Bright Bimpong

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Bright Bimpong
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth1965 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationartist Sesa
position heldartist-in-residence Sesa

Bright Bimpong, wɔwoo no afe apem aha nkron aduosia (1960) yɛ Gaana mfoniyɛni dwumfoɔ wɔbu no sɛ ɔsi pi sita ankasa.

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Wɔwoo mfoniyɛni Bright Bimpong wɔ afe apem aha nkron ne aduosia (1960) mu. Afe a wɔwoo no wɔ mu no, ɛno ara mu na wɔwoo nnipa bi te sɛ Gabriela Acevedo, Heli Hiltunen, Naoko Okamoto, Anna Iris Lüneman, ne Yossi Breger.

Bright Bimpong a ɔreyɛ adwuma.

Bimpong nyaa kɔlege degrii firii Mfoniyɛ Kɔlege (College of Art) wɔ Suapɔn a wɔayɛ amaabɔdeɛ mu nyansapɛ ho adesua ne Tɛkonɔlɔgyi (University of Science and Technology) a seisei yɛfrɛ no Kwame Nkrumah Suapɔn (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) wɔ Kumase ansa na ɔretoa n'adesua so wɔ Rutgers University, New Jersey a ɛwɔ Mason Gross Sukuu a wɔyɛ de maa Mfoniyɛ wɔ New Brunswick, New Jersey wɔ afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nkron (1989) mu. Na ɛhɔ no, ɔnyaa ne Maseta Digirii wɔ Mfoniyɛ mu wɔ Sokɔpukya mfoniyɛ (Master of Art in Sculpture) mu.

Ɔde ne ho nso hyɛɛ mfoniyɛ nteteeɛ dwumadie ahodoɔ mu wɔ Maine, Canada, Washington, ne New York.

Afe apem aha nkron ne aduowɔtwe (1980) no mu nnwuma ahodoɔ a wɔayɛ deda no na ɛhyɛɛ no nkuran wɔ ne mfoniyɛ adwuma no mu. Saa afe no mu ara na nneɛma yɛɛ basaa ma nnipa wɔ amammerɛ, sikasɛm, nsɛmtwerɛ a ate atese na berɛ korɔ no ara na wɔwɔ ɔpɛ soronko de ma nnwom ne ahosiesie.

Yɛhunu wie ho nhwɛsoɔ wɔ ɛlɛtrɔnik pɔɔpo (pop) nnwom ne hiphɔɔpo (hiphop) nnwom a ɛbaa saa berɛ no mu no.

Saa berɛ yi nyaa mfoniyɛfoɔ a na wɔrenyini saa berɛ no so nkɛntɛnsoɔ pa ara. Mfoniyɛfoɔ a wɔtenaa ase saa berɛ yi bi ne Anselm Kiefer, Jörg Immendorf, Enzo Cucchi, Francesco Clemente ne Julian Schnabel. Jean-Michel Basquiat, Keith Haring ne Kenny Scharf, a wɔde abɔnten so mfoniyɛ ne graffiti baeɛ nso ka ho.

Seisei ɔte Lawrenceville wɔ Amerika na ne biribiara kyerɛ sɛ seisei deɛ Amɛrika yɛ ne fie.[1]

Ɛmfa ho sɛ Amerika asetena ama wɔanya fahodie no, ɔka sɛ ne nkyi a ɔfiri sɛ Afrikani no aboa nma wɔate ahoɔfɛ ase yie na ɛda ɛdi nso wɔ ne nnwuma ahodoɔ mu. Ɔka sɛ, Amerikafoɔ pii na te nka sɛ wɔabu wɔn animtia ɛsiane sɛ ne nwuma bi a wɔayɛ nti. Ɔsane nso ka sɛ,"Amerika ama wɔanya hokwan soronko bi kyerɛ sɛ aboa no ma wɔatumi adwane afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a nwomasua wɔ Afrika de ba no."

Ne nwomasua[sesa]

Bright Bimpong nwomasua nhyehyɛ nie.

  • Afe apem aha nkron ne aduokron num mu no (1995), ɔkɔɔ Rutgers Suapɔn wɔ New Brunswick, New Jersey - Maseta wɔ Mfoniyɛ mu wɔ Sokɔpukya mfoniyɛ mu. (Master of Art in Sculpture)
  • Wɔfa adum mfoni wɔde kɔbere ayɛ
    Afe apem aha nkron ne aduokron mmienu mu no (1995), ɔkɔɔ 1992: Skowhegan Sukuu wɔ Skowhegan, ME- Painting and Sculpture, Summer Visual Art School.
  • Afe apem aha nkron ne aduokron mu no (1995), ɔkɔɔ Johnson Atelier Trenton, NJ - Tɛknikal adesua beaɛ wɔayɛ ama adwumfoɔ (Technical Institute of Sculpture).
Efo adum mfoni wɔde kɔbere ayɛ

Mfoniyɛ Adwumfoɔ nteteeɛ a wɔanya[sesa]

  • Ɔnyaa nteteeɛ wɔ Harlem School of the Arts New York, NY wɔ afe 1992 mu.
  • Wɔ afe 1998 mu no, ɔnyaa nteteeɛ wɔ Skoto Gallery New York, NY ne Lowell Historical Gallery Lowell, MA.
  • Wɔ afe 1999 mu no, nyaa nteteeɛ wɔ Elizabeth Greenshields Foundation Montreal, Canada ne Skoto Gallery New York, NY.
  • Wɔ afe 1997 mu no, ɔkɔ nyaa nteteeɛ wɔ Herk Van Tongeren Award Mercerville, New Jersey
  • Ɔnyaa nteteeɛ wɔ Skoto Gallery New York, NY wɔ afe 2000 ne 2001 mu.
  • Ɔsane nso nyaa nteteeɛ wɔ Bristol Meyer Squib Princeton, NJ wɔ afe 2001 mu.
  • Ɔsane nso nyaa nteteeɛ wɔ Skoto Gallery New York, NY wɔ afe 2001, 2004, 2006 ne 2008 mu.
  • Wɔ afe 2002 mu no, ɔkɔɔ Grounds for Sculpture Hamilton, NJ kɔgyee nteteeɛ.
  • Wɔ afe 2007 mu no, ɔkɔɔ Smithsonian African Art Museum Washington, DC kɔgyee nteteeɛ.
  • Ɔnyaa nteteeɛ wɔwɔ Princeton University Princeton, NJ ne Smithsonian African Art Museum Washington, DC wɔ afe 2003 mu.[2]

Nnwuma ahodoɔ a wɔayɛ[sesa]

Nnwuma ahodoɔ a Bright Bimpong atumi ayɛ no bi ne :

  • Transaction I wɔde sii Alaska Suapɔn no mu ne mita bɛyɛ 32 de kɔ soro.
  • Freedom, a Amerika aban ne fa a ɛwɔ Virgin Islands na ɛpaa ho ntoma. Akyire yi, wɔ de kɔsii St. Croix.
  • Transaction II
  • Adwoa
  • Wofa I
  • Efo
  • Adwoa mfoni
    Hierachy I

Wɔada ne nnwuma no adi wɔ kɔlɛhyin ahodoɔ a ɛwɔ Amɛrika, Europo, Afrika ne Karibiiɛne mu. Ne nnwuma a wɔyɛ nyinaa, deɛ wɔto din "Efo" no na ɔtɔɔneeɛ nyaa nyaa sika wɔ ho pa ara a ɛno ne Amerika Dɔlla no 5,005 wɔ Bonhams New Bond Street wɔ afe mpem mmienu ne du baako (2011) mu.[3]

Ɛhibihyin a wɔayɛ[4][sesa]

Mfoni a na ɛda ɛhibihyin no so.

Edin: Selection 2018

Baeɛ: SKOTO GALLERY, CHELSEA | NEW YORK | USA

Da: Ayɛwohomummɔ 22,2018 - Kitawonsa 28,2018

Baabi a minyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ne ho asɛm, 2023-12-20
  2. 2.0 2.1 Ne nwumasua ne nteteeɛ, 2023-12-20
  3. Sika a wɔnya wɔ ne nnwum abi te sɛ Efo ho., 2023-12-20
  4. Ɛhibihyin a wɔayɛ, 2023-12-20