Yekaterinburg

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Yekaterinburg

Yekaterinburg (Екатеринбург)[1] yε kuro kεseε a ɛwɔ Russia. Emu nipa dodoɔ yɛ ɔpepepem baako, ahaasa aduanan nkron ne ahawɔtwe (1,349,800). Ɔtee Yekaterinburg wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so du-nnwɔtwe wɔ afe apem aha-nson aduonu mmiɛnsa mu (1723) ɛna ɔde too Russian emperor Peter the Great yere, deɛ ne wuo akyi no ɔbɛyɛɛ Catherine I, Yekaterina yɛ ne Russian din.[2] Na Kuro no yɛ beaɛ a ɛde sika berɛ Russian Empire paa yie na ɛsan nso ka Europe ne Asia bɔ mu

Nnipa dodoɔ[sesa]

Sɛdeɛ afe mpem mmienu ne du (2010) mu nnipa ne adan akenkan dwumadie no kyerɛ no, nnipa dodoɔ a wɔtete Yekaterinburg kuro no mu no yɛ ɔpepepem baako, ahaasa aduanan nkron ne ahanson aduoson mmienu (1,349,772);[3] a akɔ soro kakra afiri ɔpepepem baako, ahaanu aduokron mmiensa ne ahanum aduasa nson (1,293,537) a yɛnyaa no wɔ afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu nnipa ne adan akenkan dwumadie no mu no.[4]

Saa mmerɛ a wɔyɛɛ afe mpem mmienu ne du (2010) nnipa ne adan akenkan dwumadie no,na mmusuakuo ahodoɔ a wɔtete kuro no mu no dodoɔ yɛ ɔpepepem baako, ahaanu aduanan mmienu ne ahankron aduasa mmienu (1,242,932) a saa mmusuakuo yi ne:

Ethnicity Population Percentage
Russians 1,106,688 89.0%
Tatars 46,232 3.7%
Ukrainians 12,815 1.0%
Bashkirs 11,922 1.0%
Mari 6,481 0.5%
Azerbaijanis 6,381 0.5%
Tajiks 5,868 0.5%
Armenians 5,271 0.4%
Jews 4,339 0.3%
Uzbeks 4,072 0.3%
Others 32,863 2.6%

Ɔsom ahodoɔ[sesa]

This photo by Sergey Prokudin-Gorsky from 1910 shows the tallest building in the Urals at the time, the Great Zlatoust bell tower

Kristosom ne ɔsom a agye nhini wɔ kuro no mu yie pa ara, a ɛmu nnipa no mu pii no ara kɔ Russian Orthodox asɔre no bi. Wɔwɔ Yekaterinburg ɛne Verkhotursky diocese a ne nyinaa wɔ Holy Trinity Cathedral a ɛwɔ kuro no mu. Ɔsom ahodoɔ nkae a ɛwɔ kuro Yekaterinburg mu no bi nso ne Islam, Old Believers, Catholicism, Protestantism, ɛne Judaism.

Yekaterinburg kuro no wɔ Nkramofoɔ pii a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a wɔdɔɔ so beberee, nanso kuro no nni nkramodan ahodoɔ a nkramofoɔ yi bɛtumi akɔ mu akɔfrɛ nyame: kuro no mu nyinaa nkramo dan nkumaa ahodoɔ mmienu pɛ na ɛwɔ mu. wɔsii nkramo dan foforɔ wɔ kuro baako a yɛfrɛ no Verkhnyaya Pyshma a ɛbɛn Yekaterinburg. Wɔ Ahinimie bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe mpem mmienu ne nson mu no (24 November 2007), wɔtoo ɛboɔ a ɛdi kan koraa a wɔde hyɛɛ nkramodan kɛseɛ bi sie ase a ɛwɔ minarets ahodoɔ nan, a ɛtumi fa nnipa a wɔn dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanum (2,500) wɔ hyiadan no mu.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Yekaterinburg na ɛyɛ baabi Sverdlovsk Oblast aban mu dwumadie kɛseɛ no ara kɔ so.[6] Sɛ ɛba no amanmuo mu a kuro no wɔ rural localities ahodoɔ aduonu nkron ka ho a wɔde dwuma, a ne nyinaa wɔ kuro Yekaterinburg no mu,[7] a saa nkyekyɛmu yi mu biara gyina ne ho so sɛ districts.[6]Sɛ yɛfa no sɛ municipal division nso a , kuro Yekaterinburg sane nso wɔ deɛ yɛfrɛ no sɛ Yekaterinburg Urban Okrug.[8]

Administrative districts[sesa]

Administrative districts of Yekaterinburg[9]
Label OKATO Name Area Population (2017)[10] Founded Head Website Dialing code(s) Subdivisions
1 65 401 364Nhwɛsoɔ:Dead link Verkh-Isetsky 240 square kilometres (93 sq mi) 213,020 1919 Nyrkov Sergey Fedorovich .cm +7 3432, +7 3433 8
2 65 401 368Nhwɛsoɔ:Dead link Zheleznodorozhnyy 126.3 square kilometres (48.8 sq mi) 161,670 1938 Kurochkin Andrey Viktorovich .cm +7 343 8
3 65 401 385 Ordzhonikidzevsky 102 square kilometres (39 sq mi) 284,510 1934 Trapeznikov Vyacheslav Anatolyevich .cm +7 3433 6
4 65 401 373Nhwɛsoɔ:Dead link Kirovsky 72 square kilometres (28 sq mi) 225,691 1943 Loshakov Alexander Yurievich .cm +7 343 7
5 65 401 380Nhwɛsoɔ:Dead link Oktyabrsky 157 square kilometres (61 sq mi) 146,670 1934 Rudometov Roman Alexandrovich .cm +7 3432 11
6 65 401 390Nhwɛsoɔ:Dead link Chkalovsky 402 square kilometres (155 sq mi) 265,113 1943 Misharin Vyacheslav Nikolayevich .cm +7 3432 10
7 65 401 377Nhwɛsoɔ:Dead link Leninsky 25 square kilometres (9.7 sq mi) 158,840 1934 Dmitry Nozhenko .cm +7 343 3

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Clive_Upton
  2. https://www.citypopulation.de/en/russia/cities/ural/
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2013-03-16. Retrieved 2022-02-25.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Russian_Federal_State_Statistics_Service
  5. https://web.archive.org/web/20121010150812/http://upn.ru/index.aspx?page=news&categoryId=0&year=2007&month=11&day=0&id=7857&AspxAutoDetectCookieSupport=1
  6. 6.0 6.1 Law #30-OZ
  7. http://base.consultant.ru/cons/cgi/online.cgi?req=doc;base=LAW;n=107426
  8. Law #85-OZ
  9. http://docs.cntd.ru/document/895280236
  10. The population of the Russian Federation for municipalities as of 1 January 2017 (31 July 2017)