Betty Crosby Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Betty Krosbi Nana Efua Mensah, a ɔde Betty Crosby Mensah, (yɛwoo no August 29, 1980) yɛ Ghana amanyɔni ne mmrahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Afram Plains atifi mpɛsoa so wɔ Ghana apueɛ mantam mu. Ɔyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no ba.

Mfie A Edikan ne Nwomma Sua[sesa]

Yɛ woo Mensah Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe 1980 wɔ Dɔnkɔkrom, kro bi a ɛwɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Okura abodin krataa wɔ dwadie mu nsɛm mu a ɔnyaa saa krataa yi wɔ Zenith University College. Ɔsan nso kura Higher National Diploma (HND) wɔ akontabuo mu a ɔnyaa wɔ Koforidua Technical University.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɛwɔ Ghana's 2016 mmrahyɛbadwa abatoɔ ma Afram Plains atifi mpɛsoa so no, Ewura Mensah ɛnyaa aba 18121 a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson-wɔtwe ne akyire firi aba dodoɔ 23606 a ɔde dii n'afɛfoɔ Isaac Ofori-Koree a ɔgyinaa maa NPP amanyakuo no, Cornelius Agbeko a ɔno nso gyinaa ma NDC amanyɔkuo no ɛna afei Michael Ampontia a ɔgyinaa hɔ maa CPP amanyɔkuo no so nkunim wɔ Ghana mmrahyɛ badwa a ɛtɔ so nson no mu

Adwuma Sɛm[sesa]

Ansaa na ɔbɛyɛ mmrahyɛbadwanii no, na Ewuraa Mensah yɛ panyin a ɔda BestPat Ghana Limited ano firi afe 2013 kɔsi afe 2016. Ɔsan nso soom sɛɛ Deputy Coordinator a ɔtɔ so mmienu maa National Youth Employment firi 2009 kɔpim 2013. Ewura Mensah saan nso yɛɛ Gender ne mpuntuo panyin maa Ghana Cooperative Cedit Union firi afe 2003 to 2005.

Abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ewura Mensah yɛ kristoni. W'agyae awareɛ afei nso ɔwɔ ba baako.