Erasmus Akrong

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Erasmus AkrongGhanani a ɔsi akan wɔ handball mu a ɔno nko ara ne Ghanani a wasi nakan de akɔ amanone.[1] Wɔ handball mu no Akrong bɔ beaeɛ a ɛyɛ backcourt.

Ne berɛ wɔ handball mu[sesa]

Wɔ afe 2003 mu no ɔsii akan maa SC Bayer 05 Uerdingen a ɛwɔ krefeld ɛna ɔsii akan wɔ afe 2005 mu maa Fire Academy a ɛwɔ Ghana.[2] Ɔsan sii akan maa FC Bayern Munich kakra. Ne nkonim keseɛ pa ara ne sɛ na ɔka ɛkuo a ɛgyinaa Ghana anan mu wɔ 6th West African Veterans Handball Tournament a ɛkɔɔ so wɔ Togo wɔ afe 2008 a wɔdii dwumadie no so nyinaa nkonim no.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. peoplepill.com, Erasmus Akrong: Ghanaian handball player | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in German), retrieved 2023-11-27
  2. Wikiwand - Erasmus Akrong, retrieved 2023-11-27
  3. Pierre Toto (25-10-2008), "Handball Team Excels in Togo", Morden Ghana, Daily Guide {{citation}}: Check date values in: |date= (help)