Charles Agbeve

Ɛfi Wikipedia
Charles Agbeve
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameCharles Sesa
date of birth21 Kitawonsa 1970 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, Dɔkota Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast, University of Ghana, University of Cape Coast Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Charles Akwesi Agbeve (wɔwoo no 21 Kitawonsa 1970) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛbdwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no muni a ɔgyina Agotime-Ziope Mansin ananmu wɔ Volta Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiase Asetena Ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Charles Agbeve wɔ Ziope Honugo wɔ Firaw Mantam mu wɔ Ghana. Charles Agbeve twaa ne Common Entrance Examination wɔ afe 1982 mu a ɛmaa ɔtumi nyaa ne Ordinary Level wɔ afe 1987 mu ne Advanced Level wɔ afe 1989. Afei ɔkɔɔ so nyaa ne Bachelor of Science(Bsc) ne Maths Diploma In Education wɔ afe 1995 mu wɔ University of Cape Coast. Charles Agbeve kɔɔ so nyaa ne Master of Business Administration – Finance Option (Akwahosan Insurance) wɔ afe 2002 mu firii Ghana Suapɔn, Legon – Ghana. Charles Agbeve nso nyaa ne Master of Arts (Sikasɛm Nhyehyɛeɛ Ho Dwumadie) firi afe 2017–2018.

Adwuma[sesa]

Charles Agbeve yɛɛ Nkontaabu ne Nyansahu Kyerɛkyerɛfo wɔ Ghanatta Senior High School. Charles Agbeve nso ayɛ adwuma sɛ Aguadi sohwɛfo wɔ Ghana Alumnium Products Limited. Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam /Kuropɔn sohwɛfoɔ wɔ Ɔman Akwahosan Insurance Authority, Ho Municipal Office firi afe 2009 kɔsi afe 2016. Mprempren Charles Agbeve reyɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwa no muni (MP) ama Agotime-Ziope abatoɔ mpasua firi afe 2021 kɔsi afe 2025.

Amanyɔsɛm Mu Nsɛm[sesa]

Wɔ afe 2015 mu no, Charles Agbeve sii akan na ɔdii nkonim wɔ NDC mmarahyɛ bagua mfitiaseɛ abatoɔ mu maa Agotime-Ziope Mantam a ɛwɔ Firaw Mantam mu wɔ Ghana. Charles Agbeve nso dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu wɔ ne mansin mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no ho. Ɔsan dii nkonim bio de abatoɔ 19143 (87.80%) wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so Awotwe (8) a ɛyɛ mprempren Mmarahyɛbadwa no seesei kɔsi afe 2025. Boayikuw

Boayikuw

Charles Agbeve yɛ Aban Awerɛhyem Boayikuo ne Akwahosan Boayikuo a ɛwɔ Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no muni.

Ankorankoro asetena[sesa]

Charles Agbeve yɛ Kristoni.