Ahmed Ibrahim

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Ahmed Ibrahim
Mprenpren
Bere
7 January 2009
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Member of the Ghana Parliament
for Banda Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere6 May 1974 (1974-05-06) (age 49)
Banda Ahenkro
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MmaOne
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaChief Executive Officer
CommitteesSpecial Budget Committee; Communications Committee; Local Government and Rural Development Committee; Business Committee

Ahmed IbrahimGhana amannyɔni a na ɔka mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔ so num ne nson no mu ɛwɔ ɔman Ghana mu, na ɔgyina hɔ ma Banda abatoɔ mpesua no a ɛwɔ Bono mantam no mu, ɔnam kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress so na ɛkɔɔ mmarahyɛbadwam hɔ.[1][2][3]

Abrabɔ ahyeaseɛ[sesa]

wɔwoo Ibrahim kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so nsia (6) wɔ afe 1974 mu, wɔ Banda Ahenkro a ɛwɔ Bono mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu. Ibrahim kɔgyee n'adesua nteteeɛ wɔ Ghana suapɔn University of Ghana ɛhɔ na ɔnyaa n'abɔdin krataa wɔ amannyɔsɛm mu ne Philosophy adesua mu wɔ afe 2001.[4]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Flamingo Publications (Ghana) Limited adwumayɛfoɔ panyin[5]

Amannyɔsɛm[sesa]

Ibrahim hyɛɛ n’amannyɔsɛm adwuma ase wɔ afe 2009 mu bere a wɔkaa sɛ ɔno na ɔdii nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow mu maa ne mansin no. Afei wɔyii no sɛ ɔmmɛyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so num (5) wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so nson (7) wɔ afe 2009 mu.

Bere a ɔwiee n’ahennie a ɛdi kan no, Ibrahim sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛsi akan bio wɔ afe 2013 mu na ɔdii Joe Danquah so nkonim de kuraa n’akonnwa no mu. Wɔ afe 2015 mu no, ɔsii akan na bio na ɔdii nkonim wɔ NDC mmarahyɛ badwa primaries mu maa Banda mansini a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ɔdii nkonim wɔ saa mmarahyɛ badwa atenaeɛ yi mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu, ɔnyaa mma no mu 6,167 a na ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 52.03% tiaa nea ɔne no reko no abatoɔ a ɔno nso nyaa 5,660 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 47.76%.[6][7]

Abadwakua ahodoɔ[sesa]

Ibrahim ka abadwakuo a wɔhwɛ sikasɛm so ntotoeɛ so; Nkitahodi abadwakuo no mu ni; ɔyɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso abadwakuo no mu ni; ne Adwumayɛ abadwakuo no mu ni.[8]

Abrabɔ[sesa]

Ibrahim yɛ kristoni a waware, ɔwɔ ba baako.[9]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Minority fumes over bill to put COCOBOD under Agric Ministry; says it is needless - The Chronicle Online, 2021-01-14, archived from the original on 2021-01-14, retrieved 2023-10-01
  2. Banda MP donates 12,000 blocks to four churches - The Chronicle Online, 2021-01-31, archived from the original on 2021-01-31, retrieved 2023-10-01
  3. E-levy not on Parliament's business statement for this week - Ahmed Ibrahim - MyJoyOnline.com (in American English), 2022-01-25, retrieved 2023-10-01
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  6. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  7. Peace FM (2014-12-17), Parliament - Banda Constituency Election 2016 Results, retrieved 2023-10-01
  8. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  9. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01