Adu Ababio II

Ɛfi Wikipedia

Nana Adu Ababio II a wanya ne baabi korɔ a na ɔyɛ, Ankobeahene a ɔfi Amanokrom, a edin a na dodoɔ no ara de frɛ no ne Eric Kwaku Kwarte Quartey. Na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Amanokrom, nkuro a ɛwɔ Akuapem Nkoko so wɔ Ghana Apuei Fam Mantam mu, Afrika Atɔe fam no mu baako.[1]

Asetena mu nsɛm:[sesa]

Wɔwoo Nana Adu Ababio II wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmiensa wɔ afe 1931[2] maa owura Clement Asare Quartey a ɔfire Mampong Akuapim (Akuapem) ne Comfort Akosua Manko Asare a ɔfiri Amanokrom nyinaa a wɔanya wɔn baabi korɔ sɛ Eric Kwaku Kwarte Quartey. Ná ɔyɛ awofoɔ yi mma dummiensa13 no mu deɛ ɔdi kan.

Mfitiaseɛ adesua[sesa]

Nana nyaa ne mfitiaseɛ adesua wɔ Methodist Mmarimaa Sukuu a ɛwɔ Adabraka ne Kimbu Methodist Mmarimaa Sukuu a ɛwɔ Accra. Ɔtoaa so wɔ Odorgonor Ntoasoɔ Sukuu mu na ɔwiee wɔ afe 1953 mu.[3]

N’adwumayɛ[sesa]

ɔfiri n’adwuma ase wɔ U.A.C., Kingsway sotɔɔ ahodoɔ mu wɔ afe 1954 mu wɔ Head Office. Esiane adwumaden ne ne kateeyɛ nti, ɔfiri baa dwumadibea foforo ase anaasɛ wɔsomaa no sɛ ɔmfa nhyehyɛe mmra nea ɛreyɛ ahwe aseɛ no mu. Esiane saa adansedie nkrataa yi nti, ɔbɛyɛɛ Adetɔn sohwɛfoɔ na wɔde no kɔɔ Kingsway Sotɔɔ baa dwumadibea ahodoɔ a ɛwɔ Cape Coast, Tema, Burma Camp, Kotobabi ne Kaneshie, kɔsii afe 1976 mu bere a G.T.M.C. (Ghana Textiles Manufacturing Company) wɔ Tema, bio sɛ Adetɔn sohwɛfoɔ. Akyiri yi ɔne Ghana Merchant Company, Adukrom Battery Factory, yɛɛ adwuma Kɔsii sɛ ɔsii gyinae sɛ ɔbɛtena ne kurom Amanokrom.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

ɔhyiaa ne yere a ne ho yɛ fɛ, Gladys Akwaakoa Adu wɔ afe 1955 mu wɔ Odwira afahyɛ no mu. Wɔwaree wɔ Presbyterian Asɔre a ɛwɔ Amanokrom mu wɔ afe 1958 mu na ɔbɛyɛɛ Awuraa Gladys Quartey. Wɔhyiraa wɔn mma 5, mmarimaa 4 ne abaayewa baako. Na wɔwɔ awareɛ asetena a nhyira wom ne fie a nhyira wom. Nana wɔ ne mmerantebrɛm mu no na ɔyɛ bɔɔlbɔfoɔ a n’ani gye ho na ɔne ne kuo no bɔɔm dii nkonim wɔ abotiri kuruwa mu wɔ afe 1953 mu wɔ Amanokrom.


Nana yɛ Methodistni a wɔwoo no na ɔyɛ nnwontofoɔ kuo wɔ Ernest Bruce Methodist Asɔre a ɛwɔ Accra no mu na wanmpa ne Kwasiada Methodist nnwom wɔ fie da, berɛ a ɔpaa asɔre som no. Asanase Oyoko Abusuakuo a wɔfiri Amanokrom na wɔyii no na ɔbɛyɛɛ Ankobeahene a ɔwɔ Gyasi Amammerɛ Mpɔtam wɔ Kutawonsa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nsia (26th July) wɔ afe1997. Na ɔyɛ Asuketewaa Mma Fekuo a ɛwɔ Accra no muni a ne ho yɛ den, wɔ ne berɛ so.

Awieeɛ koraa no, Nana ne ne yere Gladys bɛtenaa Amanokrom wɔ afe 1999 mu sɛ ɔrebɛyɛ n’adwuma sɛ Ankobeahene. Sɛ́ Ankobeahene no, na ɔyɛ Gyasehene no fotufoɔ titire na enti, ɔtenaa akyire berɛ nyinaa sɛ ɔbɛyɛ saa adwuma yi. Wɔ Amanokrom no, ɔsan nso faa adwuma a ɛne sɛ ɔbɛhyehyɛ ɔmanfo adwumayɛfoɔ na ɔtuu kuro no mufoɔ fo wɔ dwumadie ahodoɔ ho, titire mmusua a wɔn werɛ ahoɔ. Ɔyɛɛ n’adwuma yie paa na nnipa pii ani sɔɔ no.

Ná ɔyɛ ɔfotufo ma nnipa pii a wɔba ne nkyɛn bɛhwehwɛ afotuo nso. Esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma Asanase Oyoko Abusua no nti, osii gyinae sɛ ɔbɛto abansoro dan baako sɛ wɔn ahemfie ama abusua no mu mpanyimfoɔ a wɔbɛba daakye. Na ɛyɛ awerɛhoɔ sɛ wantumi anwie saa adwuma a ɛyɛ animuonyam yi, ɛfiri sɛ ɔyaree na ɔsoaa yareɛ atirimɔdensɛm no, ɛyɛ akokoɔduro ne gyidie a ɛwɔ n’abɔdeɛ mu na ɛmaa ɔtenaa hɔ kɔsii oforisuo bosome no da a ɛtɔ so aduasa (30th April), wɔ afe 2007 berɛ a awieeɛ koraa no ɔgyaee.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Kwadwo Kwarte (2008-03-15), Nana Adu Ababio II, retrieved 2023-11-25
  2. peoplepill.com, Adu Ababio II.: Ghanaian politician (1931 - 2007) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in German), retrieved 2023-11-25
  3. UNU WIDER : Kwabena Adu-Ababio (in English), retrieved 2023-11-25