Edward Salia

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Edward Kojo Salia
Member of the Ghana Parliament
for Jirapa
Member of Parliament for Jirapa Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
AnanmusiniFrancis Bawaana Dakurah
Member of Parliament for Jirapa Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kofi Agyekum Kufuor
Member of Parliament for Jirapa Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kofi Agyekum Kufuor
OdikanfoFrancis G. Korbieh
Ne ho asɛm
Awo bere20 Ayɛwohumummɔ 1952
Ghana
Owu bere16 February 2009(2009-02-16) (aged 56)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma4
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAmanyɔni

Edward Kojo Salia (20 Ayɛwohummumɔ 1952 – 16 Ogyefuo 2009) yɛ Ghanani a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam ho. Na ɔyɛ National Democratic Congress amanyuɔkuo no mu ni. Ɔsomee sɛ mmarahyɛbadwamni maa Jirapa mpesua ma kan Atifi Atɔe Mantam wɔ Ghana.[1][2][3][4] Ɔsan nso somee sɛ Minister of State wɔ ɔmanpanyin Jerry John Rawlings aban mu.

Ne mmofrase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Salia 20 Ayɛwohummumɔ 1952. Wɔwoo no wɔ kurow a ne din de AmasamanNkran MantamGhana.[1] Ɔkɔɔ sukuupɔn wɔ University of Ghana.[1] Ɔsan nso kɔɔ sukuu wɔ Institute of Social Studies wɔ Hague, Netherlands. Onyaa ne nhomasua no bi nso wɔ Carleton University wɔ Ontario wɔ Canada man mu. Afe 2005 kosi 2007 no ɔsan nso suaa ade wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA) wɔ Ghana.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Edward Salia sɛ mmarahyɛbadwamni wɔ afe 2000 abatow no mu.[5] Saa abatow no ne bere a edi kan a wɔpaw Salia sɛ Ghana mmahyɛbadwamni. Salia tenaa agua so sɛ Ghana mmarahyɛbadwani fi afe 2001 kosi 2009.

2000 Abatow[sesa]

Wɔpaw Salia sɛ mmarahyɛbadwamni ma Jirapa mpɛsuaGhana Atifi Atɔe Mantam wɔ afe 2000 abatow no mu. Eyi nti wɔ parliament a ɛtɔso miɛnsa wɔ ma republic a ediso nnan ma ɔman Ghana mu no na ɔyɛ Jirapa mpɛsua no ananmusini.[5]

Wɔ 2000 abatow no mu no Salia de mma 16,446 na edii nkunim wɔ abatow no mu. Na eyi gyina hɔ ma abatow no nyinaa ɔha mu nkyekɛm 87.9(87.9%).

Salia ne Salifatu Badiu a na ɔwɔ National Reform Party ne Timothy Taafaale Dombo a na ɔno nso wɔ New Patriotic Party no na esii akan wɔ saa abatow no mu ma saa mpɛsua no. Salifatu Badiu nyaa abatow no mu aba 1380. Timothy Taafaale Dombo nso nyaa abatow no mu aba 891.[5]

Wɔtoo aba maa Salia no na ɔka National Democratic Congress amanyɔkuw no ho. Wɔ saa abatow no mu saa afe no, National Democratic Congress nyaa mpɛsua 7 wɔ Ghana Atifi Atɔe mpɛsua no nyinaa mu. Wɔ mmarahyɛbadwam saa afe no, mmarahyɛbadwamfo a na wɔka National Democratic Congress ho dodow sii 89 wɔ mmarahyɛbadwafo 200 mu.

2004 Abatow[sesa]

Wɔsan paw Salia sɛ mmarahyɛbadwamni ma Jirapa mpesua no wɔ 2004 Ghana Mpɛsua abatow mu.[6] Eyi nti wɔ parliament ɛtɔso nnan ma republic a ediso nnan ma ɔman Ghana mu no na ɔyɛ Jirapa mpɛsua no ananmusini.

Saa abatow no mu no wɔ saa mpesua no mu no aba dodow a wɔtoo sii 20,697. Salia nyaa aba yi nyinaa mu aba 15,580. Eyi gyina hɔ ma aba no ɔha mu nkyekɛm 75.3(75.3%).[6]

Salia ne James Amare a na ɔwɔ People's National Convention, Winifred A. Dy-Yakrah a na ɔwɔ New Patriotic Party ne Nuah Bibiana na esii akan wɔ saa abatow no mu.

James Amare nyaa abatow no mu aba 483. Winifred A. DY-Yakah nyaa abatow no mu aba 4280. Nuah Bibiana nso nyaa abatow no mu aba 354.

Te sɛ 2000 abatow no mu no, 2004 wɔtoo aba maa Salia no na ɔka National Democratic Congress amanyɔkuw no ho. Wɔ saa abatow no mu saa afe no, National Democratic Congress nyaa mpɛsua nson wɔ Ghana Atifi Atɔe mpɛsua no nyinaa mu. Wɔ mmarahyɛbadwam saa afe no, mmarahyɛbadwamfo a na wɔka National Democratic Congress ho dodow sii 94 wɔ mmarahyɛbadwafo 200 mu.[6]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Na Salia yɛ Kristoni. Ɔwoo mma annan.[1] Edward Salia fii mu Ɔgyefuo da a ɛtɔ so 16, 2009.[3]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Edward-Salia-is-dead-157774
  2. 2.0 2.1 https://www.modernghana.com/news/202792/ndc-mp-for-jirapa-edward-salia-is-dead.html
  3. 3.0 3.1 https://www.modernghana.com/news/207232/1/state-funeral-held-for-edward-salia.html
  4. https://www.myjoyonline.com/president-announces-state-funeral-for-late-salia/
  5. 5.0 5.1 5.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/upperwest/177/
  6. 6.0 6.1 6.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/upperwest/177/