Dwumadini:Christian Owusu Ansah

Ɛfi Wikipedia

Robert Samuel Blay[sesa]

Robert Samuel Blay, JSC na ɔyɛ Gaanni mmaranimfoɔ ne ɔtɛmmuafoɔ. Na ɔyɛ Supreme Court of Ghana Atɛnteneeni wɔ fahoodie fa ɛdi kan no mu.[1] na wɔtaa frɛ no Nzema mmaranimni.[2] ƆbƐyɛɛ titenani maa Gaana Mmaranimfoɔ Kuo no wɔ ne mprenu so na afei nso ɔsane bɛyɛɛ akannifoɔ kuo a edi kan maa Gaana sikakorabea.[3]

Mfiase Asetena Ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Robert wɔ Oforisuo, wɔ afe apem ahankron ne baako mu (April 1901) wɔ Esiama a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam. Ɔfirii aseɛ suaa adeɛ wɔ Tarkwa Methodist Sukuu wɔ Tarkwa. Ɔkɔɔ Government Training Institution (a akyiri yi wɔde kaa Achimota College ho) sɛ ɔkyerɛkyerɛni. Wɔ afe apem ahankron ne aduonu (1920) mu no, ɔsii mu kɔɔ United Kingdom kɔsuaa mmara. Wɔfrɛɛ no sɛ mmaranimfoɔ wɔ Ayɛwohomumu wɔ afe apem ahankron ne aduonu nsia mu (June 1926). Berɛ a na ɔyɛ sukuuni wɔ London Suapɔn mu no[4] na Robert de ne ho hyɛɛ sukuufoɔ amanyɔsɛm mu. Ɔyɛɛ adwuma wɔ sukuufoɔ akuo ahodoɔ mu. Berɛ bi na ɔyɛ Afrikafoɔ Asuafoɔ Kuo no titenani, kuo bi a na wɔgye wɔn a wɔfiri Caribbean ne Afrika aman a na wɔhyɛ wɔn ase no mufoɔ to mu. Afei nso na ɔyɛ West African Students Union no mu panyin. Berɛ a ɔwɔ London no, ɔde adwene baeɛ sɛ ɔbɛte Gold Coast Asuafoɔ Kuo a na ɛwɔ hɔ saa bere no.[5]

Adwumayɛ Ne Amanyɔsɛm[sesa]

Berɛ a Robert wieeɛ akyerɛkyerɛfoɔ nteteeɛ no, ɔkyerɛɛ adeɛ bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa wɔ Tarkwa Methodist Sukuu mu. Berɛ a Robert sane baa Ghana wɔ afe apem ahankron aduonu nsia (1926) mu no, ɔkɔkaa Aborigines Rights Protection Society ho. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ United Gold Coast Convention no ho akannifoɔ[6][7][8] ne ɔkannifoɔ a ɔdi kan wɔ United Gold Coast Convention no mu,[9][10] na ɔyɛ kannifoɔ a ɔto so mmiɛnsa. Wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe (1958) mu no, berɛ a na ɔyɛ ɔman panyin saa bere no, Dr. Kwame Nkrumah na odii kan too Ghana Bank Board.[11] Ɔyimm Sekondi wɔ mmarahyɛ badwa mu sɛ n'ahenkuro muni.[12][13]

Sɛ woyi amanyɔsɛm ne aban adwuma to nkyɛn a, Robert bɛyɛɛ mmaranimfoɔ wɔ Sekondi.[14] Ɔhyehyɛɛ Nzema Chambers wɔ afe apem ahankron aduonu nsia (1926) mu (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Blay ne Associates).[15] Ɔyɛɛ Ghana Bar Association no titenani mprenu. Ɔbɛyɛɛ Ghana Bar Association no titenani a ɔdi kan wɔ afe apem ahankron aduonum nson (1957) mu. Ɔbɛyɛɛ kuo no titenani kɔsii afe apem ahankron aduonum nkron (1959). Archie Casely-Hayford na ɔdii n'adeɛ. Wɔ afe apem ahankron aduosia (1960) mu no, ɔsane bɛyɛɛ nhyiamu no titenani, na ɔyɛɛ saa adwuma no kɔsii afe apem ahankron aduosia mmienu (1962).[16] N'animuonyam a ɔnyaeɛ wɔ ankorankorɛ adwuma mu nti, ɔfaa Kwame Nkrumah a na ɔyɛ ɔmampanyin saa berɛ no sɛ Ɔtɛmmuafoɔ wɔ Asɛnnibea Kunini mu wɔ afe apem ahankron aduosia mmienu (1962) mu. Ɔne Kofi Adumua Bossman ne Edward Akufo-Addo a na ɔyɛ Ghana manpanyin saa berɛ no; Kwame Nkrumah[17][18] twaa kwan wɔ Ɔbɛnem, da a ɛto so mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron aduosia nnan mu (March 2, 1964) esiane sɛ wɔkasa tiaa Sir a wɔyii no no nti. Sir Kobina Arku Korsah ne William Bedford Van LareTawia Adamafio ne afoforɔ a wɔyii wɔn firii ɔman mu afɔdie mu no ho. Wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (1969) mu no, na ɔbɛyɛɛ badwam kasafo wɔ badwam nhyiam a wɔyɛɛ ɔmanpanin a ɔto so mmienu no mmara no mu.[19][20] Wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe (1978) mu, Ghana aban abatoɔ no akyiri no, ɔde ne ho too afiase saa afe no ara denam habeas corpus a ɔde kɔmaa Sekondi Asɛnnibea Kunini no so. J. Da Rocha ne K. A. Gbedemah kɔ asɛnnibea kɔkyerɛ wɔn nea enti a wɔkyeree wɔn.[5]

N'ankasa asetena[sesa]

Ɔwaree Mrs. Dinah Blay. Na ɔyɛ Ghana man mu aban mu adwumayɛni, aman-aman ntam nkutahodieni ne ɔbaa a ɔdii kan a ɔsan bɛyɛɛ ɔmampanyin wɔ Ghana suapɔn (Legon) mu, Mary Chinery-Hesse, ne Dr. Mokowa Blay Adu-Gyamfi, kane Ghana Ɔmampanyin wɔ Sierra Leone na seesei ɔyɛ Ghana Aids Commission Director. N'ani gye tɛnnis, cricket, gɔf ne bɔɔlɔ bɔ ho.[5]

Owuo[sesa]

Owuiɛ wɔ Ɔpɛnimaa, da a ɛto so nnum wɔ afe apem ahankron aduoson nkron (December 5, 1979) mu wɔ Sekondi. Wɔsiee no wɔ ne kurom Esiama wɔ Ɔpɛnimaa da ɛto so aduonu mmienu wɔ afe apem ahankron aduoson nkron mu. (December 22, 1979).[21]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. A. Miller (1982), "Viewpoints from Tropical Hardwood Producing Countries", Forestry Sciences, Dordrecht: Springer Netherlands, pp. 307–316, ISBN 978-90-481-8271-8, retrieved 2023-03-29
  2. Kathryn Virzi, Carol Parrington (2019), "Identifying Factors That Hinder the Acceptance of Chinese Brands among US Consumers", OALib, vol. 06, no. 07, pp. 1–12, doi:10.4236/oalib.1105513, ISSN 2333-9721, retrieved 2023-03-29
  3. Hassoum Ceesay (2020), "The Prison Letters of Dr. J. B. Danquah ed. by B. G. Jallow", Ghana Studies, vol. 23, no. 1, pp. 112–114, doi:10.1353/ghs.2020.0006, ISSN 2333-7168, retrieved 2023-03-29
  4. "MEDICINE AND THE LAW.", The Lancet, vol. 207, no. 5350, pp. 569–570, 1926-03, doi:10.1016/s0140-6736(00)92969-6, ISSN 0140-6736, retrieved 2023-03-30 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. 5.0 5.1 5.2 Christopher R. Hill (1969-01), "Book Reviews : South West Africa and its Human Issues. By JOHN H. WELLINGTON (Oxford, Clarendon Press, 1967). xxiv + 461 pp. 84s. South West Africa: Travesty of Trust. Edited by RONALD SEGAL and RUTH FIRST (London, André Deutsch Limited, 1967). 352 pp. 45s. The South-West Africa Case. By M. HIDAYATULLAH (London, Asia Publishing House, 1967). ix + 144 pp. 25s", Race, vol. 10, no. 3, pp. 389–390, doi:10.1177/030639686901000318, ISSN 0033-7277, retrieved 2023-03-30 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. Recognized Leader and Mentor Dr. Robert J. Mayer Receives Distinguished Achievement Award, 2019-05-13, retrieved 2023-03-30
  7. James S. Coleman, Carl G. Rosberg, ed. (1964-12-31), Political Parties and National Integration in Tropical Africa, doi:10.1525/9780520311756, retrieved 2023-03-30
  8. Dennis Austin (2014), Politicians and Soldiers in Ghana 1966-1972., Robin Luckham, Hoboken: Taylor and Francis, ISBN 978-1-317-79223-9, OCLC 871224347, retrieved 2023-03-30
  9. Dennis Austin (1976), Ghana observed : essays on the politics of a West African republic, Manchester: Manchester University Press, ISBN 0-8419-0278-X, OCLC 2189447, retrieved 2023-03-30
  10. Marthus-Adden Zimboiant (2013), Turkey character, [Bloomington], ISBN 978-1-4817-9558-6, OCLC 852829977, retrieved 2023-03-30
  11. cadernos-do-cedi-no13-june-1984-60-pp, retrieved 2023-03-30
  12. Francis K. Danquah, The capsid, black pod and swollen shoot cacao diseases in Ghana, 1910-1966, retrieved 2023-03-30
  13. Roger Gocking (1999), Facing two ways : Ghana's coastal communities under colonial rule, Lanham, Md.: University Press of America, ISBN 0-7618-1354-3, OCLC 41670626, retrieved 2023-03-30
  14. "Report on the Riots of 1948", The Ghana Reader, Duke University Press, pp. 259–264, 2016-02-04, retrieved 2023-03-30
  15. SPIE (2016-07-01), "Kent D. Choquette receives SPIE Technology Achievement Award", SPIE Professional, doi:10.1117/2.4201607.20, ISSN 1994-4403, retrieved 2023-03-30
  16. "Mfantsipim and the making of Ghana: a centenary history, 1876-1976", Choice Reviews Online, vol. 34, no. 08, pp. 34–4620-34-4620, 1997-04-01, doi:10.5860/choice.34-4620, ISSN 0009-4978, retrieved 2023-03-30
  17. Thomas A. Howell (1972), Ghana & Nkrumah., Jeffrey P. Rajasooria, New York,: Facts on File, Inc, ISBN 0-87196-191-1, OCLC 483853, retrieved 2023-03-30{{citation}}: CS1 maint: extra punctuation (link)
  18. Japan Times Weekly, Volume 03, Issue 10 - 1939-07-06, retrieved 2023-03-30
  19. "Ghana Bar Association", Wikipedia (in English), 2023-03-13, retrieved 2023-03-30
  20. Israel's Messenger, Volume 07, Issue 06 - 1920-07-16, retrieved 2023-03-30
  21. Moscow Daily News 1980-07-06, retrieved 2023-03-30