Benard Oko-Boye

Ɛfi Wikipedia

=== Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates ===

Bernard Okoe-Boye
Member of the Ghana Parliament
for Ledzokuku Constituency
Bere
7 January 2017 – 7 January 2021
OdikanfoBenita Sena Okity-Duah
AnanmusiniBenjamin Narteh Ayiku
Ne ho asɛm
Awo bere25 January 1982 (1982-01-25) (age 42)
Teshie
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔPresbyterian Boys' Secondary
Kwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaMedical Doctor
N'adwumaMedical Doctor

Benarnard Okoe-Boye yɛ Ghana ɔmanyɔni na na ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni a ɔgyina Ledzokuku Mansini no ananmu wɔ Nkran Punpuni Greater Accra Mantam mu wɔ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) tekiti so[1]. Berɛ bi a atwam, na ɔyɛ Korle Bu Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea(Korle-Bu Teaching Hospital) ɔman no mu aduruyɛbea kɛseɛ no abadwakuo dwamtenani.[2] Mprempren, ɔresom wɔ Ɔman Akwahosan (Insurance) Dwumadibea (NHIA) a wɔahyɛ no sɛ ɔnhwɛ Ghana akwahosan ho ahotɔsoɔ nhyehyɛeɛ so a ɛka Ɔman no Akwahosan Insurance Nhyehyɛeɛ no ho nsɛm so.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Ɔfiri Teshie a ɛhyɛ Ledzokuku abatoɔ mpɛsoa no ase. Ɔsom sɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni. [3]Ɔkɔɔ Field Engineers Junior High School, baabi a ɔnyaa ne Mfitiaseɛ Nwomasua no. Ɛhɔ na ɔnyaa ne BECE Abodin krataa. Okoe-Boye kɔɔ Presbyterian Boys’ Secondary School ( Presec-Legon) ɛhɔ na owiee ne ntoasoɔ sukuu adesua wɔ mfeɛ Mpem Mmienu pɛpɛɛpɛ (2000). Bernard Okoe Boye yɛ oduruyɛfoɔ a ɔwɔ tumi krataa wɔ n’adwuma mu. Ɔwɔ BSC wɔ Human Biology, Medicine mu ne Oprehyɛnyɛ mu . Ɔnyaa saa abɔdin krataa yi frii Kwame Nkrumah Sukuupɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so no mu.[4]Ɔsan nso wɔ abɔdin krataa a ɛkorɔn wɔ Ɔmanfo Akwahosan (MPH) mu wɔ Hamburg School of Applied Science ne A1 adansedie krataa wɔ German kasa mu wɔ Geothe Institute, Accra.[5]Aduruyɛ ho tumi krataa (Aduruyɛ ne nsɛm ho gyinatufoɔ).

Adwuma[sesa]

Akwahosan ho adwumayɛ[sesa]

Okoe-Boye nyaa ne fie adwuma wɔ Ghana Health Service firi mfeɛ mpem mmienu ne nkron 2009 kɔsi afe 2012. [6]wɔ Central Regional Hospital, Department of Surgery, Pediatrics and Obstetrics and Gynecology, Cape Coast firi afe 2009 kɔsi afe 2011 na afei wɔ Department of Internal Medicine, . Tema Ayaresabea Kɛse.Afei ɔkɔɔ so yɛɛ aduruyɛ sohwɛfoɔ wɔ saa asoɛeɛ korɔ no ara mu mfeɛ nnan[7] baabi a ɔyɛɛ adwuma wɔ Kibi Aban Ayaresabea, Department of Obstetrics and Gynecology ne La General Hospital. Ansa na ɔrekɔ mmarahyɛbadwa mu no, na Oko-Boye yɛ aduruyɛ so panin wɔ LEKMA Ayaresabea a ɛwɔ Accra.[8]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Okoe-Boye sɛ mmarahyɛbadwani ma Ledzokuku abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Greater Accra Matam no , mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016 ) Naa ɔsɔɔ akufena mu suaee wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson, mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017). Ɔyɛ Akwahosan ne Aban Awerɛhem Abadwakuo a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwafie no mu ni.

Wɔ Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so nan, mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu ( 2020) no, Ɔmampanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo paw Okoe-Boye sɛ ɔnyɛ akwahosan soafoɔ abadiakyirie na ɛno akyi no, ɔkaa ntam wɔ Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so Aduonu-baako, mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020).[9][10][11]Nanso ɔhweree Ledzokuku mmarahyɛbadwa atenaeɛ akondwa no wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020) Ghana amansan abatoɔ no mu maa Benjamin Narteh Ayiku a ɔfiri Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC mu no.[12]Oforisuo da a ɛtɔ so aduonu baako, mfe Mpem Mmienu ne Aduonu-mmienu (2022) mu no, wɔpaw no sɛ Ɔman Akwahosan Insurance Dwumadibea a ɛhwɛ Ɔman Akwahosan Insurance Nhyehyɛe so no CE[13]

Abadwakuo Ahodoɔ[sesa]

1.Aban Awerɛhyem Abadwakuo

2.Akwahosan Abadwakuo

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

, .

  1. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023
  2. Profile of Board Chair, Dr Bernard Okoe-Boye (in British English), retrieved 2 October 2023
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2 October 2023
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2 October 2023
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2 October 2023
  6. Profile of Board Chair, Dr Bernard Okoe-Boye (in British English), retrieved 6 October 2023
  7. Parliament of Ghana, retrieved 6 October 2023
  8. Profile of Board Chair, Dr Bernard Okoe-Boye (in British English), retrieved 6 October 2023
  9. Pulse Staff (6 April 2020), Nana Addo names Oko-Boye as Deputy Health Minister-designate (in English), retrieved 6 October 2023
  10. Oko Boye Sworn In (in American English), 21 April 2020, retrieved 6 October 2023
  11. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 6 October 2023
  12. Edna Agnes Boakye, Edna Agnes Boakye (8 December 2020), Benjamin Ayiku Narteh snatches Ledzokuku seat from Okoe Boye (in American English), retrieved 6 October 2023
  13. Dr. Okoe Boye appointed acting CEO of NHIA (in American English), 21 April 2022, retrieved 6 October 2023