Alex Narh Tettey-Enyo

Ɛfi Wikipedia


Onionyamfo
Alexander Narh Tettey-Enyo
Member of the Ghana Parliament
for Ada
Mprenpren
Bere
Ɔpɛpɔn 2005
OdikanfoAmos Lawerh Buertey
Ɛdɔm keseɛ12,695
Minister for Education
Bere
Ɔgyefoɔ 2009 – Ɔpɛpɔn 2011
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoDominic Fobi
AnanmusiniBetty Mould-Iddrisu
Ne ho asɛm
Awo bere6 June 1940 (1940-06-06) (age 83)
Akuse, Ghana
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔPresbyterian Boys' Secondary
University of Cape Coast
N'adwumaEducationist

Alexander Narh Tettey-Enyo a wɔwoo no wɔ 6 Ayɛwohummɔ bosome da ɛtɔ so nsia wɔ Afe apem ahenkron aduanan mu no yɛ nwomasua ho nimdefo ne ɔmanyɔni. Ɔyɛ Ada Mmarahyɛbadwani firi mfeɛ mpem mmienu ne num. na ɔyɛ Ghana Ɔsoafo a ɔhwɛ nwomasua so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron ne mpem mmienu 2011 ntam. [1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Alex Tettey-Enyo wɔ Akuse wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana. Ɔhyɛɛ ne mfitiaseɛ adesua ase wɔ Akuse Methodist Mfitiaseɛ Sukuu mu wɔ afe 1946. Wɔ afe 1948 mu no, ɔkɔɔ so wɔ James Town Accra Methodist Mfitiaseɛ Sukuu mu na ɔwiee wɔ Somanya Methodist Mfitiaseɛ/Mfinimfini Sukuu a ɔsuaa adeɛ wɔ afe 1949 ne 1953 ntam hɔ.Ne ntoaso sukuu hyɛɛ aseɛ wɔ Volta District Secondary School, Odumase Krobo wɔ afe 1954. Ɔtoaa so wɔ Presbyterian Boys’ Secondary nso wɔ Odumase Krobo wɔ afe apem ahenkron aduonum nsia ne afe apem ahenkron aduonum nson ntam hɔ.Ɔwiee ntoasoɔ sukuu akyi akyerɛkyerɛfoɔ adesua wɔ Wesley College, Kumasi wɔ afe apem ahenkron aduonum nkron ne afe apem ahenkron aduosia ntam. Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology mu wɔ afe apem ahenkron aduosia baako ne afe apem ahenkron aduosia - mmienu mu na afei ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn mu baabi a ɔsuaa adeɛ wɔ afe apem ahenkron aduosia mmienu ne afe apem ahenkron aduosia num ntam, na ɔnyaa Bachelor of Arts abodin krataa wɔ nwomasua mu [2]. Ɔkɔɔ Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn, Kumasi (1961-1962) ne Sukuupɔn Kɔlege a ɛwɔ Cape Coast (1963-1965).

Adwuma[sesa]

Nwomasua[sesa]

Ɔhyɛɛ n’akyerɛkyerɛ adwuma a ɛdi kan ase wɔ Yilo State School a ɛwɔ Somanya wɔ afe apem ahenkron aduonum -nwɔtwe . Ne dwuma a ɛdi hɔ ne Ghanata Secondary School, Dodowa. Ne sukuupɔn adesua akyi, bere a na ɔyɛ ɔman sohyialist sukuufo ahyehyɛde (Ghanaso) no Titenani no, ɔde ne ho kɔbɔɔ sukuufo kuo bi a wofi Kwame Nkrumah Adwene Ho Asoɛe a wɔkɔɔ GDR mfinimfini kuo sukuu a ɛwɔ Berlin kɔsuaa ade tenten no ho. Bere a ɔwɔ hɔ no, Kwame Nkrumah asehwe akyi no, wɔn a wɔtaa Ɔmampanyin a wɔatu no afi n’ahendwa so no akyi no kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔmmɛsane nkɔyɛ adwuma wɔ ne din mu, nanso wampene. Adanse a ɛkyerɛ bere a ɔtraa Berlin no wɔ Bundesarchiv, Berlin Lichterfelde, SAPMO-BArch, DY 30, IV A 2/ 9.09/ 125. Ɔsan kɔɔ ne kane sukuu mu wɔ afe apem ahenkron aduosia - nsia mu, na awieɛ koraa no ɔbɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Panyin Boafo firi afe apem ahenkron aduoson baako kɔsi afe apem ahenkron aduoson nnan mu. Wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe mmienu mu no ,wɔpaa no sɛ Ada Ntoaso Sukuu no panyin, dibea a ɔdiiɛ kɔsii afe apem ahenkron aduokron. Wɔyɛɛ no ​​Nwomasua sohwɛfo maa Dangme Apuei MantamGhana Nwomasua Dwumadibea (GES) wɔ afe apem ahenkron aduokron mu. Wɔ afe apem ahenkron aduokron - baako mu no, ɔbɛyɛɛ Ntoaso Nwomasua sohwɛfo wɔ GES adwumayɛbea ti wɔ mu. Mfeɛ nnan akyi no, na ɔyɛ Adwumayɛfoɔ ne Nteteeɛ sohwɛfoɔ wɔ GES adwumayɛbea ti. Wɔ afe apem ahenkron aduokron - nsia mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana Nwomasua Dwumadibea no Ɔkwankyerɛfo Panyin Abadiakyiri na afei ɔbɛyɛɛ Ɔkwankyerɛfo Panyin a ɔyɛ adwuma firi mfeɛ mpem mmienu ne baako no mu.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Tettey-Enyo yɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam Ɔkyerɛwfo maa Dangme Apuei Mansini no wɔ afe apem ahenkron aduokron mu. [4] ɔdii kan gyinaa mmarahyɛbadwa no akyi wɔ Ghana mmarahyɛbadwa abatoɔ mu wɔ Ɔpɛnimaa bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu wɔ National Democratic Congress din mu, na ɔkɔɔ mmarahyɛbadwa no mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu no, Ɔmampanyin John Atta Mills paa Tettey-Enyo sɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nwomasua so wɔ n’aban mu.[5] Tettey-Enyo bere sɛ ɔsomfo no baa awiei wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- baako mu wɔ nsakraeɛ a Ɔmanpanyin John Evans Atta Mills yɛɛ wɔ aban mpanyimfo kuo mu no akyi. [6]

Abusua[sesa]

Tettey-Enyo aware a ɔwɔ mma nnum.[2]

Nneɛma a wɔde gye wɔn ani[sesa]

Nneɛma a Tettey-Enyo ani gye ho ne akenkan, stamp a wɔboaboa ano, asuguare ne akyinnyegye.[2]