Yussif Issaka Jajah

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Hon
Yussif Issaka Jajah
Member of the Ghana Parliament
for Ayawaso North
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Yussif Issaka Jajah

14 September 1966 (1966-09-14) (age 57)
Bole
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
CommitteesFinance Committee, Roads and Transport Committee

Yussif Issaka JajahGhana amanyɔni ne Ghana mmarahyɛdwa a ɛtɔ so nson wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni a ɔgyina Ayawaso Atifi abatoɔ mpɛsoa no ananmu wɔ Greater Accra Region wɔ National Democratic Congress tekiti so. [1][2][3][4]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo no Ahinime da a ɛtɔ so Aduonu -baako, afe Apem Ahankron ne Aduɔson-nkron (1979). Ɔfiri Bole a ɛwɔ Savannah mantam no mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne MBA wɔ International Oil and Gas Management mu wɔ University of Dundee a ɛwɔ Scotland, UK aburokyiman mu, mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-baako (2011) mu. Ɔsan nso nyaa ne BSc wɔ Akontaabuo mu wɔ UPSA wɔ afe 2009 mu. Ɔsan nso wiee sukuu wɔ Institute of Chartered Accountants a ɛwɔ Ghana. [5]

Adwumayɛ[sesa]

Na ɔyɛ Nhwehwɛmufoɔ wɔ Inter- Ministerial Coordinating Committee on DecentralizationAccra firi mfe Mpem Mmienu ne Du-mmeɛnsa (2013) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016). Ɔsan nso yɛ fangoo ne mframagyaa ho Ɔfotufoɔ firi Mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-baako (2011) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmienu (2012) ne MDPI ne Goodwill International.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC no mu ni.[7]mmarahyɛbadwani ma Ayawaso-Atifi abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Nkran punpuni mantam mu no wɔ Ghana.[8][9][10]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Yussif yɛ Nkramoni. Ɔwaree na ɔwɔ mma mmienu.

Ɔfotufoɔ[sesa]

Onimuonyamfoɔ Yussif yɛ ɔfotufoɔ a, ɔtaa tu ne nkrɔfoɔ, titiriw, mmabunu fo berɛ nyinaa. Ɔde afutuo kɔ maa Nima ne Mamobifoɔ , titiriw mmeranteɛ ne mmabaa no sɛ wɔntena ase na wɔmfa animia ne nsiyɛ honhom mmɔ wɔn bra. Yei sii wɔ nsɛm a ɛkɔɔ so wɔ etutotoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Nima ne Mamobifoɔ ntam wɔ Yawada anwummerɛ bi no akyi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. Ɛhɔ ara na ɔnyini, kɔɔ sukuu ne wɔn Boom dii agorɔ baako. Nti sɛ wabɛyɛ mmarahyɛbadwani a, bibiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ obiara gyina ɔno nko ara ne ho so. Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, wɔhia wɔn ho wɔn ho.


Onimuonyamfoɔ Yussif tuu fo sɛ mmabunu no nyinaa ngyina nea ɛbɛfiri mu aba wɔ asɛm a ɛsii wɔ Nima ne Mamobi ntam wɔ Yawda no so na wɔnfa ntu wɔn ho fo. Berɛ a ɔde n’afotuo a ɛyɛ anigyeɛ maa Nima nkorɔfoɔ no, ɔsan kaa sɛ ɛyɛ no ya yie ankasa wɔ ne mu sɛ adeɛ a ɛte saa aba na ne nyinaa mu no, wɔ mmeranteɛ ne mmabaa asetena mu. Na ɔbɛhwɛ ama asomdwoeɛ aba wɔn ntam.

Onimuonyamfoɔ Yussif de n'abrabɔ mu nsɛm ahodɔ wɔ berɛ a ɔrenyini wɔ mpɔtam a asomdwoeɛ nni mu te sɛ Nima mu no ho yɛɛ mfatoho maa mmabunu no. “Sɛ onyinii wɔ Nima na wabɛyɛ mmarahyɛbadwani a, dɛn nti na wɔrentumi nyɛ baako,” na ɛnonom ne ne nsɛm a abubu wɔn akoma ankasa.[11]

Akyire yi ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, ɛnsɛ sɛ nkɔmmɔbɔ ahodoɔ a ɛkɔ so wɔ wɔn ntam no kɔ wie atirimɔdensɛm. Wɔbetumi abɔ wɔn nkɔmmɔ a ɛnyɛ aniberesɛm a wɔde ɔdɔ ne nnamfofa su bɛka nanso ɛnsɛ sɛ ɛkɔsi baabi a ɛbɛgye obi nkwa afiri ne nsam ɛsiane sɛ wɔanyɛ wɔn asedeɛ nti.

Saa berɛ no nyinaa, Polisifoɔ Ɔmanfo Nsɛm sohwɛfo Panin, ACP Kwesi Ofori, a ɔkasa kyerɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo wɔ polisifo adwumayɛbea ti no ɔka sɛ wɔnkad sɛ ɛnam nsɛm yi so, sɛ, nnipa mmienu wɔ polisifoɔ nsam wɔ dwuma a wɔkyerɛ sɛ wodiiɛ wɔ atuo a wɔtotoweɛ wɔ Nima no mu no. Ɛsɛ sɛ obiara bɔ ne ho ban firi nsɛm bi a ɛtete saa ho.[12]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 3 October 2023
  2. View source for Yussif Issaka Jajah - Wikipedia (in English), retrieved 3 October 2023
  3. Residents of Nima demand an apology over “flushing toilet” comments- Ayawaso North MP to Atta Akyea (in British English), 28 February 2019, archived from the original on 8 May 2023, retrieved 3 October 2023
  4. "Stop abusive utterances" - North Ayawaso PC Yussif Jajah (in English), retrieved 3 October 2023
  5. "Yussif Issaka Jajah", Wikipedia (in English), 1 February 2023, retrieved 3 October 2023
  6. "Yussif Issaka Jajah", Wikipedia (in English), 1 February 2023, retrieved 3 October 2023
  7. Kojo Akoto Boateng (24 November 2015), #NDCDecides: Matters arising (in American English), retrieved 3 October 2023
  8. NDC Primaries: Ayawaso North’s Yussif Jajah riding high on youth (in English), 21 July 2019, retrieved 3 October 2023
  9. Archives (in American English), 26 March 2020, retrieved 3 October 2023
  10. Member of Parliament for Ayawaso North, Yussif Issaka Jajah (in American English), 15 May 2019, retrieved 3 October 2023
  11. Andy Oppong Dankyi (19 January 2022), YUSSIF JAJAH – “IF WE GREW UP TOGETHER, YOU SHOULD BECOME A BETTER PERSON LIKE ME.” (in English), retrieved 6 October 2023
  12. Andy Oppong Dankyi (19 January 2022), YUSSIF JAJAH – “IF WE GREW UP TOGETHER, YOU SHOULD BECOME A BETTER PERSON LIKE ME.” (in English), retrieved 6 October 2023