Alex Seidu Sofo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Alex Seidu Sofo (2 Ɔpɛpɔn 1950 – 9 Ɔbɛnem 2020) yɛ Ghana amanyɔni.[1] Ɔyɛɛ mmrahyɛbadwani maa Damango-Daboya mantam.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Sofo wɔ Ɔpɛpɔn 2, 1950,[2] na ɔyɛ kuromni a ofi Busunu wɔ mprempren Savannah Mantam mu. Ɔnyaa ne Teachers’ certificate A wɔ Nhomasua mu.[2]

Adwuma[sesa]

Ná Sofo yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ n’adwuma mu.[3] Na ɔsan yɛ Ɔpanyin a ofi Busunu Amammerɛ Mpɔtam (Ɔpanyin Mfrawura).

Amammui mu adwuma[sesa]

Sofo yɛ Assemblyman ma Ngbaripe/Hangaline Electoral Area ansa na ɔredi nkonim wɔ afe 2000 Ghana mmrahyɛbagua abatow muNew Patriotic Party (NPP) tekiti so. Ɔyɛ mmrahyɛbaguani a ɔtɔ so mmiɛnsa ma Damongo-Daboya Mantam a ɔdii Hon Mahama Shakan ananmu. Ɔbɛyɛɛ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no muni wɔ afe 2000 Ghana amansan abatoɔ mu maa saa berɛ no Damongo-Daboya Mantam no mu na ɔsan nso yɛɛ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu wɔ afe 2004 Ghana Amansan Abatoɔ no mu maa saa ara amansin a ɛwɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no tekiti so .

Ɔsan nso yɛ Kan Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ akwan ne akwan akɛse so wɔ kan Ɔmampanyin John Agyekum Kufuor nniso ase.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Sofo sɛ mmrahyɛbaguani maa saa bere no Damongo-Daboya Mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam muafe 2000 Ghana amansan abatow mu bere a ɔsom sɛ mmrahyɛbaguani maa Ngbaripe/Hangaline Abatow Mpɔtam a na abatow nyinaa yɛ 8,012 a egyina hɔ ma 45.90% sen ne de no asɔretiafo; Nelson Y. Yakubu a ofi National Democratic Congress a na ɔwɔ abatoɔ 7,665 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 43.90%, Abudulai Adams a ɔfiri People’s National Convention a ɔno nso too abatoɔ 703 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 4.00%, Alidu Mahama a ɔfiri Convention People’s Party a ɔdii abatoɔ 549 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 3.10%, Ewuntomah C. Boreche a ɔfiri National Reform Party mu a ɔno nso nyaa 377 a ɛgyina hɔ ma 2.20% ne Skido A. Ewuntomah a ɔfiri United Ghana Movement a ɔnyaa 143 a ɛgyina hɔ ma 0.80% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu .[4] Wɔsan paw no sɛ mmrahyɛbadwani ma Damango-Daboya mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu . Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so .[5] Ná ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 8 no fa wɔ nkongua 26 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Atifi Fam Mantam no mu . New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatoɔ 11,975 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 24,723 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 48.4% yɛ pɛ.[5] Wɔpaw no sen Benedict Kpeno a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu, Ykubu Nelson Nyiniefo a ofi Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no mu, Alidu Mahama a ofi Convention People’s Party mu ne Skido Alhassan a ofi Every Ghanaian Living Everywhere kuw no mu.[5] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 2.1%, 47.2%, 1.5% ne 0.7%.[5]

Ankorankoro asetra[sesa]

Na ɔyɛ Kristoni .[6]

Owuo[sesa]

Ɔwui wɔ Ɔbɛnem 9, 2020, wɔ West Gonja District Hospital baabi a na ɔrenya ayaresa.[7]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 493.
  2. 2.0 2.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 493.
  3. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 493.
  4. Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result -Election 2000 (PDF). Ghana: Electoral Commission of Ghana. 2007. p. 39. Archived from the original (PDF) on 18 October 2020. Retrieved 18 October 2020.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 174.
  6. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 493.
  7. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 493.