Jump to content

Adenia cissampeliodes

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adenia cissampeloides
taxon
short nameA. cissampeloides Sesa
taxon nameAdenia cissampeloides Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonAdenia Sesa
basionymModecca cissampeloides Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa

Adenia cissampeloides (Hamakyem) yɛ nhwiren bi a ɛwɔ (passionflower) abusua no mu, Ɛyɛ nnua a ɛwɔ Afrika atɔe fam.[1]

Nkyerɛkyerɛmu[sesa]

Adenia cissampeloides yɛ dua a ne tenten betumi adu mita 25.[2] Ntini no yɛ ahabammono a emu yɛ nwini na wotumi hu nsensanee wɔ so. Nhabamma no ano yɛ fɛfɛɛfɛ, na ɛyɛ nketenkete, a ɛwɔ cordate (a ɛte sɛ koma) kosi truncate (square). Aba no yɛ nnuaba nketenkete a aba baako kosi abiɛsa na ɛwɔ nhwiren no mu[1]

Nkyekyɛmu Ne Baabi A Ɛwɔ[sesa]

Mprempren wohu Adenia cissampeloides wɔ abɔde mu wɔ kwae a osu tɔ na owia bɔ kɛse wom, atɛkyɛ, ne sare so wɔ Afrika.[2] Wodii kan kaa ho asɛm wɔ afe 1849 mu sɛ Modecca cissampeloides. Wɔ afe 1897 mu no, wɔde too Adenia abusua no mu.[3]

Sɛnea Wɔde Di dwuma[sesa]

Ɛwɔ nnipa dwumadi ahorow pii, efi aduruyɛ so kosi adidi so. Wɔne nnua afoforo pii na wɔde di dwuma wɔ Ghana wɔ atetesɛm mu nnuro mu sɛ atiridii ho aduru.Wobetumi anoa nhaban no na wɔadi sɛ nhabannuru.[4]

Beaɛ A Menyaa Mmoa Fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 player_list
  2. 2.0 2.1 Frank N.I. Morah, "Tetraphyllin B from Adenia cissampeloides", Phytochemistry, vol. 27, no. 9, pp. 2985–2986, retrieved 2024-07-02
  3. Adenia cissampeloides | International Plant Names Index, retrieved 2024-07-02
  4. Jessi Williamson, Jessi Williamson, Percy James Greenway, Useful plants of Nyasaland. Edited by P.J. Greenway, Zomba, Nyasaland: Printed and published by the Govt. Printer, retrieved 2024-07-02{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)