Jacob Bawiine Boon

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Jacob Bawiine Boon( wɔwoo no Ɔpɛnimma 23, 1956) ɔyɛ Ghana manyɔni a na ɔka Mmarahyɛbedwafie a edi kan wɔ Ghana ‘Republic’ a ɛtɔ so nnan no mu. Na ɔyɛ ananmusini ma Lambuissie Abatoɔ Mpɛsoa ɛwɔ Atifi-Atɔɛ Mantam.

N’abrabɔahyeaseɛ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Boon wɔ Ɔpɛnimma da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa, afe apem ahankron aduonum nsia wɔ Lambussie a ɛwɔ Atifi Atɔɛ Mantam.Ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Tamale Secondary School na owieɛ no, ɔtoaa so wɔ University of Ghana,na ɛhɔ na onyaa n’abasobɔdeɛ wɔ Bachelor of Law mu. Wonyaa Barrister at-Law abodin krataa firii Ghana school of Law ma ɔbɛyɛɛ mmaranimfoɔ.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba paw no sɛ ananmusini ma Lambussie abatoɔ mpasua so wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu wɔ Atifi-Atɔe Mantam mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ berɛ mu. Onimuonyamfoɔ Luke Koo bɛtoaa dibea yi so berɛ a wɔpaw no sɛ ananmusini foforɔ wɔ afe apem ahankron aduokron nsia(1996) abatoɔ berɛ mu. Luke nyaa aba no mu mpem nkron ahanson aduonnwɔtwe nnum(9,785) a ɛyɛ ɔha mu nkyemu aduonum nnwɔtwe ne akyiripɔw nnum(58.50). Owura Anthony Balaroo a ogyinaa mu maa New Patriotic Party no nyaa aba dodow apem ne ahanum aduokron nsia(1,596) a ɛyɛ ɔha mu nkyemu nkron ne akyiripɔ nnum(9.50). Afei Owura Alexander Ambreh Bayowoh a ogyinaa mu maa People’s National Convention no nyaa aba no mu ɔha nnwɔtwe ne aduonum nnan a ɛyɛ ɔha mu nkyemu nnum ne akyiripɔw baako(5.1).[1][2]

Adwuma[sesa]

Ɔyɛɛ adwuma sɛ mmarahyɛni ne mmarahyɛbedwani maa Lambussie abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Atifi-Atɔe mantam mu wɔ Ghana.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Boon yɛ ɔbosomsomni. Ɔwaree Owurayere Alice Teni Boon a berɛ bi na ɔsom sɛ mmarahyɛbedwanii ma Lambuissie abatoɔ mpɛsoa no.

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/upperwest/178/index.php
  2. https://www.thinkghana.com/pages/1996/parliament/upperwest/178/index.php