David Adjaye

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sir David Frank Adjaye OBE RA (wɔwoo no wɔ Ɛbɔ bosome da ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduosia nsia 22 September 1966) ɔyɛ Ghana-British ɔdansini. Wɔnim no sɛ obia w'asisi adan ahorow a adi mu wɔ wiase yi mu, ebi ne "National Museum of African", Amerika Abakɔsɛm ne Amammere a ɛwɔ Wɔhyenten, D.C. Wɔmaa Adjaye din foforɔ ka ne din ho wɔ mfe mpem aduonu ne dunson, afe foforɔ abasobɔdeɛ no, sɛ ɔreboa adansi ma no rekɔ so. Onyaa abasobɔdeɛ wɔ mfe mpem aduonu ne aduonu baako (2021)"Royal Gold Medal" a ɛma no yɛɛ obia a odikan wɔ abibirem a wagye abasobɔdeɛ na ɔsan nso yɛ obia onnyiniiɛ.

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nwomasua.[sesa]

Wɔwoo Adjaye wɔ Dar es Salaam, Tanzania. Ɔyɛ Ghanani ba barima a ɔyɛ diplomat, ɔte Tanzania, Egypt,  Yemen ne Lebanon ansana ɔrekɔ Breten berɛ a na wadi mfe nkron. Owie adesua no, ɔnyaa tumidie krataa wɔ BA ɛwɔ Adansim wɔ London South Bank Asuapɔn wɔ afe apem ahankron ne aduokron, wɔyii no sɛ "RIBA Medals"  panin a odii nkonim wɔ "RIBA Bronze Medals" ɛnam adweni bi a adi mu a ɔde baa abɔtene bere a na ɔkɔ sukuu no. Ɔpɔn ne ho wɔ mpanin adweninie (MA) wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) firii "Royal College of Art".

Nnwuma[sesa]

Afe apem dunkron ne aduokron mmiɛnsa (1993) mu no, afe no ara a owie asuapɔn no, Adjaye nyaa RIBA "Bronze Medal" abasobɔdeɛ , akyɛdeɛ a afiri RIBA adwuma mu, mpɛn pii no, adesuafoɔ a wɔn awie asuapɔn na anya. . Ansana no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛnii wɔ akitɛkyera adwumakuo mu a na ɔsan nso nyɛ ɔkyerɛkyerɛnii wɔ Adehyeɛ kɔlegye adweninie mu.

Nnwuma a adikan

Afie nnwuma ahodoɔ no bi ka ne nwuma a ɛdikan no ho, ebi ne Chris Ofili's fie wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron (1999), Dety fie ne Klass fie wɔ mfe mpem aduonu ne mmienu (2002). Afei ɔfiri hɔ kɔɔ n'anim wɔ nnwuma bi te sɛ "Idea Store" a ɛwɔ Whitechapel, UK, ɛne Nɔbel Asomdwie  Asoeɛ a ɛwɔ Oslo, Norway wɔ mfe mpem aduonu ne num (2005).

Nnwuma  afoforɔ bi a adimu ne "Bernie Grant Arts" asoeɛ ne Stephen Lawrence asoeɛ wɔ mfe mpem aduonu ne nson (2007) mu.

Nnwuma atitiri

Wɔyii Adjaye sɛ ɔbɛyɛ " Museum of Contemporary Art Denver" a wɔbuei no wɔ mfe mpem aduonu ne nson (2007) mu. Na adan no wɔ nkyekyɛm num na ɛsan nso wɔ beaɛ a yesua adeɛ, yɛdi dwa, yɛkenkan nwoma ne beaɛ a yɛgye hɛn ani.

Adjaye dii nkonim wɔ adweninie akansie ɛfa "Moscow School of Management  Skolkovo" a wɔn wie wɔ mfe mpem aduonu ne dunum (2010). Wamfa kwan a na wɔfa so si adan wɔ tete berɛ no mu ansi, wɔhyehyɛɛ dan no wɔ kwan a ɛbɛkanyan adesuafoɔ nkitahodie. Wɔ Oforisuo bosom da a ɛtɔ so dunum wɔ mfe mpem aduonu ne nkron (15 April 2019) mu no, wɔyii Adjaye  sɛ ɔdikanfoɔ wɔ adansi mu ma adansifoɔ kuo no a na Freelon kuo, Davis Brody Bond ne Smith kuo nso ka ho bi sɛ wɔnyɛ Aman Musiɔm wɔ Abibirim Amɛrika Abakɔsem ne Amammerɛ (National Meseum of African American History and Culture), Smithsonian Instituti Musium ɛwɔ Washington Aman adetɔnbea D.C wɔ sika foforo $540 ɔpepepepe. Wɔbuei adetɔnbea no wɔ mfe aduonu ne dunsia (2016), na wɔtoo no din amammerɛ dwumadie wɔ afe no mu (Cultural event of the year) a na afiri "New York Times". Ɛyɛ nimpa na wɔwɔ "Sky Art" adwuma mu ne adansie adweniniefoɔ nsɛm a wɔyɛɛ no wɔ afe mpem aduonu ne dunkron (2019).

Mfe mpem aduonu ne nson (2007) mu no, adwenini Linda Pace de too Adjaye anim sɛ ɔwene beaɛ bi a obetumi aboaboa ne adweninie ho nneɛma ano, ber tiawa bi na kokoram yareɛ a ɛtɔ anufuo mu bekum no wɔ saa afe no ara mu. Ruby City, a ɔwɔ San Antonio, Texas buei ano wɔ mfe mpem aduonu ne dunkron (2019).

Nnoɔma tɔn mu dwumadie

Adjaye hyɛɛ n'adwuma ase wɔ mfe mpem aduonu (2000) sɛ Adjaye fekuo. Afei, dwumakuo no di dwuma wɔ asoeɛ a ɛwɔ Nkran,  London ɛne New York na wɔsan nso awie nnwuma no bi nso wɔ Europe, Amerika atifi, Mfinimfin apuei, Asia ne Abibirem.

Nnwomasua mu diberɛ.

Adjaye na na ɔyɛ Louis Khan a odikan kɔseraa ɔbenfo wɔ Pennsylvania asuapɔn, na na ɔyɛ Kenzo Tange ɔbenfoɔ wɔ adansie ho wɔ "Harvard Graduate School of Design". Ɔsan nso yɛ afutuni wɔ Basilona asoeɛ a wɔhwɛ adansie so san nso som mpanimfoɔ a wɔtufo wɔ Basilona asoeɛ a wɔhwɛ adansie so ɛne LSE nkurow nnwuma.

N'abrabɔ[sesa]

Wɔ afe aduonu ne dunan (2004) mu no, Adjaye waree Ashley Shaw-Scott. Chris Ofili na na ɔyɛ n'akyitafoɔ. Adjaye asan nso ayɛ nnwuma  ahorow bebiree a ɔne ne nua Peter Adjaye na ɛka bɔɔ mu yɛɛ a ɛyɛ nwomtoɔ.

Wɔ mfe mpem aduonu ne dunwɔtwe (2008) mu no, "Bono" ne " Theaster Cates", bɛkaa Adjaye ho hyehyɛɛ (RED) "auction" a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Miami de boa wiase ntoboa adwuma de tia yareɛ AIDS, faa sika $10.5 ɔpepepepe ɛka sika a Bill ne Melinda Gates akuo no nso de  baeɛ.

Abasobɔdeɛ ne abɔdin[sesa]

Wɔ mfe aduonu ne nsia (2006) no, Adjaye ka nimpa ketewa a wɔfaa wɔn wɔ "Stirling Prize" wɔ "Whitechapel Idea Store" a wɔsiiɛ a ɛdaso ka afe apem ahankron ne aduosia (1960s) adansi dan no ho. Wɔyii no sɛ panin a ɔhyehyɛ mmra wɔ British ahemman no mu wɔ mfe mpem aduonu ne nson (2007) sɛ ɔsom pa a ɔwɔ ma British adansie. Mfe mpem aduonu ne dunsia (2016) no, ɔnyaa "Massachusetts Institute of Technology's" McDermott abasobɔdeɛ, a ɛyɛ $100.000 akyɛdeɛ ɛma ne bɔdenbɔ a ɔwɔ wɔ adwininie ho. Saa afe no ara mu na wɔtoo ne so aba yii no maa "American Philosophical Soceity". Wɔ mfe mpem aduonu ne dunɔtwe (2018) mu no, Adjaye nyaa Washington asuapɔn aman nyinaa adesaman abasobɔdeɛ no. Wɔ mfe mpem aduonu ne dunkron(2019) mu no, na ɔyɛ akuoba wɔ Prix Versailles Ɔman atɛmmuafoɔ mpaninfoɔ no ho. Ahinime bosome wɔ mfe mpem aduonu ne aduonu ( October 2020)  mu no, wɔbɔɔ Adjaye din yi no kyerɛɛ sɛ RIBA " Royal Gold Medal" nkonimdifoɔ ma mfe aduonu ne aduonu baako (2021) no mu, abasobɔdeɛ a "Royal Institute of British" adansifoɔ gyina British ɔhemaa no anamu yɛ no afe biara de kae ankorankora ne nimpakuo bi a wɔde wɔn ho hyɛ aman nyinaa adansie mu.

  • RIBA Bronze Medal for Architecture Students - 1990
  • Design Futures Council Senior Fellow
  • Design Miami/ Designer of the Year Award - 2011
  • Powerlist: Britain's Most Influential Black Person - 2012
  • Eugene McDermott Award in the Arts at MIT - 2016
  • Time magazine's 100 Most Influential People - 2017
  • Ghana Legacy Honors Impact in Architecture Award
  • AJ100 Contribution to the Profession Award - 2018
  • Thomas Jefferson Memorial Award - 2018
  • Louis I. Khan Memorial Award - 2018
  • Isamu Noguchi Award from the Noguchi Museum. - 2020
  • RIBA Royal Gold Medal - 2021
  • Crystal Award - 2021

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]