Dominic Fobih

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Dominic Fobih (Born 16 Kitawonsa 1942) yɛ Gaana amanyɔni, Ɔbenfo ne Ɔkyerɛkyerɛni. Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Assin South a ɛwɔ mfifini mantan efriri afe 2001 de kɔ 2017. N'amanyɔkuo ne New Patriotic Party. Na ɔsan yɛ soafoɔ ma Lands, Forestry and Mines bere a John Agyekum Kufour yɛ Gaanaman payin.[1][2]

Abrabɔ ahyɛase ne sukuu[sesa]

Wɔ woo Fobih Kitawonsa bosome ne da ɛtɔso 16. wɔ kuro bi a wɔ frɛ no Assin Jakai wɔ mfifini mantan wɔ Gaana. Ɔnyaa n'abɔdin PhD wɔ Educational psychology wɔ University of Alberta a ɛwɔ Canada afe1979.[1]

Adwumasɛm ne Amanyɔsɛm[sesa]

Fobih New Patriotic Party amanyɔni. Mmrɛ a wɔ too afe 2000 abatoɔ no, ɔnyaa mma 16,963 wɔ 31,843 abatoɔ no nyinaa a ɛyɛ 53.3%. Ɛfiri 2003 kɔsi 2007 bere a ɛkane Gaanaman payin John Agyekum Kuffour's tesoɔ no, na Fobih yɛ soafoɔ ma Minister of Lands, Forestry and Mines.[3] Afe 2008 kɔsi 2012 na Fobih yɛ mmrahyɛbadwani ma Assin South mansini. Afei so, bere a ɔwɔ mmrahyɛbadwafie no, na commitee a ɔwom yɛ Adesua ne adan commitee (Education and House committees). Afe 2012 na ɔyɛ kasamafo ma adesua ho sɛm wɔ mmrahyɛbadwafie. Fobih yɛ Ɔkyerɛkyerɛni wɔ University of Cape Coast sukuupɔn. Seisei ɔyɛ ɔtitenamni ma Ghana Education Trust fund (GETFUND).[4][5][6]

N'abrabɔ[sesa]

Fobih aware wɔ nkwadaa nkron.Ɔsan yɛ Kristoni.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=142
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Twenty-nine-Ministers-sworn-into-office-74556
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Government-names-new-Cabinet-34819
  4. https://www.parliament.gh/mps?az&P=a
  5. https://www.graphic.com.gh/news/education/govt-has-failed-to-deliver-on-education-minority.html
  6. https://www.graphic.com.gh/news/education/getfund-sets-up-monitoring-team-for-projects.html