Asafotufiam Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asafotufiam Afahyɛ (About this soundpronounciation of “Asafotufiam Afahyɛ” ) yɛ afahyɛ bia wɔdi no wɔ Ada a ɛwɔ Dangme EastNkran MantamGhana. Wɔdi afahyɛ no wɔ Ɔsanaa bosome ne nnwɔtwe a adi kan wɔ afe biara mu.

Beaeɛ a afahyɛ no firi baeɛ[sesa]

Edin 'Asafotufiam' no, wɔnyaa firii 'Asafotufiami' mu a wɔ Dangme kasa mu no ɛkyerɛ 'etuo tu nkyekyɛmu'.[1] Edin "Asafo-tu-fiam" no kura edin nkyekyɛmu mmiɛnsa.

Deɛ adi kan ne "Asa" a ɛyɛ "Sa" ne dodoɔ kabea, a ɛyɛ din asɛm. "Sa" a ɛyɛ ne din ankasa, a ɛtɔ mmerɛ bi a wɔfrɛ no "Osa", "Asa" anaa "Aesir", a ɛkyerɛ tumi kɛseɛ a ɔbɔɔ wiase nyinaa no sunsum honam. Deɛ ɛfiri Ga-Adamgbefoɔ hɔ no kyerɛ sɛ, edin "Osa" ne din a seisei wɔka no Osiris. Na "Osa" yɛ Nubiani barima tuntum bi a na anka wɔsom no wɔ waise. Ɔka tete Ada mpanimfoɔ a na wɔsommo no ho bi.

Neɛ ɛtɔ so mmienu ne "Tu". "Tu" yɛ edin a wɔde frɛ etuo wɔ Dangbe. Edin "Tu" asekyerɛ ne Sunsum, honam ne kra.

Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa ne "Fia" anaa "Fiam" a ɛkyerɛ sɛ to tuo. "Tufiam" nkyerɛase ne etuo toɔ.[2]

"Asafotu" yɛ akofoɔ a wɔto tuo wɔ afahyɛ berɛ no mu.[3]

Abakɔsɛm[sesa]

Adangmefoɔ koo ako beberee a na wɔde rehwehwɛ beaeɛ ama wɔn nkurɔfoɔ atena. Ako a ɛgyee din no bi ne Katamanso ko a esii wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduonu nsia (1826) mu, Glover ko a esii wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduoson nsia (1876) mu, ne Nonobe ko a esii wɔ afe apem ahanson ne aduonum (1750). Adafoɔ tumi gyinaa ako yi nyinaa ano ma wɔn tumi sii Ada kuropɔn no. Sɛdeɛ na ako no reyɛ beberee no wɔyii apayɛ bɔɔ wɔn akofoɔ no ho ban san so de gyee wɔn baa fie asomudwoe mu.[4]

Wɔ afe apem and ahankron mu (1900) no, wɔtwaa apayɛ a na wɔyɛ de ma akofoɔ no ɛnam sɛ na ako biara mma bio. Kuromafoɔ no hunu sɛ ɛwɔ sɛ wɔbɔ saa akofoɔ yi aba so, nti wɔhyehyɛɛ Asafotufiam Afahyɛ a wɔde sii saa apayɛ no anan mu maa saa akofoɔ no a na wɔrefiri ako mu aba no.

sɛdeɛ wɔde bɛda wɔn abakɔsɛm adi nti, sɛ eduru saa afahyɛ yi a, akofoɔ no hyehyɛ ako ntadeɛ. Saa berɛ yi nso yɛ berɛ a wɔde kyerɛ mmɛranteɛ ako.[5]

Wɔwɔ Asafo kuo afa afa mmienu wɔ Ada, wɔn ne Akomfode ne Asorkor. Nnipa a ɛwɔ saa kuo yi mu nyinaa de ɛna adeɛ.[6]

Sɛdeɛ wɔde afahyɛ no[sesa]

Afahyɛ no die hyɛ aseɛ wɔ Yawoada wɔ nnawɔtwe a adi kan wɔ Ɔsanaa bosome no mu. Yawoada no yɛ da a wɔde ma akwantufoɔ akwaaba ba fie, wɔ saa da no ara nso na wɔsiesie kuro no mu ne wɔn afie.

Efiada ahomenakye no, Asafo kuo mmienu no si twene de kae amanfoɔ no wɔn santene a wɔderekɔ Luhuese. Saa berɛ no nso wɔde kyerɛ mmeranteɛ sɛdeɛ wɔkura tuo.[7]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://thegadangme.com/asafotufiami/
  2. http://ga-adangbe.com/ASAFOTUFIAM%20FESTIVAL.htm
  3. https://www.timeout.com/accra/festivals/asafotufiami-festival
  4. https://jetsanza.com/asafotufiam-festival/
  5. https://touringghana.com/festivals/
  6. https://www.worldcat.org/oclc/863157099
  7. https://www.worldcat.org/oclc/863157099