E. D. K. Adjabeng

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
E. D. K. Adjabeng
nnipa
sex or gendermale Sesa
position heldJustice of the Supreme Court of Ghana Sesa

Elliot Divine Kwami Adjabeng[1]Ghana asɛnnibea kunini tɛmmuafoɔ a wakɔ ahomegyeɛ mu.[2] Ɔdii asɛnnibea no fi afe apem ahankron ne aduokron num kosi mfe mpem mmienu ne mmienu mu.(1995 - 2002).

Adjabeng fi Avatime a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[3] Ɔno ne mmaranimfo kumaa a ɔbɛyɛɛ ɔtɛmmuafo wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nnan (1984) mu bere a ɔsom sɛ mmaranimfo mfeɛ nson ansa na wɔrepaw no sɛ ɔnyɛ ɔtemmuafoɔ no.[4] Saa bere no ɔmampanyin Jerry John Rawlings na ɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ Asɛnnibea Kunini no wɔ Ɔgyefoɔ bosom da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduokron num (February 22, 1995).[5] Ɔdii dwuma firi saa berɛ no so kɔsii Ahinime bosom no mu wɔ mfe mpem mmienu ne mmienu no mu (2002) berɛ a ɔgyaee adwuma a na wadi mfeɛ aduosia nnan (64), na aka afe nsia (6) na mfeɛ a wɔhyɛ sɛ ɔbɛkɔ pɛnhyen a ɛyɛ mfeɛ aduoson (70) no adu.[4][6] Saa bere no ɔmampanyin a wɔde krataa a ɛkyerɛ sɛ ɔregyae adwuma no kɔmaa no no, John Agyekum Kufuor gyee krataa no tomu na ɔdaa no ase wɔ ɔsom kɛse a ɔde ama ɔman no ho na ɔsan nso maa no da yie.[6]

Berɛ a na ɔresom wɔ Asɛnnibea Kunini no mu wɔ saa berɛ no so no, na okura gyinabea a emu yɛ den tiaa Fast Track Courts (FTCs) no, ɔkaa sɛ, asɛnnibea ahorow no mu mpaapaemu soronko a wɔbɛhyehyɛ a nneɛma titiri wom no rentumi nyɛ adwuma a wɔanyɛ nsakrae biara wɔ kɔɔto kɛseɛ mmara no mu.[6]

Na ɔgye di sɛ ( FTC) de akwankyerɛ ahorow bi a ɛyɛ soronko firi mmara a aberɛ biara no Kɔɔtɔ kɛseɛ no de di dwuma na deɛ ɛbɛba ne sɛ wei ɛbɛsɛe mmara no.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Nigerian Bar Association (1980). Proceedings and papers of the sixth Commonwealth Law Conference, Lagos, Nigeria, 17th-23rd August, 1980. Nigerian Bar Association, Lagos, Nigeria. p. 619. ISBN 9780421324206.
  2. Ghanaian Judiciary. ALBERT ANTHONY AMPONG 2.ADIM ODOOM v ATTORNEY GENERAL. Ghanaian Judiciary.
  3. "GILLBT dedicates 30th Mother Tongue New Testament". GILLBT. Retrieved 24 February 2020.
  4. 4.0 4.1 "Supreme Court Judge resigns ?". Ghana Web. Retrieved 24 February 2020.
  5. "The Supreme Court of Ghana Law Reports". The Supreme Court of Ghana Law Reports. Advanced Legal Publications. 1996.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 "Supreme Court judge quits prematurely". Modern Ghana. Retrieved 24 February 2020.