Elizabeth K. T. Sackey

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Elizabeth K.T. Sackey
Deputy Greater Accra Regional Minister
Mprenpren
Bere
19 February 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Member of Ghana Parliament Okaikwei North
Bere
7 January 2005 – 6 January 2017
OdikanfoJoseph Darko Mensah
AnanmusiniFuseini Issah
Ne ho asɛm
Awo bere6 May 1958 (1958-05-06) (age 66)
Accra, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaBanker, economist

Elizabeth Kwatsoe Tawiah Sackey (wɔwoo Kotonima bosome da a ɛtɔ so 6 wɔ afe 1958) yɛ Ghana amammuifoɔ na na ɔyɛ Okaikwei North Mmarahyɛ Bagua no muni.[1] Na ɔyɛ Ghana Aman a Ɛto so Anan no Mmarahyɛ Bagua a Ɛto so Nsia no muni a ogyina Okaikwei North Constituency ananmu wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[2]

Wɔpaw no sɛ Accra kuropɔn sohwɛfo.[3] Akyiri yi wɔsii so dua sɛ Accra kuropɔn sohwɛfoɔ na ɔbɛyɛɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔdii saa dibea no.[4]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Sackey wɔ Asere wɔ Accra, Ghana, wɔ Kotonima bosome da a ɛtɔ so 6 wɔ afe 1958.[2] [5]Elizabeth K. T. Sackey yɛ sikakorabea dwumayɛni ne sikasɛm ho ɔbenfo. Ɔwɔ Ceficate in Marketing a ɔnyaa wɔ afe 2003 mu na seesei ɔreyɛ Bachelor of Science wɔ Administration abodin krataa wɔ Ghana Suapɔn mu.[2][6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Sackey yɛ New Patriotic Party  (NPP) no muni. Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmɛgyina Okaikwei North Constituency ananmu wɔ January 2005 mu. Ɔsan sii ananmu wɔ adwumayɛbea no mu wɔ Ghana mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so 5 no mu wɔ ne san a wɔsan paw no wɔ Ɔpɛnimma 2008 mu wɔ afe 2008 Amansan Abatoɔ no akyi.[2]

Adwuma[sesa]

Ansa na Sackey rebɛyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni no, na ɔyɛ adwuma sɛ Ɔkyerɛwfo Panyin wɔ Ghana Commercial Bank. Afei ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ Bagua no muni.[2] Ɔyɛ ɔsomfoɔ abadiakyiri maa Greater Accra mantam no firi afe 2017 kɔsi afe 2020. Wɔ Ɔbɔ bosome no mu wɔ afe 2021 mu no, Nana Akufo-Addo yii no sɛ AMA Adwumayɛfoɔ Panyin.[3][7] Mprempren ɔyɛ Accra kuropɔn sohwɛfo.[8][9]

Ankorankoro asetra[sesa]

Sackey aware na ɔwɔ mma baanan. Ɔyɛ Kristoni a ɔsom wɔ Pentekoste Asɔredan mu.[2][10]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. "Members of Parliament | Parliament of Ghana", archived from the original on 2016-12-23, retrieved 2023-10-02
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  3. 3.0 3.1 Elizabeth Sackey: The former MP set to become first female Mayor of Accra (in English), 2021-09-20, archived from the original on 2021-09-22, retrieved 2023-10-02
  4. Graphic Online. Retrieved 8 October 2021.
  5. Elizabeth K. T. Sackey, Biography, retrieved 2023-10-02
  6. Elizabeth K. T. Sackey, Biography, retrieved 2023-10-02
  7. Elizabeth Sackey named as Accra Mayor; to take over from Adjei Sowah (in American English), 2021-09-19, retrieved 2023-10-02
  8. Elizabeth Sackey confirmed as AMA’s 1st female MCE (in American English), 2021-10-07, retrieved 2023-10-02
  9. Elizabeth K. T. Sackey (in English), retrieved 2023-10-02
  10. Elizabeth K. T. Sackey, Biography, retrieved 2023-10-02