Abass Inussah

Ɛfi Wikipedia
Abass Inussah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAbass Sesa
date of birth7 Ɔsanaa 1982 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationassociation football player Sesa
position played on team / specialitydefender Sesa
sportassociation football Sesa

Abass InussahGaana bɔɔlbɔni. Wɔwoo no wɔ Gaana wɔ afe apem aha nkron aduonnwɔtwe mmienu no bosome ɛne Ɔsanaa da ɛtɔ so nson mu (7 August 1982). Kasa a ɔka ne borɔfo.[1][2]

N'adwuma[sesa]

Ɛfiri 2017-2018 Mmerɛ no mu dwumadie a ɔdiiɛ no na ɛdidi soɔ yi.Wadi mfeɛ aduannan baako seesei (41).[3] Ɔde ne ho hyɛɛ Bangladesh Bɔɔlbɔ akansie Apam no mu.Na Ɔyɛ Defɛnda sɛnta-back (center-back defender).[3]

Muktijoddha SKC[4] na ɛyɛ bɔɔlbɔ kuo a etwa toɔ a Ɔsii akan maa wɔn. Ɛfiri Kitawonsa da a ɛdi kan wɔ afe mpem mmienu ne du nnwɔtwe (July 1, 2018) no, ɔnni bɔɔlobɔ kuo biara mu. Ne tenten bɛyɛ 1,84m. Ɔdii Ghana mmubuafoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ano (Ghana Under 20).

Ɔdii kan dii agoru Kitawonsa da ɛtɔ so nnan wɔ afe mpem mmienu ne baako (Kitawonsa 4, 2001) wɔ Emmanuel Kwesi Afranie akwankyerɛ ase berɛ a na wadi mfeɛ du nnwɔtwe(18) ne abosome du (10) ne nnafua aduonu nson (27). Ɔsii akan baako na ɔhyɛɛ baako.

Ne bɔɔlbɔ abakɔsɛm[sesa]

  • 2003/2004/ Ɔpɛnimma 1, 2004, ɔgyaa King Faisal kɔkaa SV Mattersburg ho wɔ Austria.
  • 2004/2005 Ɔpɛnimma 1, 2004 ɔfirii SV Mattersburg kɔɔ Spitis Supersport Utd wɔ South Africa.
  • 2006/2007/ Kitawonsa 1, 2006 firi Supersports Utd kɔ Silver Stars a seesei wɔfrɛ no Cape Umaya united FC South Africa.[5]
  • 2008/2009/Jul 1, 2008 Plantinum Stars.
  • Wɔansi akan amma bɔɔlobɔ kuo biara firi sa mmerɛ no kɔsii afe mpem mmienu ne du nnwɔtwe (2018) no a na ɔwɔ ɛkuo a ɛne Muktijoddha wɔ Bangladesh no.[6]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Abass Inusah profile
  2. Player Profile - Abass Inusah, retrieved 2023-12-04
  3. 3.0 3.1 Abass Inusah - Titles & achievements (in English), retrieved 2024-01-29
  4. Muktijoddha Sangsad KS - Transfers 18/19 (in English), retrieved 2024-01-29
  5. https://www.transfermarkt.com/cape-umoya-united-fc/transfers/verein/13831/saison_id/2006
  6. https://footystats.org/players/ghana/abass-inusah