Charles Konadu-Yiadom

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Charles Konadu-Yiadom
Member of the Ghana Parliament
for Nkoranza South Constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoEmmanuel Kwadwo Agyekum
AnanmusiniEmmanuel Kwadwo Agyekum
Ne ho asɛm
Awo bereMay 24, 1968 (1968-05-24) (age 55)
Nkoranza, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaBanker

Charles Konadu-YiadomGhana amammuifoɔ ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no muni a ɔgyina Nkoranza South Constituency ananmu wɔ Bono East Region wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Konadu-Yiadom wɔ kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem ahankron aduosia nwɔtwe mu (1968) na ɔfiri Nkoranza a ɛwɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne Diploma wɔ Demokrase, Aban, Akannifoɔ ne Nkɔsoɔ mu wɔ Ghana Suapɔn mu.[2][3]

Adwumayɛ[sesa]

Konadu-Yiadom na na ɔyɛ Ɔkwankyerɛfo wɔ Brite Life Microfinance.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Konadu-Yiadom yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ Nkoranza South Constituency firi afe 2017 kɔsi afe 202.[3]

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 22,300 a ɛyɛɛ 50.7% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ baguani Emmanuel Kwadwo Agyekum nyaa abatoɔ 21,315 a ɛyɛɛ 48.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PPP mmarahyɛ bagua kandifoɔ Emmanuel Osei Antwi na ɔwɔ abatoɔ 227 a ɛyɛɛ 0.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, CPP mmarahyɛ bagua kandifoɔ Justice Baah Mathuselah nyaa abatoɔ 100 a ɛyɛɛ 0.2% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PNC mmarahyɛ bagua kandifoɔ Florence Ampour nyaa abatoɔ 25 a ɛyɛɛ 0.1% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.[4]

2020 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔhweree mmarahyɛ bagua no nkongua no maa NDC mmarahyɛ bagua no muni Emmanuel Kwadwo Agyekum.[5] Konadu-Yiadom nyaa abatoɔ 22,219 a ɛyɛɛ abatoɔ 43.04% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ baguani kandifoɔ Emmanuel Kwadwo Agyekum nyaa abatoɔ 29,408 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 56.96%, PNC mmarahyɛ baguani kandifoɔ Florence Ampour nyaa abatoɔ 0 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 0% to.[6]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Konadu-Yiadom yɛ Kristoni.[3]

Adɔeyɛ[sesa]

Wɔ afe 2018 mu no, ɔde aduane maa BECE abatoɔfoɔ a wɔwɔ ne mantam mu wɔ sɔhwɛ berɛ no mu.[7] Ɔsan nso de pon bɛyɛ 200 maa Nkoranza Senior High Technical School.

Wɔ afe 2019 mu no, ɔsan nso de bɛyɛ GHS 26,000.00 maeɛ de boaa borehole a wɔbɛsi ama Nkoranza Senior High Technical School.[8]

Akyinnyegye[sesa]

Wɔ November 2017 mu no, wɔkyerɛe sɛ Konadu-Yiadom too tuo guu Diana Attaa Kissiwaa a na ɔyɛ Nkoranza Municipal Chief Executive saa bere no so wɔ social media so. Akyiri yi Ghana Polisifoɔ no poo saa nsɛm no.[9]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 Charles Konadu-Yiadom, Biography, retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 3.2 Konadu-Yiadom, Charles (in American English), retrieved 2023-10-03
  4. Peace FM, 2016 Election - Nkoranza South Constituency Results, retrieved 2023-10-03
  5. Coverghana.com.gh (2020-12-08), Top incumbent NPP MPs who lost the December 2020 Parliamentary Election (in American English), retrieved 2023-10-03
  6. Nkoranza South – Election Data Center – The Ghana Report (in American English), retrieved 2023-10-03
  7. MP feeds BECE candidates, retrieved 2023-10-03
  8. GNA (2019-12-20), Nkoranza South MP supports construction of mechanised borehole for students | News Ghana (in American English), retrieved 2023-10-03
  9. GNA (2019-12-20), Nkoranza South MP supports construction of mechanised borehole for students | News Ghana (in American English), retrieved 2023-10-03