Alhassan Azong

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Alhassan Azong (wɔwoo no 18 December 1965) yɛ Ghana ɔmanyɔni ne mmrahyɛbagua no muni (MP) ma Builsa South amansin wɔ Ghana . Ɔsan nso yɛ ɔman soafoɔ wɔ Mills aban mu wɔ afe 2009 ne afe 2013 ntam.

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔwoo Azong wɔ December 18, 1965 mu. Ɔfiri Wiesi a ɛwɔ Upper East Region wɔ Ghana. Ɔnyaa ACIS wɔ afe 1996 mu. Ɔsan nso kɔɔ Paris Graduate School of Management baabi a onyaa MBA . Akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Bolgatanga Polytechnic, dibea a odii mu kosii sɛ ɔkɔɔ amammuisɛm mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Azong dii kan sii akan wɔ Builsa South nkongua no mu wɔ December 2008 mu wɔ tekiti a ɛwɔ People’s National Convention, na odii nkonim wɔ abatow ketewaa a ɛyɛ 59 (0.5%) mu. Ɔsomm wɔ Boayikuo a ɛhwɛ Asɔremma a Wɔkura Mfasoɔ Dwumadibea, Nhomasua Mmabun, Agumadi ne Amammerɛ Boayikuo ne Daa Ahyɛdeɛ Boayikuo no mu. Wɔ abatoɔ a ɛdi hɔ wɔ December 2012 mu no, ne dodoɔ no kɔɔ soro koduu 6,048 (47.12). Enti ɔbɛyɛɛ PNC MP koro pɛ wɔ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 6 no mu.

Ɛwom sɛ na ɔnyɛ NDC muni deɛ, nanso ɔmampanyin Mills paw Azong sɛ ɔman Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ɔmanfoɔ Nnwuma mu Nsakraeɛ so wɔ NDC aban mu firi afe 2009 kɔsi afe 2013. Wɔ afe 2013 mu no, Ɔmampanyin Mahama san paw no sɛ Ɔman Minista a ɔhwɛ Ɔmanfoɔ Nnwuma mu Nsakraeɛ so, adwuma korɔ no ara a na ɔwɔ wɔ Mills aban ase.

Ankorankoro asetra[sesa]

Azong yɛ Nkramofo. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Adwumafa[sesa]

Ɔkyerɛkyerɛfo, Bolgatanga Polytechnic

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]