Yvonne Vera

Ɛfi Wikipedia
Yvonne Vera
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipZimbabwe Sesa
given nameYvonne Sesa
family nameVera Sesa
date of birth19 Ɛbɔ 1964 Sesa
place of birthBulawayo Sesa
date of death7 Oforisuo 2005 Sesa
place of deathToronto Sesa
manner of deathnatural causes Sesa
cause of deathmeningitis, death from AIDS-related complications Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationwriter, novelist Sesa
educated atYork University, Mzilikazi High School Sesa
medical conditionHIV/AIDS Sesa
archives atClara Thomas Archives and Special Collections Sesa
award receivedQ10402215, Kurt Tucholsky Prize Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yvonne Vera ( Ɛbɔ19, 1964 – Oforisuo7, 2005) yɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔfiri Zimbabwe.[1]Ne nwoma ɔdii kan de baeɛ no yɛ nsɛnsɛm nkumaa nkumaa bi a ɔkeka bɔɔ mu, Why Don't You Carve Other Animals (1992), efiri hɔ na ɔde abasɛm num baeɛ: Nehanda (1993), Without a Name (1994), Under the Tongue (1996), Butterfly Burning (1998), ne The Stone Virgins (2002). N’abasɛm wɔnin sɛ ɛyɛ anwonsɛm abasɛm a ɛkasa fa asɛm a emu yɛ den ne wɔn maa wɔn su yɛ denna atimtim wɔ Zimbabwe nsɔm a ɛyɛ den a atwam no ho. Enam saa nti wasuadeɛ akc akyiri ama wɔn a wɔresua Abibirem nwoma a atwan no ani asɔ.[2]

ABRABƆ[sesa]

Wɔwoo awuraa Vera wɔ Bulawayo, a ɛwɔ Rhodesia anaafoɔ fa mu, n’awofoɔ ne Jerry Vera ne Ericah Gwetai.[3]Ɔnyaa mfeɛ nnwɔtwe no na ɔyɛ asaawadwuma wɔ beaeɛ bi ɛbɛn Hartley.[4] ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Mzilikazi, afei ɔkɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛni a na ɔkyerɛ English literature wɔ Njube ntoasoɔ sukuu mu , ne nyinaa wɔ Bulawayo. Afe 1987 mu, ɔtu kɔtenaa Kanada maa no waree owura John Jose, a ɔyɛ Kanadani kyerɛkyerɛni a ɔhyia no berɛ a na ɔkyerɛ adeɛ wɔ Njube. Afe 1980s mu, wɔhwehwɛɛ Vera mu hunuu sɛ wanya HIV yareɛ babasowerɛmfoɔ no bi nanso wanka ankyerɛ obiara berɛ na ɔte ase no.[5]ɔwiee ne degree, master’s ne PHD nyinaa wɔ new York Suapɔn ne Toronto, ɛna ɔkyerɛɛ kasadwini.[6]

N'awaregyae[sesa]

Afe 1995 mu, Vera ne ne kunu no ntam teteeɛ maa no sane kɔɔ ne nkye wɔ Zimbabwe. Ɔbɛyɛɛ ɔpanin a ɔda National Gallery of Zimbabwe ano wɔ afe 1997 mu wɔ Bulawayo, nhwehwɛbea a ɛyi adom akyɛdeɛ firi nnwomtoɔ so kɔsi skuu mmɔfra so. Ɔgyae ne dwumadie sɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin too hɔ Kɔtɔnimaa bosome afe 2003 mu ɛnam aban no sika ɔde boa asoeɛ no ɔtwe saneeɛ na afei ahɔhoɔ a wɔba hc no so teeɛ.[7] Wɔ afe 2004, Vera ne Jose sane kɔɔ Kanada bio kɔpɛɛ ayaresa.[8]Oforisuo 7,2005 mu na AIDS yareɛ no kuu no.

Abasobɔ[sesa]

1994: Commonwealth abibiman atwerɛfoɔ abasobɔ ne Zimbabwe's Literary Award, for Without a Name [citation needed]

•2002: Macmillan abasobɔ ma abibiman atwerɛfoɔ ma The Stone Virgins.[6]

• 2003: National Arts Merit abasobɔ ma atwerɛ adwuma a edi mu.

Nnwuma[sesa]

Berɛ ɔwɔ suapɔn mu no, Vera de abasɛm kɔmaa Toronto nsɛmma nwoma maa deɛ ɔde bɛto dwa no bisaa bebree, enti ɔtenaa ase twerɛeɛ.[6] Wɔpaa ne nwoma Why Don't You Carve Other Animals ho ntoma wɔ afe 1992 mu. Ɛfiri hɔ na nwoma num nkae no nso bae:

• Nehanda (Baobab Books, 1993), shortlisted for Commonwealth Writers' Prize.[4]

• Without a Name (Baobab Books, 1994), awarded Commonwealth Writers' Prize for Africa[6] and Zimbabwe Publishers' Literary Award.[4]

• Under the Tongue (Baobab Books, 1996).[9]

• Butterfly Burning (1998), awarded a German literary prize, LiBeraturpreis, in 2002

• The Stone Virgins (2002), awarded Macmillan Writers' Prize for Africa; extracted in New Daughters of Africa, edited by Margaret Busby, 2023

Ansana na ɔrebɛwu no na Vera reyɛ abasɛm nwoma Obedience ho adwuma a ɛno deɛ wampa ho ntoma. Ne nnwuma nkae no deɛ wɔapa ho ntoma wɔ Zimbabwe, Kanada ne Aman ahodoɔ pii akyerɛ aseɛ akɔ Spanish, Italian ne Swedish.

Ɛda baako biara na Vera de mu dɔnhwere du dwene atwerɛ ho mpo sɛ ɛba sɛ ɔnnwene atwerɛ ho anaa ɔntwerɛɛ biribi damu no nyinaa a na ɛyɛ no sɛ ɔreyɛ akɔnkyene. Na n’adwuma yɛ anigyeɛ ne akɔnɔ. Ɔfaa atifi asɛm bi te sɛ mmonnaatoɔ, abusuawadeɛ ne ɔbarima ne ɔbaa pɛpɛɛpɛyɛ wɔ Zimbabwe ansana Ɔman no ko nyaa ne faahodie wɔ tumi ne den yɛ mu. Ɔkaa sɛ: " m’ani bɛgye sɛ ɔbɛkae me sɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔnsuro asɛmfua biara na ɛwɔ ɔdɔ ma ne man." Afe 2004 wɔbɔɔ n’abaso sɛ Swedish PEN Tucholsky akyɛdeɛ "mpɛmpii no na ne nnwoma kasa fa akyewadeɛ ho".

Vera sane hyehyɛɛ Abibiman mmaa atwerɛfoɔ nwoma a wɔakabom. Ebi ne Opening Spaces: an Anthology of Contemporary African Women's Writing (Heinemann African Writers Series, 1999).

BAABI A MENYAA MMOA[sesa]

  1. Yvonne Vera | Books | The Guardian, retrieved 2023-05-27
  2. African literature - Oral Tradition & Ethiopian Amharic | Britannica (in English), retrieved 2023-05-27
  3. Zim author Yvonne Vera dies (in American English), retrieved 2023-05-27
  4. 4.0 4.1 4.2 Yvonne Vera (1996), Under the tongue, Internet Archive, Harare : Baobab Books, ISBN 978-0-908311-93-4, retrieved 2023-05-27
  5. Vera, Yvonne - York University Libraries Clara Thomas Archives & Special Collections, retrieved 2023-05-27
  6. 6.0 6.1 6.2 "The Guardian", Wikipedia (in English), 2023-05-16, retrieved 2023-05-27
  7. Yvonne Vera, Zimbabwean author (in English), retrieved 2023-05-27
  8. Ranka Primorac (2005-09), "Obituary: Yvonne Vera (1964-2005)", The Journal of Commonwealth Literature (in English), vol. 40, no. 3, pp. 149–152, doi:10.1177/0021989405056981, ISSN 0021-9894, retrieved 2023-05-27 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  9. Yvonne Vera (1999), Under the Tongue (Reprinted ed.), Harare: Baobab Books [u.a.], ISBN 978-0-908311-93-4, retrieved 2023-05-27