoma ahodoɔ a na ɔsan yɛ sɔfo.[1]

N'abrabɔ[sesa]

Erdmann papa a ne din de Johann Gottieb Christaller a ɔfiri Winnenden yɛ obi a ba ɔbɔ Kristo ho dawuro wɔ amanaman so nti ɛmaa no nyinaa wɔ baabi beberee a na Basel Mission asoeɛ mpo ka ho. Wɔ afe 1868 mu no ne papa faa ne mma nyinaa kaa ne ho firii Abibrem a na ɛgyina n'apɔmuden so kɔtenaa Schorndorf.

Ɔkɔɔ sukuu wɔ Latin sukuu a ɛwɔ Schorndorf wieeɛ no ɔkɔ suaa asɔfodie wɔ Tübingen monastery. Ɔfirii hɔ berɛ bi akyiri kɔtenaa Munich a ɔbɔɔ bra sɛ nnwomatwerɛni na afe 1886 no ɔbɛyɛɛ samufoɔ maa Frankenthaler Zeitung.

Wɔyɛɛ no sɔfo wɔ Berbeck afe 1888 ɛna afe 1894 mu wɔ Ottenhausen. Ɔwaree awuraa Helene Heyer wɔ afe 1890 mu. Ɔgyae asɔfodie wɔ afe 1901 mu esiane sɛ na n'aso nte asɛm biom. Ɔne n'abusua tu kɔɔ Jugenheim an der Bergstraße a wɔwɔɔ mma nan nanso ne yerɛ gyaeɛ nawareɛ 1917 mu.[2]

Ne nnwoma ahɔdoɔ bi[sesa]

  • The aristocracy of the mind as a solution to the social question. Leipzig: Hermann Haacke 1885.
  • Between the old and the new. 1901
  • Prostitution of the mind: satirical novel. Berlin-Schmargendorf: Renaissance-Verlag 1901.
    • Vol.: 2: Der Pfarrer von Markrode: humoristisch-satirischer Roman.
  • The new Luther. 1903.
  • A little culture war. Jugenheim: Suevia-Verlag 1903.
  • Talking books: a literary invention. Jugenheim: Suevia-Verlag 1910.
  • Walloth Museum – Wilhelm Walloth. Jugenheim: Suevia-Verlag 1911.
  • Fairer Book Fates: Reform Thoughts on Book Criticism and Book Trade. Jugenheim: Suevia-Verlag 1911.
  • The Parnassus tyrants. Jugenheim: Suevia-Verlag 1912.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Hessische Biografie : Erweiterte Suche : LAGIS Hessen, retrieved 2023-11-27
  2. Erdmann Gottreich Christaller (1857 - 1922): zum 150. Geburtstag eines vergessenen Unbequemen, retrieved 2023-11-27
  3. "Erdmann Gottreich Christaller", Wikipedia (in German), 2022-02-25, retrieved 2023-11-27