David Yaw Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
David Yaw Mensah
Member of Parliament for Atebubu North Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Member of Parliament for Atebubu North Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔPresby Training College, Akropong
N'adwumaAmanyɔni, Ɔkyerɛkyerɛni

David Yaw Mensah yɛ obi a ɔyɛ amanyɔsɛm wɔ Ghana man mu na na ɔyɛ ɔnanmusini wɔ mmrahyɛbadwa fie ma Bono Ahafo mantɔw no fa a wɔfrɛ no Atebubu North mpɛsoaso hɔfo no.

Na Yaw Mensah yɛ mmrahyɛbadwemnyi wɔ Ghana mmrahyɛbadwa a ɔto so ebien ne mmiɛnsa (2nd and 3rd Parliament) wɔ Ghana repɔbrik nnan (4th republic of Ghana) no mu.

N`abrabɔ ne ne sukuu[sesa]

Wɔwoo Mensah wɔ afe 1943, Ɔpɛpɔn bosome no mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Presby Training College a ɛwɔ Akropong wɔ apuei mantɔw mu. Saa nteteeyɛ skuul yi mu na onyaa abodin krataa a ɔma obi tum kyerɛ ade.

Adwumayɛ[sesa]

Adwuma titiriw a ɔyɛ ne adekyerɛ. Eyi ne adwuma titiriw ɔyɛ a ɔwɔ ho abodin krataa nanso ɔsan yɛ Ghana amanyɔni.

Amanyɔsɛm[sesa]

Mensah yɛ National Democratic Congress(NDC) amnyɔkuw no mu ni. Wɔtoo aba yii no ma ɔbɛyɛɛ ɔnanmusini wɔ mmrahyɛbadwa fie ma Bono Ahafo mantɔw no fa a wɔfrɛ no Atebubu North mpɛsoaso hɔfo no. Osii mpɔtɛm hofo no ananmu wɔ Ghana mmrahyɛbadwa a ɔto so ebien ne mmiɛnsa (2nd and 3rd Parliament) wɔ Gaana repɔbrik nnan (4th republic of Ghana) no mu.

Ɔde n`adwuma baa awieɛ no, Emmanuel Owusu Mainu besii n`nanmu aber a wɔsesaa mpɔtɛm hɔ din no fii Atebubu North kɔɔ Atebubu Amantin wɔ afe 2004 Ghanafoɔ abatoɔ mu no.[1][2]

Abatoɔ[sesa]

Abere a odi kan a wɔtoo aba yii Menah ma no kɔɔ mmrahyɛbadwa fie yɛ afe 1993, bosome Ɔpɛpɔn ne da ɔto so 7. Saa aber yi na w`adi nkonim wɔ mmrahyɛbadwa fie abato no mu wɔ afe 1992, Ɔpɛnimma bosome no da ɔto so 29 Ghanafoɔ abatoɔ no mu.

Afei wɔ afe 1996, Ghanafo abato no mu nso, nnipa a wɔn dodow yɛ 22,140 san to maa no ma no dii nkonim wɔ Atebubu North mpɛsoaso hɔ bio. Sɛ yɛde kɔ Ɔha mu nhyehyɛmu a, aba a onyaa no gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduanan nson ne akyirpɔw nnan (47.40%).[3] Mensah, wɔ afe 2000 mu san gyinaa mu ma wɔtoo ne so aba wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuw no din mu wɔ ne mpɛsoa no so. Na ne mpɛsoa no ka mmrahyɛbadwa agua nson a NDC amanyɔkuw no nya fii agua aduonu baako a na ɛwɔ Bono Ahafo mantɔw no mu no.[2][4][5] Saa afe yi, amanyɔkuw National Democratic Congress bɛyɛɛ dɔm kumaa wɔ mmrahyɛbadwafie esiane sɛ mmrahyɛbadwa agua a ne dodow yɛ aha mmienu (200) no, ɛmu aduokron mmienu (92) na wodii mu nkonim wɔ Ghana mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa mu. Aba dodow a Yaw Mensah nyaa fii aba 29,893 mu no yɛ 13,229 (44.6%). Wɔn a, ɔne wɔn sii akan no nye Joseph Kwabena Manu a na ɔndom amanyɔkuw biara, Winston Samuel Binabiba a na ɔdom National Reform Party amanyɔkuw no, Mahama Ikunjoony a na ɔdom New Patriotic Party amanyɔkuw, Francis Kwabena Dorkoseh a na ɔdom People's National Convention amanyɔkuw, ne Niekuu Bayor Franklin a na Convention People's Party amanyɔkuw no. Aba wɔn mu biara nyaa dodow yɛ 10,563; 533, 529, ne 177 wɔ ndidisoɔ pɛpɛɛpɛ mu wɔ nnipa dodow a wɔtoo aba no nyinaa mu. Sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛm a, wobenya 39.5%, 2.0%, 2.0%, ne 0,7% ndidisoɔ pɛpɛɛpɛ.[6]

Ɔsom[sesa]

Mensah yɛ Kristo kyidinyi.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/brongahafo/44/index.php
  2. 2.0 2.1 https://web.archive.org/web/20200219090455/http://archive.ipu.org:80/parline-e/reports/arc/2123_92.htm
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/brongahafo/index.php
  4. https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/
  5. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/brongahafo/index.php
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/brongahafo/247/index.php