Hɔmɔwɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hɔmɔwɔ yɛ ɔtwa berɛ afahyɛ a Gafoɔ a ɛwɔ Ghana na ɛdi. Afahyɛ no hyɛ aseɛ ɔsanaa bosome no mu na wahyɛ aseɛ adua nnɔbaeɛ bi te sɛ aburo ne bayerɛ ansa na nsutɔ berɛ aduru. Wɔredi saa afahyɛ no a, Wɔsa asa bi a yɛfrɛ no kpanlogo. Gafoɔ di Hɔmɔwɔ de yɛ nkaedum wɔ ɛkɔm a ɛte sii wɔnso wɔ wɔn abakɔsɛm bi mu berɛ a aborɔfo no sane dii Ghana so no.[1]

Baabi a yɛnyaa edin no firiiɛ.[sesa]

Edin Hɔmɔwɔ (Hɔmɔ- ɛkɔm, wɔ-dede) ɛbɛtumi akysɛ "woreyɛ dede (anaa woretweetwee) ɛkɔm wɔ Ga kasa mu.[2] Hɔmɔwɔ amanneɛ hyɛɛ aseɛ wɔ berɛ a ɛkɔm baeɛ a ɛmaa nnuane saeɛ ɛnam nsuo a na ɛbɛma mfudeɛ anyini ntɔ wɔ Nkran punpuni mantam, beaɛ a Gafoɔ te. Sɛ nsuo no sane ba ne dada mu a, Gafoɔ hyɛ saa da no de di Hɔmɔwɔ afahyɛ, ɛno nti na yɛnyaa saa din no ne ne nkyerɛaseɛ no.Wɔdi Hɔmɔwɔ afahyɛ no gidigidi wɔ Ga nkuro nyinaa a baabi a ɛhɔ yɛ dɛ paa ara ne Ga-Mashie. Wɔdua aburo a wɔde bɛyɛ aduane a yɛfrɛ no kpokpoi anaa kpekple a wɔde bɛdi afahyɛ no. Saa da no duru a, yɛbra obiara wɔ dede yɛ ho, sɛdeɛ wɔn gyedie kyerɛ wɔn sɛ dede no bɛtumi ama aburo no nnyini. Wɔde aduane no di abɛnkwan ɛna wɔsane de bi petepete kurom hɔ. Mpɛmpii no nananom mpaninfoɔ ne mmusuapanin na ɛyɛ saa. Abusuapanin biara de "kpokpoi no pete n'abusua fie. Sɛ wɔrehyɛ fa no a, wɔnante kɔ kwan ho ne kurotia na wɔrebɔ dondo mu, kankye, ɛregye wɔani, keka wɔn anim, to dwom sane sa tete asa. Saa da no kwan so yɛ butubutu nti wɔsi akwan bebree sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi adi afahyɛ no. Ɛwom sɛ ɛyɛ Ga tete amanneɛ deɛ, nanso wɔto nsa frɛ mmusuakuo afoforɔ ma wɔbɛka wɔn ho di saa afahyɛ yi. Nkuro a ɛdi Hɔmɔwɔ ne La, Teshie, Teshie Nungua,[3] Osu, Ga-Mashie, Tema, Prampram ne Ningo.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Homowo Festival". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-01-11.
  2. The Library of Congress's article on Homowo. Retrieved 08 September 07
  3. Homowo: Significance of holy corn, feeding gods of Ga state". Graphic Online. Retrieved 2021-05-16.