Awukugua

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Awukugua yɛ kuro bi a ɛwɔ Okere mansini wɔ Ghana apueeɛ mantam. Ɛne Abiriw ne Dawu bɔ hye[1]

Afahyɛ.[sesa]

Nnipa a ɛwɔ Awukugua di Ohum na saa afahyɛ yi wɔdi no wɔ Obubuo anaa Ɔpɛnimaa bosome mu. Ohum yɛ Ghana afahyɛ baako a nnipa pii firi akyirikyiri ne bɛntɛe ne amanɔne ba bɛdi saa afahyɛ yi bi.[2][3] Wɔdi Ohum afahyɛ de kae nnɔbaeɛ foforɔ a wanya, te sɛ Hɔmɔwɔ a Gafoɔ na ɛdi no, Ahoboa ne Bakatue yɛ Ahantafoɔ ne Aboakyere a Awutufoɔ ne Afutufoɔ na ɛdi, Kundum yɛ Fantefoɔ, Adaekɛse yɛ Asantefoɔ, Hogbestosto yɛ Anglofoɔ(Ewe), Dambaa yɛ Dagombafoɔ ɛna Appoo yɛ Bono-Ahafofoɔ na ɛdie.Ohum yɛ ɛnkane tete Afahyɛ a Akuapemfoɔ di, ne titire Larteh ne Okerefoɔ a Abiriwfoɔ a wɔyɛ Guan ka ho.

Nnipa titire.[sesa]

Ɔkɔmfo Anɔkye.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. mps, ghana. "Daniel Botwi". ghanamps.com. ghanamps. Retrieved 21 June 2017.
  2. Choirmaster for Awukugua Ohum". Graphic Online. Retrieved 2021-06-23.
  3. Awukugua marks Ohum Festival | GhHeadlines Total News Total Information". ghheadlines.com. Retrieved 2021-06-23.