Deborah Owusu-Bonsu
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
| bɔbeasu | female |
|---|---|
| ɔman a ofiri mu | Ghana |
| din a wɔde ama no | Deborah |
| abusua din | Owusu, Bonsu |
| da a wɔwoo no | 25 Ɔsanaa 1984 |
| sibling | Wanlov the Kubolor |
| languages spoken, written or signed | Brɔfo |
| n'adwuma | television presenter, musician |
| educated at | University of the Arts London, Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Wesley Girls' High School |
| academic degree | bachelor's degree, master's degree |
| academic major | publishing, book publishing |
| start of work period | 1994 |
| magnum opus | Pure Water |
Deborah Owusu-Bonsu(a wɔwoo no Kitawonsa 25 1984)) a nnipa dodoɔ no ara nim no sɛ wɔfrɛ no Sister Derby[1] yɛ Ghanani a ɔyɛ adwuma wɔ kasamfoni so, ɔyɛ nnwomtoni na ɔyɛ model na Akan ɛna ɔyɛ ɛnkane e.tv a ɛwɔ Ghana dwumayɛni.[1]
Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua
[sesa]Wɔwoo Deborah Vanessa Owusu-Bonsu wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu num wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan, ɔpapa yɛ Asantenii na ɔmaame yɛ Romaniani. Na n'awofoɔ yɛ nnipa bi a wɔm gye nnwom ne ɛho dwumadie bi. Ɔyɛ kyeame wɔ Kasamfoni, model, nnwomtoni, obi a ɔdwidwi nnoɔma fa adesua ho. [2]Owusu-Bonsu nuabarima ne nnwomtoni a wagye din paa wɔ hip Life nnwomtoɔ mu a wɔfrɛ no Wanlov the Kubolor a wɔyii sini bi a yɛfrɛ no Coz Ov Moni.[2] Owusu-Bonsu kɔɔ Christ the King mmɔtofoa sukuu, ɛna ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Wesley Girls'. [2]Owusu-Bonsu nyaa ne bakyela degree wɔ Publishing Studies wɔ Kwame Nkrumah suapɔn mu ɛna ɔtoaa ne Master degree so kɔsua Book/Journal Publishing firii University of the Arts London.[2]
Adwuma a ɔyɛ
[sesa]Owusu-Bonsu akyerɛ adwuma a ɔyɛ ne sɛdeɛ n'ani so gye adwuma a wɔyɛ no ho a ɔyɛ adwuma kamakama wɔ nnwumakuo nketewa ne akɛseɛ a ɛwɔ Ghana, United States ne United Kingdom. [2]Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mu no, Owusu-Bonsu kɔtoo nnwom twee na ɔde nnwom (single) a wato ne din 'Uncle Obama' a ɔkasa fa Barack Obama ho a ɛgyee Kasamfoni a ɛwɔ United States a wɔfrɛ no CNN so.[3] Firi mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu no, Owusu-Bonsu na na ɔyɛ kyeame ma dwumadie bi a wato no di 'The late Nite celebrity show' a wɔyi no wɔ e.tv a ɛwɔ Ghana.[4] Ɛno akyire no ɔkɔɔ GHOne kasamfoni so a ɔkɔyɛɛ dwumadie kyeame maa 'Gliterrati' mmerɛ tiawa bi mu na ɔsane maa Berla Mundi.[5]
N'abrabɔ
[sesa]Ɔne rapper bi wɔfrɛ no Medikal twee mpena bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa ansa na ɔne no regyae wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu.[6]
Nnwom a ɔde aba abɔnten
[sesa]Mmaako mmaako
| Year | Title | Artist |
|---|---|---|
| 2012 | Uncle Obama | Sister Deborah ft (FOKN Bois) |
| 2015 | Kikoliki | Sister Deborah ft (Joey B) |
| 2017 | Sampanana | Sister Deborah ft (Medikal) |
| 2018 | Pure Water | Sister Deborah ft (Efya) |
| 2018 | Kakalika Love | Sister Deborah ft (Efo Chameleon) |
| 2019 | Libilibi | Sister Deborah ft (Yaa Pono) |
Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 "Meet Sister Derby and Wanlov's beautiful 65-year-old 'obroni' mother"
- 1 2 3 4 5 "Deborah Vanessa Owusu-Bonsu Uncovered!"
- ↑ "Deborah Vanessa Drops Single 'Uncle Obama'"
- ↑ "Deborah Vanessa wins Fashion 101 top prize"
- ↑ "Confirmed: Deborah Vanessa and Medikal are dating"
- ↑ "Deborah Vanessa confirms break-up with Medikal"