Ama Pomaa Andoh

Ɛfi Wikipedia
Onuonyamfo
Ama Pomaa Boateng
MP
Ghana Mmrahyɛbadwani ma
Juaben Abatoɔ Mpasua
Mprenpren
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2017
Ne ho asɛm
Awo bere
Ama Pomaa Andoh

19 August 1975 (1975-08-19) (age 48)
Juaben, Ghana
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma1
Sukuu a w'akɔWestminster University, London, Uk
N'adwumaIT Consultant
N'adwumaIT Consultant
CabinetƆsoafo
CommitteesGender and Children Committee; Food, Agriculture and Cocoa Affairs Committee

Ama Pomaa Boateng [1]a wɔwoo no Ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so du- nkron wɔ afe apem ahenkron aduoson nnum mu no yɛ Ghana amanyɔni. Ɔyɛ New Patriotic Party mmarahyɛbadwani ma Juaben Mansini a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana.[2] [3] [4]

Ne Mmɔfrasea ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Ama Pomaa da Ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so du- nkron wɔ afe apem ahenkron aduoson nnum mu wɔ Juaben, Asanti Mantam mu. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu a ɛtɔ so mmienu wɔ 'Holy Child School' a ɛwɔ Cape Coast na ɔnyaa master’s degree wɔ nsɛm ho adesua mu wɔ Anglia Ruskin Suapɔn mu. [5] Ama wɔ adansedie krataa wɔ kɔmputa ho wɔ 'Westminster' Sukuupɔn a ɛwɔ London, UK. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, ɔnyaa adansedie krataa wɔ 'E-waste' mu firii Amanaman Nkabom e-waste Academy.[6] Ɔsan nso wɔ adansedie nkrataa firi Penn Foster, Wild PCS, Harvard Suapɔn ne House of Democracy Partnership/ NDI.

Adwuma[sesa]

Ama Pomaa yɛ IT ho ɔfotufoɔ wɔ n’adwuma mu na ɔyɛ Ghana High-tech Women in Accra, NGO a ɛwɔ IT nteteeɛ mu no kwankyerɛfoɔ panin. [6] Ɔyɛ Ghana Parliament /ICT Akwankyerɛ Kuo no dwamtenani.[7] Ama yɛ Ɔman Petroleum Authority a ɛwɔ Ghana no board member, baabi a ɔyɛ Complaints and Settlements Subcommittee no Titenani.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ama Pomaa sii akan na ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛbawa akondwa no mu maa Juaben Mansini a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia , Ghana amansan abatoɔ no mu. Nnipa mmiɛnsa foforɔ a wɔpɛ sɛ wɔpa wɔn, a wɔne Nana Prempeh Amankwaah a ɔfiri National Democratic Congress, ne Gallo Stephen Ayitey a ɔfiri Convention Peoples Party mu nso sii akan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia mu abatoɔ a ɛbaa so Juaben Mansin mu a wɔtoeɛ no ​​Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia no mu. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu berɛ a Ɔnyaa mma mpem aduonu mmienu, ahasa ne aduonu - mmiɛnsa wɔ nnipa mpem aduonu nkron, ahensia ne nsia a wɔtoo aba no mu, a ɛyɛ abatoɔ a ɛfata nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu aduoson nnum akyire po aduanan ( 75.40%).[6]

Boayikuo ahodoɔ[sesa]

Ama Pomaa yɛ Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuo no muni na ɔsan yɛ Aduan, Kuadwuma ne Kokoo Nsɛm Boayikuo no muni.[1]

fapem

Ɔnam ne fapem so yɛɛ Cisco Networking Academy nhyehyɛe bi maa mmabaa.[7]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ama Pomaa aware a ɔwɔ abofra baako. Ɔsan yɛ Kristoni.[1]