Afari, Ghana

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Afari yɛ kuro bi a ɛda Kumase ne Nkawie ntam a ɛwɔ Atwima Nwabiagya mansini a ɛwɔ Ghana Asante mantam.[1] Saa kuro yi yɛ beaɛ a wɔbɛsi Kumase Asraafoɔ Ayaresabea.[2] Ɛyɛ kuro bi a ɛwɔ mfasodeɛ wɔ Atwima Nwabiagya mansini ɛna seesei ɛno na ɛyɛ kuro a atumpɔn wɔ mansini hɔ. Ɛka nkuro a akyɛ wɔ Asante Mantam. Adwuma titire a nnipa a ɛwɔ Afari yɛ ne kuadwuma ne ahina yɛ. Wɔn tee sɛ adehyeɛ a ɛwɔ kuro hɔ yɛ Oheneba Acheampong Kwasi a na ɔyɛ Oti Akenten babarima, kwaman hene a ɔdikan asefoɔ, ɛne Kumase ansa na Kumase rebɛka Asante ahennie ho. Wɔtee sɛ saa adehyeɛ yi abusuafoɔ no tu firii Abrenyase, ɛnkane "Yaa Asantewaa Girls senior High School" wɔ Tanoso ɛna wɔkɔ tenaa Afari. Kuro no nnyaa odikuro biara mmaa no nnii wɔn so bɛyɛ mfeɛ aduonu a atwam yi berɛ a ɔheneba Acheampong Kwasi akonnwa no tɔeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu a ɔgyae kuro no saa a wamfa obiara anto kuro no ano, ɛnam saa nti aha kuro no mpuntuo a ɛno na ɛmaa kuro no yɛɛ kuro a atumpɔn ntɛm paa wɔ mantam no mu. Ɛwɔ sɛ obiara yɛ ahwɛyie sɛ wɔrebɛtɔ asaase a ɛnam sɛ wɔnni ɔdikuro biara ɔwɔ ho kwan sɛ ɔtɔn nsaase ma nnipa biara. Ɛnam sɛ wɔnni odikuro nti akuafoɔ afa saa akwanya no so tɔn wɔn nsaase ma nkorɔfoɔ bi a ɛnsɛ sɛ wɔtɔn ma wɔn a ɛde ntawantawa bɛba sɛ wɔde odikuro si kuro no so a. Nnipa a aɛqɔ Afari no pɛ nnipa asɛm yie sane nso yɛ adwumadenfoɔ. Ɛnam y ahɔhoɔ si dan wɔ hɔ na ebi tena hɔ nti, ɛwɔ sɛ nnipa yɛ ahwɛyie wɔ krɔno ho ne nnoɔma nketenkete a wɔwia ho. Sɛ wɔsi Asraafoɔ Ayaresabea no wie a, Afari bɛba abɛka nkuro a ɛwɔ nnipa tena hɔ esiane sɛ wode firi hɔ rekɔ Kumase nwa biara a wobɛtumi de sima aduasa akɔ hɔ.Sɛ kaa bɔ dɔmpe wɔ kwan mu a ɛbɛtumi aha mmerɛ no.

Beaɛ a menya mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Kate Baaba Hudson, Donald Ato Dapatem. "Work on Kumasi Military Hospital 90% complete and 44 buildings at Sewua ready". graphic.com.gh. Graphic Communications Group. Retrieved 6 June 2017.
  2. Hospital, Military. "Work On Kumasi Military Hospital Progresses". ghana.gov.gh. Government of Ghana. Retrieved 6 June 2017.