Emmanuel Kwadwo Agyekum

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Hon
Emmanuel Kwadwo Agyekum
Member of the Ghana Parliament
for Nkoranza South
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Emmanuel Kwadwo Agyekum

3 December 1973 (1973-12-03) (age 50)
Nkoranza
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
CommitteesSubsidiary Legislation Committee, Works and Housing Committee

Emmanuel Kwadwo Agyekum yɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni ma Nkoranza Anaafoɔ wɔ wɔ Ghana , Bono Apueiɛ mantam .[1][2][3] Wɔ Kotonimaa, mfeɛ mpem mmienu ne aduonu -mmienu (2022) mu no, ɔkaa sɛ Ghana Polisifoɔ too atuo wɔ Nkoranza tuo atotoatotoɔ a ɛkɔɔ so wɔ abatoɔ berɛ no mu no. Otuu Ghanafoɔ fo sɛ wɔnsɔre ntia polisifoɔ atirimɔdensɛm a na ɛrekɔ so saa berɛ no.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ Ɔpɛnimma da a ɛtɔ so mmeɛnsa, afe Apem, Ahankron ne Aduɔson-Mmeɛnsa (1973 )wɔ Nkoranza Ghana Bono Apueiɛ Mantam mu .[4]Ɔkɔɔ University of Westminster wɔ London, UK baabi a ɔnyaa MA wɔ Global Business mu wɔ afe 2007. Ɔsan nso nyaa IMBA wɔ International Graduate Center. Ɔkɔɔ so kɔɔ Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu a Wɔde Di Dwuma So wɔ Bremen, Germany wɔ afe 2008 mu.[5]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Emmanuel yɛ Kristoni (Seventh-day Adventistni).[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ kyiniiɛ Amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC no mu ni. Ɔdii nkonim wɔ Nkoranza Anaafoɔ abatoɔ mpɛsoa no mmarahyɛbadwa atenaeɛ no mu a ɔnyaa mma a wɔteɛ no mu Mpem Aduonu-nkron, Ahana ne Nwɔtwe (29,408 ) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem Aduonum-nsia ne akyiri pɔ nwɔtwe (56.8%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a Kyiniiɛ amanyɔkuo NPP mmarahyɛbadwa kannifoɔ Konadu-Yiadom Charles nyaa mma no mu Mpem Aduonu-Mmienu, Aha-mmienu ne Du-nkron.

22,) a ɛgyinaya hɔ ma ɔha nkyekyem Aduanan-Mmienu ne akyiri pɔ nkron (ɛɛ 42.) 9% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa . na PNC kandifoɔ Florence Ampour nyaa abatoɔ 121 a ɛyɛ 0.2%. wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[7]a ɔhwɛ Mpɔtam Aban so.

Abadwakuo Ahodoɔ[sesa]

Ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni na ɔsan yɛ Adwumayɛ ne Adan Abadwakuo no mu ni.[8]

Adwumayɛ[sesa]

Ná ɔyɛ Special Care Recruitment Consultancy a ɛwɔ London, UK no panyin. Ɔsan nso yɛ Nkoranza South Municipality no Municipal Chief Executive firi May 2009- Ɔpɛpɔn 2013.[9]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023
  2. EveryPolitician: Ghana - Parliament - Sixth Parliament of the Fourth Republic, retrieved 2 October 2023
  3. Winifred Lartey (19 May 2022), Prejudicial killings by the police must stop, says Nkoranza MP (in American English), retrieved 2 October 2023
  4. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023
  5. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023
  6. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023
  7. Peace FM, 2020 Election - Nkoranza South Constituency Results, retrieved 2 October 2023
  8. Parliament of Ghana, retrieved 2 October 2023
  9. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023