Adams Ebenezer Mahama

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Adams Ebenezer Mahama yɛ Ghana ɔmanyɔni na na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Mion mantam a ɛwɔ Ghana Atifi fam mantam mu . Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Mahama yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbadwani maa Mion mantam a ɛwɔ Atifi fam mantam mu wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu. Ahmed Alhassan Yakubu na odii n'ade wɔ afe 2004 Ghana Amansan abatow mu .

Wɔpaw Mahama sɛ mmrahyɛbagua muni maa Mion mantam no wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow no mu .[1] Wɔpaw no wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 18 no fa wɔ nkongua 23 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Atifi Fam Mantam no mu. National Democratic Congress dii nkonim kakraa bi a ne nyinaa yɛ mmrahyɛbagua nkongua 92 wɔ nkongua 200 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔde abatow 6,125 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 20,706 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 31.8% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Alabira Ibrahim a ofi Convention People’s Party, Iddisah K. Jacob a ofi People’s National Convention, Prince A. Baako a ofi New Patriotic Party, Emmanuel B. Lag a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho ne Stephen O. Yacham a ofi Ɔman Nsakrae Kuw no mu. [2] Eyinom nyaa abatow 5,578, 3,055, 2,964, 969 ne 559 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 29.0%, 15.9%, 15.4%, 5.0ne 2.9% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[2]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 16.
  2. 2.0 2.1 2.2 Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 41.