Abena Amoah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Abena Amoah
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationSikakorabea Sesa
employerAfrican Women's Development Fund, Ghana Stock Exchange Sesa
educated atUniversity of Ghana, University of Ghana Business School, St Roses Senior High (Akwatia) Sesa

Abena Amoah yɛ obaa a ɔwɔ Ghana a ɔdi sikakorabea anim ne sika afutuo anim. Wɔ Ayɛwohummumɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no, wɔyii no sɛ ɔtenetenefoɔ abɛdiakyire ma Ghana Stock Exchange. Wɔ saa diberɛ no mu no Ms. Amoah asɛdeɛ ne sɛ ɔbɛhwɛ ama Exchange no dwumadie biara bɛkɔ tɔɔtee na wasane aboa ɔtenetenefoɔ wɔ adwuma no nhyehyɛeɛ ne kwan a wɔbɛfa ama no atumpɔn. Wɔ ne yie no mu no,na Abena ne chief Executive officer ma Baobab afotufoɔ, sikasɛm afotufoɔ adwumakuo bi a ɔde baeɛ. [1]Amoah asom wɔ Wapic Insurance Limited (Ghana), Access Bank Limited (Ghana) ne African Women's Development Fund. [2]Ɔgyee Newmont Gold Ghana abasobɔdeɛ wɔ National Youth Excellence abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu. Ɛna wɔbɔɔ ne din sɛ ɔno na ɔda nso mmaa ɔha mu a wɔyɛ nnwuma pii wɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia.[3]

Nnwomasua[sesa]

Abena Amoah wiee ne bakyila degree wɔ University of Ghana Business sukuu a ɔnyaa first class wɔ Administration mu. Ɔkɔɔ me ntoasoɔ sukuu wɔ St Roses sukuu wɔ ɔnimuonyamfoɔ Sister Solamen Ott ne Simon Zeta nsam a ɛwɔ German Dominican Nuns a ɛwɔ Akwatia, apueɛ mantam Ghana.[4]

Nnwuma[sesa]

Amoah yɛɛ sɛ ɔbɛsi Baobab afotufoɔ aberɛ a ɔyɛɛ adwuma sɛ obi a ɔda Investment banking ne Sikasɛm nkyekyɛmu wɔ Renaissance ahenkuro a ɛwɔ Ghana mfeɛ bi a atwam no. [5] W'asom sɛ ɔtenetenefoɔ wɔ dwumakuo pii mu a ebi ne Ghana Stock Exchange, Ghana Venture Capital trust Fund, Pioneer Aluminium, Newworld Renaissance ahobanbɔ, Strategic African securities ne Ghana Securities Industry Association. [6]Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so du num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no, wɔyii no sɛ ɔtenetenefoɔ abɛdiakyire ma Ghana Stock Exchange.

Nea wanya[sesa]

  • Ɔsomm sɛ ɔtenetenefoɔ maa Ghana Stock Exchange.[7]
  • Ɔsomm wɔ African Women's Development Fund dɔm ano sɛ ɔtenetenefoɔ ne kasamafoa sikasɛm kuo no.
  • Na ɔyɛ aban wɔ Millennium Excellence abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num.[8]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]