David Apasera

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

David Asibi Ayindenaba Apasera yɛ Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ ɔmampanyin a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔmanpanyin wɔ People’s National Convention (PNC) mu wɔ afe 2020 Ghana amansan abatow no mu . Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Bolgatanga wɔ Upper East Region of Ghana wɔ afe 2001 ne 2009 ntam.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Apasera wɔ Ghana na ɔfaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ ɔman no mu.[1]

Adwuma[sesa]

pasera yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ n’ankasa adwuma.[2]

mmrahyɛbagua no mu abatow[sesa]

Apasera dii kan tuu mmirika kɔɔ abatoɔ mu wɔ afe 1996 Ghana amansan abatoɔ mu baabi a ɔde People’s National Convention’s (PNC) tekiti sii akan wɔ Bolgatanga mansin no mu. Ɔdii nea ɛtɔ so mmienu a ɔnyaa abatoɔ bɛyɛ 21%. Nanso ɔdii MP a ɔdi tumi seesei, Simon Abingya a ɔfiri National Democratic Congress (NDC) mu wɔ afe 2000 abatoɔ mu maa nkongua korɔ no ara sɛ ɔbɛyɛ mmrahyɛbaguani ama Bolgatanga a ɔnyaa abatoɔ 50.9% na ɔnyaa dodoɔ 7,575.[3] Apasera kuraa n’akongua so wɔ afe 2004 amansan abatoɔ no mu, ɔdii nkonim wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 38.6% nanso ɔnyaa abatoɔ dodoɔ no ara a wɔatew so 2,205. Na ɔyɛ MP baanum a wofi PNC ne CPP a ɔne MP a ɔde ne ho a ɔne NPP yɛɛ apam wɔ mmrahyɛbagua mu wɔ afe 2005 mu no mu biako. Wɔ afe 2008 amansan abatoɔ mu no, ɔdii nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɔdii Emmanuel Akolbire a ɔfiri NDC ne Mercy Alima Musah a ɔfiri New Patriotic Party (NPP) akyi a ɔnyaa abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 20.1%. Eyi maa ne bere a ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Bolgatanga no baa awiei wɔ Fourth Republic mmrahyɛbagua a ɛto so anan no mu wɔ 6 Ɔbɛnem 2009.

Ansa na afe 2012 abatoɔ no reba, wɔsan hyehyɛɛ Bolgatanga mantam no yɛɛ no Bolgatanga Mfinimfini ne Bolgatanga Apueeɛ mantam. Apasera dii Rockson Akugre so nkonim wɔ abatow 100 mu maa 83 maa PNC a wɔayi no sɛ ɔnkɔsi akan wɔ Bolgatanga Apuei fam agua no ho. Nanso wantumi anni nkonim, na ɔdii nea ɛtɔ so mmiɛnsa a ɔnyaa abatoɔ 13.1%. Apasera sii akan wɔ PNC primaries mu maa Bolgatanga East nkongua no ansa na afe 2016 abatoɔ no reba . Akasakasa bi sii ɔne Bernard Mornah a na ɔyɛ PNC guamtrani saa bere no ntam. Ɔbɔɔ Mornah sobo sɛ wapopa ne din afi din a kuw no de kɔmaa Ghana Abatow Bagua no mu . Awiei koraa no, wantumi ankɔ abatow adaka no so.

Ɔmampanyin a wɔpaw no[sesa]

Nanso afe 2020 mu no, ɔtumi nyaa amanyɔkuo no din sɛ wɔbɛsi akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ wɔn ɔmampanyin. Nea ɔne no retu mmirika no ne Divine Ayivor. Ɔyɛ nnipa dumien a wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn wɔ abatow no mu no mu biako.

Forum for Kan mmrahyɛbaguafo[sesa]

Ná David Apasera yɛ Forum for Former mmrahyɛbaguafo no kannifo. Ɔhwehwɛɛ pɛnhyen nhyehyɛe bi ne akatua afoforo a wɔde bɛma kan mmrahyɛbagua no mufo denneennen. Ɔko maa pɛnhyen hokwan ahorow no kosii Ghana Asɛnnibea Kunini no nyinaa . Justice Gbadegbe, wɔ ne valedictory atemmu mu no ɔkae sɛ ɛne ɔman mmara nhyia Chinery Hesse amanneɛbɔ a ɛkamfo pɛnhyen sika a na ɛyɛ nea ogyinaa so yɛɛ n’asɛyɛde no.

Ankorankoro asetra[sesa]

Apasera yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register, 2004–2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 165.
  2. Ghana Parliamentary Register, 2004–2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 165.
  3. Electoral Commission of Ghana – Parliamentary Result – Election 2000 (in English). Accra: Friedrich Ebert Stiftung. 12 December 2007. p. 47.