David Kwasi Amankwah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
David Kwasi Amankwah
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Asunafo North mpɛsoa
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
AnanmusiniBenjamin Osei Kuffour
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaAmanyɔni, Ɔkyerɛkyerɛni

David Kwesi AmankwahGhana amanyɔni. Na ɔyɛ ananmusini ma Asunafo North a ɛwɔ Bono Ahafo mantam mu no wɔ Mmrahyɛbadwafie.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne skuul[sesa]

Wɔwoo Amankwah wɔ Ayɛwohommumɔ da a ɔto so 16, afe apem aha-nkron aduanan mmiɛnsa (1943) mu wɔ Bono Ahofo mantam a ɛwɔ Ghana no mu. Ɔgyee ne suapɔn mu nteteeyɛ wɔ Cape Coast Suapɔn kɛseɛ no mu wɔ Mfinfini mantam mu. N`abodin krataa a ɛkura no nye Abodie mu nyansapɛ mu ɔbenfo wɔ nhomasua mu (Bsc. Science degree in Education).[1]

Adwumayɛ[sesa]

Amankwah yɛ ɔkyerɛkyerɛnyi ne obi ɔyɛ amnyɔsɛm wɔ Ghanaman yi mu.[2]

N`amanyɔnsɛm akwantu[sesa]

Bere a odi kan a wɔtoo aba yii no kɔɔ Ghana adehyeman a ɔto so nnan (4th republic) no mmrahyɛbadwa fie nye afe 1993, ɔpɛpɔn da ɔtɔ so nson. Saa aber yi na w`adi nkonim wɔ afe 1992 Ghana mmrahyɛbadwa fie abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimaa bosom no da ɔto so 29, afe 1992 mu no mu.

Wɔ afe 1996 mu no, wɔsan too aba ma no bio ma ɔkɔɔ mmrahyɛabadwa fie wɔ Ghanafoɔ nyinaa aba a wɔtoo no mu. Amanyɔkuw a, ɔgyinaa hɔ maa wɔn nye National Democratic Congress (NDC).[1][2][3] Afoforo a ɔne wɔn sii akan no mu bi nye, Osei Benjamin Kuffour a ɔyɛ amanyɔwkuw New Patriotic Party (NPP) mu ni ne Michael Maham Nabla a ɔno nso yɛ amanyɔwkuw People's National Convention (PNC) mu ni. Amankwah de aba no mu 20,326, kyerɛ nnipa dodow a wɔtoo maa no, na edii nkonim na onii a na odi n`akyi nye NPP ni Benjamin Osei Kuffour na ɔno nso aba yɛ 17,048, kyerɛ abatofoɔ a wɔto maa no. Afei ma otwa to anaa ɔto so abiesa nye PNC ni Michael Maham Nabla na ɔno nso aba dodow yɛ 618.[3] Sɛ yɛhyehyɛ no pɛpɛɛpɛ a, ɛbɛyɛ ɔha mu nkyekyɛm aduanan baako ne akyirpɔw nwɔtwe (41.80%), ɔha mu nkyekyɛm aduasa nnum ne akyiripɔw baako (35.10%) ne ɔha mu nkyekyɛm baako ne akyirpɔw mmiɛnsa (1.30%).

Amankwah sii Asunafo North Mpɔtɛmfoɔ no ananmu fi afe 1993 besii afe 2000. Ɔfii hɔ no, NPP ni Benjamin Osei Kuffour na ɔbɛsii n`ananmu wɔ afe 2000 Ghanafoɔ abatoɔ no mu.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanamps.com/mp/amankwah-kwasi-david/
  2. 2.0 2.1 http://www.ghanareview.com/parlia/BrongAhafo.html
  3. 3.0 3.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/brongahafo/
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/brongahafo/index.php