African Business Hero

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

African Business Heroes yɛ akansie a Abibiremfoɔ nko ara na ɛsi de kyerɛ wɔn nimdeɛ ne suahunu a ama wɔn ankasa tumi yɛ wɔn adwuma. Ɛyɛ akansie a Jack Ma hyɛɛ aseɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nson mu berɛ a Ɔdii kan sraa Abibirem asaseyantam no(African Continent ). Deɛ ɛkanyan no koraa yɛ ahokeka ne anisoadehunu a mmabunu a ɔhyiaa wɔn no daa no adi kyerɛɛ no no. Ɛmaa no nyaa ɔpɛ pa sɛ Ɔbɛboa asɔ nnipa Ɔha a wɔyɛ wɔn ankasa adwuma asene wɔ mfeɛ du ɛdi yɛanim yi.[1] African Business Heroes yɛ Ɛkuo bi a ɛnyɛ adwuma mpɛ mfasoɔbiara. Jack Ma tee sɛ ɔdereboa abibimamfoɔ wɔn ankasa yɛ wɔn adwuma. Wɔn botaeɛ ne St wɔbɛyi Adom akyɛdeɛ a nnipa bi a wɔwɔ Abibiman mu wɔ na Savia ama no atumpɔn de aboa wɔn mpɔtam ne deɛ ɛboro saa. Asane akanyan Abibiremfoɔ a wɔoɛ sɛ wɔyɛ wɔn ankasa adwuma.[2]

Wɔn Botaeɛ[sesa]

African Business Heroes boataeɛ ne sɛ Ɔbɛhyɛ Abibimanfoɔ a wɔyɛ wɔn ankasa adwuma mu kena berɛ a, ɔhwehwɛ, ka nsɛm,wɔrekyerɛkyrɛ na wɔrebɔ nnipa Ɔha wɔfiri Abibiman mu abasoɔ wɔ sika fam de aboa wɔn nnwuma wɔ mfeɛ du ɛdi yɛanim yi.

Wɔn anidasoadehunu[sesa]

Wɔn anisoadehunu ne sɛ ɛrekɔ si mfeɛ mpem mmienu ne aduasa mu no, Na nnipa Ɔha a wɔyɛ Akunini wɔ African Business Heroes mu no akanyan afoforɔ bɛboro Ɔpepe ne akyire.[2]

Abakwasɛm[sesa]

Ɛwɔ Obubuo bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nkron mu no, na wɔdaa African Business Heroes akansie no adi wɔ Nkran a ɛwɔ Ghana berɛ a na wɔahunu nnwuma kuo soronko du akunini a wɔde nnoɔma pa ne nsesaeɛ ɛreba wɔn mpɔtam. Deɛ ɔtee saa adwuma yi mu biara nyaa Ɔpɔpɔ Ɔha wɔ Ghana sika mu($1Million ) sɛ mmoaa, maa wɔmmu biara kaa wɔasɛm kyerɛɛ Abibaman ne ɛwiase. Bio saa nnipa yi nyaa nkyerɛkyerɛ firii nnipa bi hɔ, faa nteteɛ mu Sane nyaa ayɔnkofa akwanya.

Bio, Jack Ma pagyaa mmoa no a ɔde ma no mu berɛ a ɔhunuu wɔn dwumadie no maa mmoa no nyinaa Ku sii Ghana sika ɔpepepee ɔha ($100 million). Mmoa yi bɛkɔ so mfeɛ du aboa Abibimamfoɔ.[2]

Deɛ ɔde kuo no baeɛ ho asɛm[sesa]

Jack Ma yɛ Chianani a ɛyɛ ɔno ankasa adwuma. Ɔsane yɛ obi a ɔhwehwɛ nnipa nkɔsoɔ berɛ a ɔde mmoa ma nnipa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma pa. Jack ma kɔfabaeɛ ma adwuma kuo 'Alibaba Gruop', ɔno ara ne Otitenani ma adwuma kuo no.

Ne Mmɔfra ase ne ne Sukuu kɔ[sesa]

Wɔwoo Jack Ma wɔ Ahinime bosome da ɛtɔ so du afe apem ahenkron-aduosia nan mu (September 10,1964) wɔ ɔman Chiana.

Jack Ma kɔɔ sukuu wɔ 'Hangzhou Teachers College' ɛna 'Hangzhou Normal University '. Ɔwieɛ sukuu no afe apem ahenkron aduowɔtwe -nwɔtwen nyaa abɔdin krataA wɔ 'Bachelor of Arts English '.

Jack Ma wɔ mma mmiɛnsa ɛna ne yere ne Zhang Ying. TNA amanyɔkuo 'Communist Party of China' ho.

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu no, Jack Ma nyaa abasobɔdeɛ sɛ Ɔka borɔfo kasa mu ' Top 10 Economic Personalities of the year' wɔ ' China Central Television '.

Ɛwɔ Ahinime bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num mu no, 'World Economic Forum ' yii Ma sɛ ɔno ne borɔfo kasa mu ' Young Global Leader '[3]

Akansifoɔ[sesa]

Wɔn a wɔsi akan no nyinaa yɛ Abibirem ha foɔ a wɔfiri aman bɛyɛ aduonum-nan (54 countries ) so. Ɔman bi te sɛ Ghana, South Africa, Kenya,Nigeria, Egypt ne deɛ ɛkeka ho a, wɔn ankasa yɛ wɔn adwuma anaa abue wɔn adwumaa wɔtumi fa afoforɔ adwuma mu. Saa nnipa yi na wɔba akansie yi bɛkyerɛ wɔn Adom akyɛdeɛ ne nnoɔma a watumi de ayɛ.

Nkunimdifoɔ[sesa]

[4]Nnipa pii no ara na wɔkɔ akansie yi nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtumi di nkunim. Nnipa mmiɛnsa a wɔdii kan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-baako no ne Deɛ ɔdii kan ne Khadija Mohammed ɔfiri Egypt man mu a wate adwuma kuo Praxil . Ɔnyaa abasobɔdeɛ Ghana sika ɔpepepee Ahasa (300,000 Million ).

Deɛ ɛtɔ mmienu ne Ikenna Nzewi a ɔno nso firii Nigeria man mu wate adwuma kuo Releaf. Ɔno nso nyaa Ghana sika ɔpepepee Ahanu ne ɔha nkyɛmu fa (250,000 million ).

Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Navalago Osemboa ɔka wɔn a wɔtee adwuma kuo ' End Athletic . Ɔno nso firi Kenya. Ɔnyaa Ghana sika ɔpepepee ɔha ne ɔha nkyɛmu fa.

He nnipa nson a wɔ ka ho ma wɔyɛ nnipa du. Ɛbinom firii ɔman Uganda ne deɛ ɛkeka ho . Atɛmmuafoɔ no ho dwirii wɔn wɔ nnipa a wɔtumi bɛduruu akansie no awieɛ ne wɔn nnwuma kuo a wɔatete no ho.

Mfasoɔ a ɛwɔ African Business Heroes ho[sesa]

[5]Deɛ ɛdi kan, Ɛma Akansifoɔ no nya akwanya ne mpanimfoɔ awakwadare wɔ adwuma no mu di nhyiamu ma wɔtu wɔn fo. Kyerɛkyerɛ wɔn fa adwuma no ho.

Deɛ ɛdi hɔ bio, Ɛma nnipa du a wɔbɛduru akansie no awieɛ no nyaa sika mmoa a ɛfifi Ɔpepepee baako ne fa(1.5million )de kɔ si Ɔpepepee Ahasa de boa wɔn adwuma.

Ɛma wiase nyinaa hunu wɔn nnoɔma pa a wɔreyɛ berɛ a African Business Heroes yi wɔn kyerɛ wɔ kasamfonyin so, Kowaa nkrataa mu ne Kasafidie so.

Bio, Ɛma wɔsane nya nnipa a wɔbɔkyerɛkyerɛ wɔ de wɔn afa nteteɛ mu ama wɔatumi agyina wɔn nnwuma.

Afei, Ɛma ayɔnkofa bɛda akansifoɔ ne atɛmmuafoɔ no Nyame.

Beaeɛ a me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.alizila.com/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://africabusinessheroes.org/en/
  3. https://www.wikipedia.org/
  4. https://www.zawya.com/en/press-release/2021-africas-business-heroes-winners-announced-re1p92kb
  5. opportunitiesforafricans.com/the-jack-ma-foundation-africa-business-heroes-competition-2021/