Alfred Oko Vanderpuije

Ɛfi Wikipedia
Alfred Oko Vanderpuije
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAlfred Sesa
family nameVanderpuije Sesa
date of birth4 Obubuo 1955 Sesa
place of birthJamestown Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, educator, civil servant Sesa
position heldMayor of Accra, Member of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, head teacher, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atBenedict College, MidAmerica Nazarene University, University of Missouri–Kansas City Sesa
residenceNkran Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Alfred Oko Vanderpuije (wɔwoo no 4 Ɔbɛnem 1955) [1]Ghana nhomasua ho nimdefo ne ɔmanyɛfo a mprempren ɔyɛ mmarahyɛ baguani. Mprempren ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Ablekuma South Constituency a ɛwɔ Greater Accra Region wɔ Ghana.

Ne Dutch abusua din no da ne Euro-African abusua adi. Mfiase no na Vanderpuije nananom fi Sint-Maartensdijk a ɛwɔ kan supɔw Tholen a ɛwɔ Netherlands no so . Ne nana, Jacobus van der Puije yɛ Dutch Gold Coast Amrado wɔ afe 1780.

Mfitiase asetra[sesa]

Jamestown kuromni, wɔwoo no na wɔtetee no wɔ Mamprobi, Darkuman ne Dansoman wɔ ne mmofraberem mmere ahorow mu.

Nwomasua[sesa]

Vanderpuije suaa ade wɔ Accra Akyerɛkyerɛfo Ntetee Kɔlege maa mfe 3 Post Secondary wɔ Nhomasua mu. Ɔwɔ Nhomasua mu Masters wɔ Mid America Nazarene College ne Nhomasua ho Ɔbenfo wɔ Missouri Kansas City Sukuupɔn, U.S.A.

Amammui mu adwuma[sesa]

Sɛ Accra Mayor no[sesa]

Na ɔyɛ kan Mayor of Accra, a Ɔmampanyin John Atta Mills de sii saa adwumayɛbea no wɔ afe 2009 mu na Ɔmampanyin John Dramani Mahama na ɔhwɛɛ no so wɔ saa adwumayɛbea no mu, na ɔwiee n’ahennie a ɛtɔ so mmienu wɔ afe 2017.[2]

Sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni[sesa]

Wɔpaw Vanderpuije sɛ ɔmmɛyɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ afe 2016 abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so sɛ ɔmmɛgyina Ablekuma South Constituency ananmu wɔ Greater Accra Region mu mfeɛ nnan. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu de abatoɔ 31,927 wɔ abatoɔ 59,041 a ɛfata a wɔtoeɛ a egyina hɔ ma abatoɔ no mu 54.36%. Sɛ MP, ɔyɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuw ne Mmarahyɛ Bagua no Aban Boayikuw no muni.

Ankorankoro asetra[sesa]

Vanderpuije hweree ne yere Gifty Naa Adei Vanderpuije wɔ afe 2012 mu, bere a owui wɔ Korle-Bu Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea . Wɔ afe 2019 mu no, Vanderpuije san waree Cynthia Amerley Ayiku wɔ mfeɛ nson a ɔhweree ne yere akyi.

Agyapadeɛ[sesa]

Dwoda 9 September 2021 anadwo no, ɔkyerɛɛ kar akwan a ɛwɔ Sakaman Junction no kwan kɔɔ Dansoman roundabout stretch no so. Osii gyinae sɛ ɔbɛkyerɛ kar kwan bere a polisifo nni hɔ no. Ne nneyɛe no maa wɔn a wɔde saa kwan no di dwuma no nyaa ahotɔ.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Newghana.org - Alfred Vanderpuije Ed.S.Nhwɛsoɔ:Dead link
  2. Alfred Vanderpuije is The New Accra Mayor GhanaWeb Nhwɛsoɔ:Webarchive