Akara

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akara(About this soundpronounciation of "Akara" ) (Hausa: kosai, Portuguese: Acaraje (Sɛ nea portugal fo frɛ no: [akaɾaˈʒɛ] (tie)) yɛ aduane a wɔ de adua a ani yɛ tumtum na ɛyɛ. Aduane yi ka Abibirem Atɔeɛ, Caribbean, ne Brazilfo aduane ho. Wɔ ammamereɛ mu no aduane yi wɔ Brazil atifi apueɛ kuro a wɔ frɛ no Bahia, nkankan ne kuro a wɔ frɛ noSalvador. Acarajé yɛ aduane a wɔ de ma abosom wɔ Candomblé ɔsom na wɔ san tɔn wɔ kwan nkyen. Wɔn a wɔ yɛ nkoasom mu a wɔ firi Abibirem atɔeɛ na wɔ de aduane no baeɛ, aduane no gu ahoro, sɛ wɔ kɔ Nigeria, Ghana, Togo, Benin, Mali, Gambia ne Sierra Leone.[1]

Sɛ wɔ yɛ Akara a, wɔ yi adua ho na wayam ɛne mako ne neɛma bi a ɛke ka ho na wɔ de wɔn nsa aboro ama no etu na wa tete no nkete nkete agu angwa mu akye .

Brazilfo Acarajé no, wɔ de nkyene ne gyeene nua adua no na wa potɔ na wa te te ama no ayɛ sɛ scone tebea na wakye wɔ dendê a egu kyense mu wɔ wɔn a wɔ tɔ no anim. Sɛ wɔ bɛdi a wɔ twa mu mienu na wɔ de vatapá ne <i id="mwKw">caruru</i> – aduane a wɔ de monkɔ, atia a ya yam, ngwo kɔkɔɔ ne nea ɛke ka ho. Wɔn a wonni enam deɛ no, wɔ de di meko a ɛsheshe ne ntosu. Wɔ betumi ayɛ Acarajé nso wɔ ɔkwan foforo so, ɛno wɔn kye na emom wɔ nua a yɛ frɛ no abara.

Biaeɛ a edin no fi ne ne nsesayɛ[sesa]

Àkàrà yɛ Yoruba kasa a ɛkyerɛ paanoo anaa nea yɛ to", anaa aduane no ankasa. Brazilian kasa "acarajé" firi Yoruba kasa a wa ka abom "àkàrà" (paano) ne "onje" (aduane), anaa "àkará" (aduane a ɛyɛ kurukuruwa) ne "je" (sɛ worebedidi). Márcio de Jagun ka sɛ edin no firi Yoruba àkàrà n'jẹ, anaa "bra na bedi àkàrà"; kasa a wɔn a wɔ tɔn acarajé wɔ kwan ho de frɛ wɔn a wɔ bɛ tɔ.

Abakɔsem[sesa]

Acarajé

Akara di dwuma titirew wɔ Yoruba ammanmerɛ mu, efi sɛ wɔ yɛ abere a onipa edi aboro mfie aduosɔn anaa edi aduosɔn ansa na wawu. Wɔ taa kye no beberee na wa kyekyɛ ama wɔn a wɔ te bɛn nea wawu no . Wɔ yɛ Akara nso wɔ aberɛ a akofoɔ adi nkunim wɔ ako mu. Mmaa, nkankan wɔn a wɔ kɔɔ ako no yerenum kye Akara na wa kyekyɛ ama kurom hɔ foɔ.

Akara (edin a wɔn a wɔ wɔ Anaafoɔ Atɔeɛ wɔ Nigeria frɛ aduane no) nam wɔn a wɔ wɔ nkoasom mu a na wɔ firi abibirem atɔeɛ so na ɛkɔɔ Brazil. Yorubafo na ɛfrɛ aduane no Akara ne ɔmanfoɔ a wɔ wɔ Sierra Leone, Hausafoɔ a ɛwɔ Nigeria frɛ no kosai anaa "koose" wɔ Ghana na ɛyɛ aduane a agye din a wɔdi no anɔpa, wɔde di hausa koko anaa mɔre koko. Wɔ taa de Akara di paano , ogi anaa eko aburo aduane bi wɔ Nigeria.

Wɔ Sierra Leone, wɔ de ɛmoo sam, kwadu a yayam, baking powder, ne esikyire na ɛyɛ akara. Wɔ ka saa neɛma yi nyinaa bɔm na wɔde ato angwa mu akye te sɛ nea wɔ kye bofrot. Wɔ bɔ no sɛ bɔɔlo .Wɔ yɛ Akara wɔ abere a wɔreto abofra din, ayefro, eyi anaa berɛ a wɔregye wɔn ani. Emfa ho ne dwumadie no kɛseɛ a ɛyɛ, Sierra Leon foɔ nfa akara enni agoro.

Wɔ Brazil[sesa]

Baiana a ɔtɔn acarajé wɔ kwan ho wɔ Salvador, Brazil.

Acarajé a wɔ tɔn wɔ kwanho wɔ Brazil no, wɔ de nantwi nam, odwan nam , monkɔ a awo, preko nam, fufu osun forɔeɛ ne kube na ɛyɛ. Ennɛ ɛwɔ Bahia, Brazil, adetɔn foɔ a wɔ tɔn acarajé no yɛ mmaa, wɔn a wɔ tɔn hyɛ ataade fitaa na wɔ de duku abɔ wɔn ti. Wɔn a wɔ tɔn acarajé dii kan baa Bahia wɔ 19th century mu. Mfaso a na wo ya firi acarajé tɔn mu no na wɔde tɔ fa ho die firi abusua a na wɔ wɔ nkoasom mu kɔsi sɛ wɔ twa nkoasom wɔ Brazil wɔ afe1888; wɔ de mfasoɔ no bi nso hwɛɛ fie. Kurow no wɔ nnipa ahanum a wɔ tɔn acarajé. Maame yi mfonin a wɔ frɛ no baianas, taa ba mfonin dwumadi mu wɔ Bahia. Wɔ tɔn Acarajé wɔ nkuro ahoro a ɛbɛn Sergipe, ne edwa a ɛwɔ Rio de Janeiro.

Wɔ Candomblé[sesa]

Acarajé yɛ aduane a ɛho hia wɔ Afro-Brazilian ammamerɛ som mu te sɛ Candomblé. Acarajé a edikan wɔ Candomblé amaneɛ no wɔ de ma orixá Exu. Ne kese no gyina aforebɔ ko a wɔabɔ ama bosom no ne bosom ko a wɔabɔ ama no: wɔ bɔ acarajé kese no ma Xangô; wɔ bɔ nketewa no ma Iansa. Wɔ bɔ acarajé a esusua ma Erês, anaa mmofra sumsum. Wɔ de Acarajé yɛ Candomblé amaneɛ wɔ Bahia, Rio de Janeiro, Pernambuco, Alagoas, Sergipe, ne Maranhao. Aduane yi ne acaçá sɛ, aduane a wɔ de yɛ amaneɛ a wɔ de aburo hono ayɛ.

Acarajé de azeite-doce[sesa]

Acarajé de azeite-doce yɛ acarajé bi a wɔ kye wɔ angwa bi a ɛnyɛ ngwo kɔkɔɔ mu.Wɔ taa de olive angwa anaa atɔsodeɛ angwa na ɛkye. Wɔ de Acarajé de azeite-doce yɛ Candomblé afɔreyɛ ma orixás sɛ amanmerɛ no nkyerɛ sɛ womfa ngwo kɔkɔɔ nyɛ a. Saa aduane yi wɔ Bahia ne Rio de Janeiro.

Acarajé de Xangô (Sango)[sesa]

Acarajé de Xangô (Àkàrà tí Ṣangó) yɛ acarajé bi a wɔ de ma orixá Xangô, a yɛ frɛ no òriṣà Ṣangó wɔ Yoruba ammanmere mu.Wɔ de nneɛma a wɔ de yɛ Acaraje na ɛyɛ nanso wɔ ma no tu paa. Wo bɛhunu saa aduane yi wɔ amaneɛ amalá a wɔ de ma Xangô. Wo bɛhunu aduane yi wɔ Bahia ne Rio de Janeiro.

Dibea a wa bɔ ho ban[sesa]

National Institute of Historic and Artistic Heritage di kan de Acaraje ka federal immaterial asset (patrimônio nacional imaterial) wɔ afe 2004 mu; Baianas dibea wɔ acarajé yɛ ne ne tɔn nhyehyɛ yɛ mu a wɔ de ato hɔ.

Wɔ ammanmerɛ a agye din mu[sesa]

Wɔ yi Akara (Acarajé) wɔ Netflix TV series, Aduane a wɔ tɔn wɔ mmɔnten so deɛ ɛtɔ so mmienu, a ne fapim gyena Latin Amerika Aduane a wɔ tɔn wɔ mmɔnten so.

Hwɛ eyi nso[sesa]

 

  • Nigeria aduane ahoro
  • Acaçá
  • Tempura - Aduane a wɔ kye wɔ Japan
  • Vada (aduane) – Aduane a wɔ kye wɔ India
  • Falafel – Aduane a wakye wɔ angwa beberee mu a ɛyɛ nkuruwa nkuruwa a yɛ de chickpeas anaa fava adua a woyam ayɛ.
  • Abibirem nduane a wa ke ka abom – Wikipedia list article
  • Brazil nduane a wa ke ka abom – Wikipedia list article
  • Nduane a yɛ de legume yɛ a wa ke ka abom dishes – Wikipedia list article

Bea a manyaa mmoa firiiɛ[sesa]

 https://tw.wikipedia.org/wiki/Special:ContentTranslation?page=Akara&from=en&to=tw&targettitle=Akara#:~:text=view%20page,Ghanaian%20cuisine

External links[sesa]

~~~~@Aseda1991

  1. https://www.thespruceeats.com/brazilian-black-eyed-pea-shrimp-fritters-3028859