Charles Bintim

Ɛfi Wikipedia
Charles Binipom Bintin
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameCharles Sesa
date of birth22 Ɔsanaa 1964 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationcivil servant, Amanyɔni, education activist Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 4th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, University of Cape Coast Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Charles Binipom Bintin yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana Mantam a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Saboba Mantam a ɛwɔ Atifi Mantam mu[1] ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Charles Binipom Bintin wɔ Kuntuli-Saboba wɔ Ghana Atifi fam Mantam mu wɔ 22 Ɔbɛnem 1964.[1] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na ɔnyaa Diploma wɔ Mpanyimfo Nhomasua mu wɔ afe 1999 mu na akyiri yi ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn mu kɔyɛɛ ne post graduate adesua wɔ Arts mu wɔ afe 2007 mu.[3][1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Charles Binipom Bintin hyɛɛ mmarahyɛ bagua mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2005 wɔ New Patriotic Party no tekiti so na wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani ma Saboba Mantam no wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow mu wɔ December mu. Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani ma Saboba Mantam no wɔ mmarahyɛ bagua a ɛto so anan a ɛwɔ Ghana man a ɛto so anan no mu wɔ Ne kɛseyɛ a ɔyɛ Ɔmanpanyin dedaw J.A Kufour nniso ase. Ɔnya abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa a ɛyɛ 10,441 a ɛgyina hɔ ma 53.60% berɛ a wɔn a wɔsɔre tia no, Bilijo Nayon a ɔfiri National Democratic Congress no nyaa abatoɔ 7,892 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no mu 40.50% na Kenneth Wujangi a ɔfiri People’s National Convention no nyaa 1,157 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no nyinaa mu 5.90% to. Charles Binipom Bintin puei sɛ nkonimdifoɔ wɔ Saboba Mantam no mu.[4][1]

Ankorankoro asetena[sesa]

Charles Binipom Bintim aware a ɔwɔ mma baasa na wɔrekyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni.[1]

Adwuma[sesa]

Charles Binipom Bintim ne Ghana Education Service yɛɛ adwuma sɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Evangelical Presbyterian Secondary School mu wɔ afe 1999 kɔsi afe 2001. Ɔyɛ Ɔmansin Panyin wɔ Saboba-Chereponi Mantam mu wɔ afe 2001 kɔsi afe 2003. Na ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Atifi Mantam so wɔ afe afe 2003 kɔsi 2005 na ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ Saboba Mantam mu wɔ afe 2005 kɔsi afe 2009. Ɔsan nso yɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Mpɔtam Aban so wɔ afe 2005 kɔsi 2009

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2023-11-28
  2. MPs (in American English), retrieved 2023-11-28
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-11-28
  4. Peace FM (2014-12-17), Parliament - Saboba Constituency Election 2004 Results, retrieved 2023-11-28